Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua 8: Siesie Wo Dan Mu na Di Wo Ho Ni

Adesua 8: Siesie Wo Dan Mu na Di Wo Ho Ni

Yehowa ahyehyɛ ne biribiara kama. Wo nso ɛ? Wobɛtumi asuasua Yehowa anaa? Caleb rebɛsua biribi.

Ebia W'Ani Begye Wei Nso Ho

BRA BƐYƐ YEHOWA ADAMFO DWUMADI AHOROW

Boa Caleb Ma Ɔmfa Biribiara Nto Ne Daberɛ!

Twe dwumadi yi anaa prente. Wowie a, boa Caleb ma ɔnhwehwɛ nneɛma nnum a ɛsɛ sɛ ɔde to yie.

BIBLE NKYERƐKYERƐ

Mmofra Dwumadi

Nneɛma a yɛde sua ade a ɛwɔ ha no yɛ anika. Emu nsɛm no gyina Bible so. Fa kyerɛkyerɛ wo mma ma wonnya suban pa.