Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | MMOFRA NTETEE

Sɛ Me Ba Ani Nka a, Dɛn Na Mɛyɛ De Aboa No?

Sɛ Me Ba Ani Nka a, Dɛn Na Mɛyɛ De Aboa No?

 Wo ba aka fie; onni hwee yɛ. Nea ɔka ne sɛ, “Efie nyɛ dɛ. M’ani nka!” Ansa na wobɛsɔ TV anaa wabɛka akyerɛ no sɛ ɔmmɔ video game a ɔpɛ no, dwen nneɛma kakra yi ho hwɛ.

Mmofra a wɔn ani nka—nea awofo bi ahu

  •   Bere dodow a mmofra de gye wɔn ani ne nneɛma a wɔde gye wɔn ani betumi asɛe asɛm no. Papa bi a yɛfrɛ no Robert kaa sɛ: “Mmofra bi wɔ hɔ a, TV ne video game ma wɔn ani ka kyɛn nneɛma a yɛyɛ no wɔ abrabɔ mu da biara no. Nneɛma a yɛyɛ no da biara wɔ abrabɔ no deɛ, ɛmma wɔn ani nnye.”

     Ne yere Barbara ne no yɛ adwene. Ɔno nso kaa sɛ: “Abrabɔ mu deɛ, ehia sɛ yedwen nneɛma bebree ho na yɛbɔ yɛn ho mmɔden, na mpɛn pii no, nea yenya fi mu no ba nkakrankakra. Mmofra a wɔde bere pii hwɛ TV anaa wɔde bɔ video game no, nea ɛkɔ so wɔ abrabɔ mu no mma wɔn ani nka.”

  •   Sɛ mmofra de bere pii kɔ sohyial media so a, ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔn ani nnye. Sɛ wɔhwɛ nea wɔn nnamfo de agu sohyial media so a, ɛma wɔn adwene yɛ wɔn sɛ anigye biara nni wɔn abrabɔ mu. Abaayewa bi a yɛfrɛ Beth kaa sɛ, “Nea ɛbɛba wo tirim a ne sɛ, ‘Obiara regye n’ani, ɛnna mete fie.’”

     Afei nso, sɛ wode bere pii tena sohyial media so a, wubewie no, wubehu sɛ woannya hwee amfi mu, na ɛremma w’ani nka nso. Aberante bi a yɛfrɛ no Chris kaa sɛ, ɛbɛma woanya biribi ayɛ nanso sɛ wuwie a, biribiara nni hɔ a wode bɛkyerɛ sɛ woayɛ adwuma.

  •   Sɛ w’ani nka a, ebetumi ayɛ akwannya ama wo. Maame bi a yɛfrɛ no Katherine ka sɛ, sɛ mmofra ani nka a etumi ma wɔde wɔn adwene yɛyɛ nneɛma bi a mfaso wɔ so. Ɔkaa biribi sɛ: “Abofra no betumi afa adaka de ayɛ biribi a ɔde nneɛma begu mu de aka asɛm daakye; obetumi de ayɛ kar; obetumi de ayɛ subonto; obetumi de ayɛ wimhyɛn nso. Obetumi de kuntu akata nkongua so te sɛ nea wasi ntamadan.”

     Wei nti, adwene ho nimdefo bi a yɛfrɛ no Sherry Turkle ka sɛ, sɛ w’ani nka a na ɛkyerɛ sɛ “w’adwene na ɛrefrɛfrɛ wo sɛ fa no yɛ adwuma.” a Kae sɛ, abrabɔ mu deɛ, nea ɛbɛyɛ biara bere bi bɛba a, wobɛte nka sɛ w’ani nka. Ɛba saa a, mma no nnhaw wo. Nhoma bi a yɛato din Disconnected ka sɛ: “Sɛnea obi mema nnade so ɛma ne mpɔ mu yɛ den no, saa ara na sɛ w’ani nka a wubetumi de w’adwene ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so.”

 Nea yɛreka akosi: Sɛ wo mma wɔ hɔ na sɛ wɔn ani nka a, ɛnyɛ asɛm biara, mmom bu no sɛ akwannya a wode bɛboa wɔn ama wɔde wɔn adwene ayɛ nneɛma a mfaso wɔ so.

Wo mma ani nka a, nea wubetumi ayɛ

  •   Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ma wo mma no nkodi agorɔ wɔ abɔnten. Barbara a yɛadi kan aka n’asɛm ka sɛ: “Sɛ obi ani nka na sɛ ɔkɔfa awia mu ma mframa pa bi bɔ fa ne ho a, wobɛhwɛ na anigye bi aba ne mu. Sɛ yɛn mma no te si abɔnten kodi agorɔ a, wotumi de wɔn adwene yɛ nneɛma a mfaso wɔ so paa!”

     Bible mu afotusɛm: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ, . . . ɔserew nso wɔ ne bere ɛnna ahuruhuruw nso wɔ ne bere.”—Ɔsɛnkafo 3:1, 4, ase hɔ asɛm.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nneɛma bɛn saa na metumi ama me mma apue akɔ abɔnten akɔyɛ no mpɛn pii? Sɛ wɔrentumi mpue nkodi agorɔ wɔ abɔnten a, nneɛma bɛn saa na wobetumi adwen ho ayɛ wɔ fie ama mfaso aba so?

  •   Boa wo mma ma wonnwen afoforo ho. Maame bi a yɛfrɛ no Lillian ka sɛ: “Kɔdɔ w’adamfo panyin bi nsensan ma no; prapra nwura atete agu ne fie; noa biribi ma no na kɔ ne fie kokyia no. Woyɛ nneɛma ma afoforo a, ɛma w’ani gye.”

     Bible mu afotusɛm: “Onipa a ne yam ye no, ebesi no yiye, Obiara a ɔma nkurɔfo ho dwo wɔn no, ɔno nso, wɔbɛma ne ho adwo no.”—Mmebusɛm 11:25.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Wobɛyɛ dɛn aboa wo mma ama wɔayɛ nneɛma ama nkurɔfo ama wo mma no ani agye?

  •   Yɛ nhwɛso ma wɔn. Nneɛma a woyɛ no daa no, sɛnea woka ho asɛm no, ɛno na ɛbɛkyerɛ sɛ wo mma bɛyɛ bi anaa wɔrenyɛ bi. Maame bi a yɛfrɛ no Sarah ka sɛ: “Sɛ yɛkeka nsɛm bi de kyerɛ sɛ anigye biara nni yɛn abrabɔ mu a, na yɛrekyerɛ yɛn mma sɛ abrabɔ nyɛ anika. Nanso sɛ yɛn anom asɛm kyerɛ sɛ yɛn ani ka yɛn ho a, ɛboa ma yɛn mma nso ani ka wɔn ho. ”

     Bible mu afotusɛm: “Nea ɔwɔ anigye koma de, daa ɔwɔ apontow mu.”—Mmebusɛm 15:15.

     Biribi a ɛsɛ sɛ wususuw ho: Nneɛma a meyɛ no da biara no, sɛn na meka ho asɛm ma me mma te? Sɛ m’ani nka a, dɛn na meyɛ no wɔ ho ma me mma hu?

 Nyansahyɛ: Boa wo mma wɔnkyerɛ nneɛma bi a wobetumi ayɛ. Maame bi yɛfrɛ Allison ka sɛ: “Yɛwɔ adaka bi wɔ fie a obiara tumi kyerɛw nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ kɔto mu.”

a Efi nhoma a wɔato din Reclaiming Conversation mu.