Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Kasa Horow Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Kasa Horow Ho?

Nea Bible Ka

 Tete Kristofo no binom nyaa tumi, na ɛma wotumi kaa “kasa horow” bere mpo a na wonsuaa kasa a ɛte saa. Ná ɛyɛ anwonwade. (Asomafo Nnwuma 10:46) Sɛ onipa bi reka kasa horow, na sɛ obi nim saa kasa no a, ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛte ase. (Asomafo Nnwuma 2:4-8) Kasa horow a na tete Kristofo no binom tumi ka no, na ɛka honhom kronkron no akyɛde a Onyankopɔn de mae no ho.—(Hebrifo 2:4; 1 Korintofo 12:4, 30)

 Ɛhefa na wofii ase kaa kasa horow, na na ɛyɛ bere bɛn?

 Anwonwade yi dii kan sii wɔ Yerusalem. Yudafo Afahyɛ a wɔfrɛ no Pentekoste a wodii no afe 33 Y.B. no, saa da no anɔpa na wodii kan kaa kasa horow. Ná Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyiam, ɛnna “honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã na wofii ase kaa kasa horow.” (Asomafo Nnwuma 1:15; 2:1-4) Nnipakuw bebree bi a “wofi ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase mu” behyiaam, na “wɔn mu biara tee sɛ wɔreka n’ankasa kasa.”—Asomafo Nnwuma 2:5, 6.

 Adɛn nti na na wɔka kasa horow?

  1.   Ɛmaa obiara hui sɛ Onyankopɔn taa Kristofo akyi. Tete no, Onyankopɔn maa n’asomfo anokwafo binom te sɛ Mose yɛɛ anwonwade. Wei maa obiara hui sɛ na Onyankopɔn taa wɔn akyi. (Exodus 4:1-9, 29-31; Numeri 17:10) Saa ara nso na Onyankopɔn maa tete Kristofo no kaa kasa horow de kyerɛe sɛ, Kristofo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no, ɔtaa akyi. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Kasa horow yɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn a wonnye nni, ɛnyɛ gyidifo.”—1 Korintofo 14:22.

  2.   Ɛboaa Kristofo no ma wotumi kaa asɛmpa no fefeefe. Pentekoste da no, wɔn a wotiee Yesu asuafo no nsɛm kaa sɛ: “Yɛte sɛ wɔde yɛn kasa reka Onyankopɔn nneɛma akɛse no ho asɛm.” (Asomafo Nnwuma 2:11) Enti, ade foforo nti a Onyankopɔn maa Kristofo no kaa kasa horow ne sɛ, na ɛbɛboa wɔn ama ‘wɔadi adanse fefeefe’ na ‘wɔayɛ aman nyinaa asuafo,’ sɛnea Yesu hyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. (Asomafo Nnwuma 10:42; Mateo 28:19) Nnipa bɛyɛ 3,000 huu anwonwade no, na wotiee asɛmpa a Kristofo no kae no, na wɔbɛyɛɛ asuafo saa da no ara.—Asomafo Nnwuma 2:41.

 Kasa horow a na wɔka no, na ɛbɛkɔ so afebɔɔ anaa?

 Dabi. Honhom kronkron no akyɛde a na kasa horow ka ho no, na ebetwam. Bible ka too hɔ sɛ: “Nkɔmhyɛ dom akyɛde de, wobeyi afi hɔ; kasa horow nso, ebegyae.”—1 Korintofo 13:8.

 Bere bɛn na kasa horow a wɔka no baa awiei?

 Mpɛn pii no sɛ Kristoni bi nsa bɛka honhom kronkron akyɛde no bi a, gye sɛ asomafo no wɔ hɔ ansa. Ná asomafo no de wɔn nsa gu wɔn mfɛfo gyidifo so ansa na wɔanya akyɛde no bi. (Asomafo Nnwuma 8:18; 10:44-46) Ɛbɛyɛ sɛ, wɔn a wonyaa honhom kronkron akyɛde no bi fii asomafo no hɔ no amfa amma afoforo. (Asomafo Nnwuma 8:5-7, 14-17) Yɛbɛyɛ mfatoho a, sɛ aban panyin bi ma obi tumi krataa sɛ ɔmfa nka kar a, mmara mma onipa a ɔte saa no kwan sɛ ɔno nso betumi ama nkurɔfo tumi krataa ama wɔde aka kar. Ɛda adi sɛ bere a asomafo no ne wɔn a asomafo no maa wɔn saa akyɛde no nyinaa wuwui no, kasa horow a wɔka no baa awiei.

 Na sɛ obi ka kasa horow nnɛ nso ɛ?

 Ɛda adi sɛ bɛyɛ afeha a edi kan awiei mu hɔ na kasa horow a wɔka no twaam. Ɛnnɛ, obiara nni hɔ a obetumi aka pa ara sɛ ɔde Onyankopɔn tumi na ɛka kasa horow. a

 Dɛn na ɛbɛma yɛahu nokware Kristofo?

 Yesu kaa sɛ nea ɛbɛma obiara ahu wɔn a wɔyɛ n’asuafo ne sɛ n’asuafo beyi wɔn yam adɔ afoforo. (Yohane 13:34, 35) Saa ara nso na ɔsomafo Paulo kaa sɛ, ɔdɔ na ɛbɛma yɛahu nokware Kristofo ɛnnɛ ne daa. (1 Korintofo 13:1, 8) Ɔkyerɛe sɛ Onyankopɔn honhom bɛma Kristofo ada su ahorow bi adi. Saa su ahorow no, sɛ yɛka ne nyinaa bom a, yɛfrɛ no “honhom no aba.” Ɔdɔ na edi kan.—Galatifo 5:22, 23.

a Hwɛ asɛm a ɛne Speaking in TonguesIs It From God? a ɛwɔ borɔfo kasa mu no