Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | YONATAN

“Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”

“Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”

 Ná ɔko no aba awiei. Afei de, na Ela Asasetaw no so ayɛ dinn. Ná owia abɔ, na na mframa rebɔ asogyafo no ntamadan a esisi hɔ no fafafafa. Saa bere no, na Ɔhene Saul ne ne mmarima no bi ahyiam. Saul babarima panyin Yonatan nso, na ɔwɔ hɔ bi. Ná wɔretie aberante guanhwɛfo bi. Ná aberante no reka biribi a wayɛ ho asɛm akyerɛ wɔn. Aberante no, ɔno ne Dawid. Sɛnea na ɔde anigye rekasa no, wutumi hu sɛ ɔyɛ nnam paa. Ná Saul ayɛ dinn retie Dawid, na na ɔmpɛ sɛ asɛm a Dawid reka no baako mpo pa ne ti so. Yonatan nso ɛ? Ná ɔte nka sɛn? Ná wadi ako ama Yehowa mfe pii, na na wadi nkonim mpɛn pii wɔ akodi mu. Nanso nkonimdi a na aba nnɛ no de, ɛnyɛ Yonatan na odii mu akoten. Mmom na ɛyɛ aberante Dawid. Ná Dawid akum ɔbran Goliat! Yemmisa sɛ, ɛyɛɛ Yonatan yaw sɛ nkurɔfo rekamfo Dawid saa?

 Nea Yonatan yɛe no, ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa. Bible ka sɛ: “Ɛbae sɛ ɔne Saul kasa wiei ara pɛ, Yonatan kra fam Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” Yonatan de nneɛma a ɔde kɔ ako no kyɛɛ Dawid; wamfa n’agyan mpo ankame no. Nea ɛte ne sɛ, na Yonatan yɛ obi a onim agyan tow paa, enti sɛ otumi de n’agyan kyɛɛ Dawid a, ɛnde na ɛnyɛ akyɛde ketewa koraa. Nea ɛka ho bio ne sɛ, Yonatan ne Dawid yɛɛ apam, kyerɛ sɛ, wɔhyɛɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔrentetew wɔn adamfofa no mu da, na wɔn mu biara bɛboa ne yɔnko.—1 Samuel 18:1-5.

 Saa na ɛyɛe a Dawid ne Yonatan faa adamfo. Bible mu nnipa a wɔn adamfofa yɛ fɛ paa no, wɔn de no ka ho. Nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi de, adamfofa ho hia wɔn paa. Nanso wohwɛ wiase nnɛ a, wuhu sɛ ɔdɔ ho yɛ nã paa. Enti sɛ yɛfa nnamfo pa na yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nnamfo pa a yedi nokware a, yɛbɛhyɛ yɛn nnamfonom den, na wɔn nso bɛhyɛ yɛn den. (Mmebusɛm 27:17) Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Yonatan asɛm no mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛayɛ nnamfo pa.

Nea Ɛma Wɔbɛyɛɛ Nnamfo

 Adɛn nti na Yonatan ne Dawid bɛyɛɛ nnamfo ntɛm saa? Yebenya mmuae no a, ɛsɛ sɛ yehu nea ɛma wɔbɛyɛɛ nnamfo. Wo de, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a na ɛresisi saa bere no. Ná biribi rekɔ so a ama Yonatan reteetee. Ɛne sɛ, na ohu sɛ ade rekye a ade resa nyinaa, sɛe ara na na ne papa Ɔhene Saul suban resɛe. Bere bi, na Saul yɛ ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase, na n’aso yɛ mmerɛw, na na ɔwɔ gyidi. Nanso afei de, na Saul abɛyɛ ɔhene a ɔyɛ ahantan na n’aso nso yɛ den.—1 Samuel 15:17-19, 26.

 Yebetumi aka sɛ na ɛhaw Yonatan paa sɛ ne papa Saul suban asesa, efisɛ na Yonatan bɛn ne papa paa. (1 Samuel 20:2) Enti ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Yonatan sɛ anhwɛ a Saul bɛyɛ biribi a ɛbɛkɔ akɔfa asɛm abrɛ Israel man a Yehowa apaw wɔn no. Ebia na Yonatan redwinnwen ho sɛ, anhwɛ a Israelfo no bedi Saul akyi akodi mfomso bi a ɛbɛma wɔne Yehowa ntam asɛe. Ná Yehowa som da Yonatan koma so paa, enti akyinnye biara nni ho sɛ, na nea ɛrekɔ so no haw no paa.

 Enti sɛ yɛhwɛ sɛnea na nneɛma te saa bere no a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu nea ɛtwee Yonatan bɛn aberante Dawid. Yonatan hui sɛ Dawid wɔ gyidi paa. Kae sɛ, na Saul asogyafo no suro Goliat efisɛ na ɔyɛ ɔbran, nanso Dawid de, na onsuro no. Ɛwom sɛ na Goliat de akode pii ahyehyɛ ne ho de, nanso Dawid hui sɛ Yehowa din na ɔde rekɔ ɔko no, enti obetumi adi Goliat so nkonim.—1 Samuel 17:45-47.

