Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Mateo 6:34—“Munnnwinnwen Ɔkyena Ho”

Mateo 6:34—“Munnnwinnwen Ɔkyena Ho”

 “Ɛnsɛ sɛ mudwinnwen ɔkyena ho da, efisɛ ɔkyena ankasa benya ne dadwen. Ɛda biara wɔ n’ankasa haw a ɛdɔɔso ma no.”—Mateo 6:34, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho. Da biara mu bɔne dɔɔso ma ɛda no.”—Mateo 6:34, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Mateo 6:34 Kyerɛ

 Yesu na ɔkaa saa asɛm no. Ɔmaa nnipa a na wɔretie no no awerɛhyem sɛ, ɛho nhia sɛ ɔhaw a ɛbɛba daakye no, wodwinnwen ho pii de haw wɔn ho. Mmom, nea ɛbɛboa wɔn ne sɛ wɔbɛfa asetena mu haw no mmaako mmaako na wɔadi ho dwuma.

 Ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yedwen ɔkyena ho anaa ɛnsɛ sɛ yɛtoto nneɛma ma daakye. (Mmebusɛm 21:5) Mmom, na ɔreboa yɛn ama yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen nea ebia ebesi ɔkyena no ho pii. Adwinnwen a ɛte saa betumi asɛe yɛn anigye, na ɛremma yentumi nyɛ nneɛma a ehia sɛ yɛyɛ no. Sɛ yedwinnwen daakye haw ho nnɛ mpo a, yɛrentumi nyɛ ho hwee. Nneɛma a yɛde haw yɛn ho no, mpɛn pii no, ɛntaa nsi, na sɛ esi mpo a, ɛnyɛ hu sɛnea na yɛn adwene yɛ yɛn no.

Mateo 6:34 Ho Nsɛm

 Yesu kaa saa asɛm no wɔ ne Bepɔw So Asɛnka a agye din no mu. Nsɛm a ɔkaa wɔ ne Bepɔw So Asɛnka no mu no, ɛwɔ Mateo ti 5 kosi ti 7. Yesu kaa wɔ n’asɛnka no mu sɛ, adwinnwen ntraso rentumi mma yɛn ani nnye wɔ asetena mu, na ɛrentumi mma yennyin nkyɛ nso. (Mateo 6:27) Ɔsan kaa sɛ, sɛ yɛde Onyankopɔn di kan wɔ biribiara a yɛyɛ mu a, ɛnsɛ sɛ yedwinnwen ɔkyena ho de haw yɛn ho dodo. Onyankopɔn hwɛ nnua ne mmoa, enti sɛnea ɛte biara ɔbɛhwɛ wɔn a wɔsom no no.—Mateo 6:25, 26, 28-33.

Kenkan Mateo ti 6, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu, kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho, ne mfoni a ɛka ho.