Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Romafo 15:13—‘Anidaso Nyankopɔn No Mfa Anigye Ne Asomdwoe Nhyɛ Mo Ma’

Romafo 15:13—‘Anidaso Nyankopɔn No Mfa Anigye Ne Asomdwoe Nhyɛ Mo Ma’

 “Esiane sɛ mugye Onyankopɔn a ɔma anidaso no di nti, ɔmfa anigye ne asomdwoe bebree nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛfa honhom kronkron ahoɔden so anya anidaso aboro so.”—Romafo 15:13, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Anidaso Nyankopɔn no a mugye no di no mfa anigye ne asomdwoe nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidaso mmoroso.”—Romafo 15:13, Akuapem Twi Nkwa Asɛm.

Nea Romafo 15:13 Kyerɛ

 Ɔsomafo Paul kaa nsɛm a ɛwɔ Romafo 15:13 no de kyerɛɛ sɛ ɔpɛ sɛ Onyankopɔn ma “anigye ne asomdwoe” hyɛ ne nuanom Kristofo mã. Anidaso a Onyankopɔn de ma yɛn, ne honhom kronkron a ɛyɛ adwuma wɔ obi so no na ɛma onya su ahorow mmienu a ɛyɛ fɛ yi.

 Anidaso a Onyankopɔn de ma yɛn no, yehu no wɔ n’Asɛm Bible mu. Romafo 15:4 ka sɛ, “biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ [wɔ Bible mu] no, wɔakyerɛw sɛ ɛnkyerɛkyerɛ yɛn, na yɛnam yɛn animia ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.” Nneɛma bi te sɛ ohia, ntɛnkyea, yare, ne owu a ɛnnɛ ama ayɛ sɛ nea anidaso asa no, Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ obeyi afi hɔ. (Adiyisɛm 21:4) Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bɛma saa bɔhyɛ no nyinaa aba mu, enti yebetumi anya anidaso sɛ daakye papa bi da hɔ retwɛn yɛn.—Romafo 15:12.

 Sɛ yebetumi anya anidaso a Onyankopɔn de ma no ama “aboro so,” anaa yebenya no “mmoroso” a, gye sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Onyankopɔn mu. Bere a yegu so resua ne ho ade no, ɛbɛma yɛn adwene asi yɛn pi paa sɛ nea Onyankopɔn aka biara, ɔkwan biara so ɛbɛbam. (Yesaia 46:10; Tito 1:2) Anidaso a enni huammɔ a Onyankopɔn ma yenya nti, anigye ne asomdwoe tumi hyɛ yɛn ma, bere a yɛwɔ amanehunu mu mpo no.—Romafo 12:12.

 Ade foforo nso a Onyankopɔn nam so ma yenya asomdwoe, anigye, ne anidaso yɛ “honhom kronkron” no. Ɛno ne tumi a ɔde yɛ ade. a Onyankopɔn nam ne honhom kronkron no so ma ne bɔhyɛ ba mu, na ɛno ma yenya anidaso. Afei nso, honhom kronkron no ma nnipa tumi nya suban pa te sɛ anigye ne asomdwoe.—Galatifo 5:22.

Romafo 15:13 Ho Nsɛm

 Romafo nhoma no yɛ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔte Roma. Saa Kristofo no, na wɔn mu bi ase fi Yudafo mu, ɛnna ebinom nso fi aman foforo so. Paul hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ, ɛmfa ho baabi a wofi ne ntetee a obiara nyae no, wɔmmɔ mmɔden nnya adwenkoro na biribi nso na wɔreyɛ a, wɔnyɛ baako.—Romafo 15:6.

 Paul kaee Kristofo a wɔte Roma no sɛ, na Onyankopɔn aka ato hɔ bere tenteenten sɛ nnipa a wofi aman nyinaa mu bɛyɛ baako na wɔasom no. Paul de kyerɛwsɛm nnan a efi Hebri Kyerɛwnsɛm b no mu foaa nea ɔkae no so. (Romafo 15:9-12) Nea na ɔreka akosi ne sɛ: Yudafo ne amanaman mufo nyinaa betumi anya Kristo som adwuma no so mfaso. Akuw mmienu no nyinaa, Onyankopɔn ama wɔn anidaso baako. Enti wɔn a na wɔwɔ Roma asafo no mu nyinaa, na ɛsɛ sɛ ‘wogye wɔn yɔnko tom,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔda ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho, ɛmfa ho baabi a wofi.—Romafo 15:7.

a Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, kenkan asɛm a wɔato din “Dɛn Ne Honhom Kronkron?

b Hebri Kyerɛwnsɛm no, ebinom frɛ no Apam Dedaw.