 Mfe bi a na atwam no, Yonatan yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ, ɔno nso wɔ gyidi a ɛte saa. Ná ogye di paa sɛ, ɔne n’akodekurafo no nko ara betumi atow ahyɛ asogyafo pii a wokurakura akode no so na wɔadi wɔn so nkonim. Dɛn na ɛmaa Yonatan nyaa adwene a ɛte saa? Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ den mma Yehowa.” (1 Samuel 14:6) Enti sɛ wohwɛ Yonatan ne Dawid a, wutumi hu sɛ wodi nsɛ paa. Ná wɔn nyinaa gye Yehowa di paa, na na wɔdɔ no kɛse. Ɛno na ɛma wɔbɛyɛɛ nnamfo, na ɛno paa nti na na wɔn adamfofa no mu yɛ den saa no. Ná Yonatan yɛ ɔhene ba a ɔwɔ anuonyam paa, na na ɔreyɛ adi mfe 50; Dawid nso de, na ɔyɛ oguanhwɛfo a obiara nnim no, na ɛbɛyɛ sɛ na onnya nnii mfe 20 mpo. Nanso nnamfo mmienu yi amfa saa nneɛma yi mu biara anyɛ asɛm. a

 Apam a nnamfo mmienu no yɛe no, ɛno na ɛmaa wɔn adamfofa no mu yɛɛ den paa. Adɛn ntia? Wo de hwɛ, na Dawid nim nea Yehowa de bɛma no daakye: Ɛne sɛ, Saul fi hɔ a, ɔno na na obedi Israel so hene! Wohwɛ a, ɔde saa asɛm no siee Yonatan anaa? Dabida! Adamfofa a ɛte sɛ Dawid ne Yonatan de no, nea ɛma emu yɛ den paa ne sɛ, nnamfo no mu biara ka ne komam asɛm kyerɛ ne yɔnko, obiara mfa asɛm nsie ne yɔnko, na wonni atoro nso nkyerɛ wɔn ho. Bere a Yonatan behui sɛ Dawid na ɔbɛba abedi hene daakye no, na ebetumi aka no sɛn? Sɛ na Yonatan hwɛ kwan paa sɛ daakye ɔbɛba abɛyɛ ɔhene, na wasiesie mfomso a ne papa adi no a, ɛnde na ɔbɛyɛ dɛn? Yonatan adwenem no, wohwɛ a, na ɛhaw no paa sɛ Dawid mmom na obedi hene ma enti egyaw no kɔdaanna anaa? Ɛno de, Bible nka ho asɛm. Yonatan ho asɛm a ehia paa na Bible ma yehu: Ɛno ne ne nokwaredi ne ne gyidi. Ná otumi hu sɛ Yehowa honhom wɔ Dawid so. (1 Samuel 16:1, 11-13) Enti Yonatan dii apam a na ɔne Dawid ayɛ no so. Ɔne Dawid ansi akan, mmom na obu Dawid sɛ n’adamfo. Ade a na ehia Yonatan ara ne sɛ Yehowa apɛde bɛyɛ hɔ.

Ná Yonatan ne Dawid nyinaa gye Yehowa di paa, na na wɔdɔ no kɛse

 Saa adamfofa no, nhyira pii fii mu bae. Gyidi a Yonatan daa no adi no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo biara hu sɛ adamfofa so wɔ mfaso paa. Ɛnyɛ wɔn a yɛne wɔn bɔ tipɛn anaa yɛne wɔn asetenam nsɛm di nsɛ nko ara na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Nnipa a wɔn gyidi yɛ den na ɛsɛ sɛ yɛfa wɔn nnamfo. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya so mfaso paa. Yonatan ne Dawid sei, na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho den, na na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran mpɛn pii. Ná wei ho hia paa, efisɛ na nneɛma pii rebesisi a ebetumi ama wɔn adamfofa no asɛe.

Hena Afã Na Na Yonatan Begyina?

 Mfiase no, na Saul ani gye Dawid ho paa, na ɔde no yɛɛ n’asogyafo so panyin. Nanso ankyɛ koraa, subammɔne bi a Yonatan amma annidi ne mu no, Saul de, onyaa saa suban no. Ɛno ne ahoɔyaw. Nea ɛkɔbae ne sɛ, bere biara a Dawid ne Israelfo atamfo Filistifo bɛko no, na wadi wɔn so nkonim. Enti baabi a Dawid bɛfa biara, na nkurɔfo bɔ gye no so, na na wɔkamfo no. Israelfo mmea bi mpo too dwom sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” Ná Saul mpɛ saa dwom no atie koraa. Bible ka sɛ: “Efi da no rekɔ, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.” (1 Samuel 18:7, 9) Ná Saul suro sɛ anhwɛ a Dawid bɛyɛ n’adwene sɛ obegye ahenni no afi ne nsam. Saa adwene a Saul nyae yi, na ntease biara nnim. Ɛwom, na Dawid nim sɛ ɔno na obedi Saul ade, nanso wanyɛ n’adwene da sɛ obetu ɔhene a Yehowa asra no no afi ade so, na wabedi hene!

 Saul bɔɔ pɔw sɛ ɔbɛma wɔakum Dawid wɔ ɔko mu, nanso ankosi hwee. Dawid kɔɔ so dii nkonim wɔ ɔko mu, enti na nkurɔfo nsi no fam koraa. Ɛbaa saa no, nea Saul san yɛe ne sɛ, ɔka kyerɛɛ n’asomfo nyinaa ne ne babarima panyin no sɛ ɔpɛ sɛ okum Dawid, enti wɔne no nyɛ baako! Bere a Yonatan huu nea ne papa pɛ sɛ ɔyɛ no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ odii ne papa ho yaw! (1 Samuel 18:25-30; 19:1) Ná Yonatan di ne papa nokware, na na odi n’adamfo Dawid nso nokware. Enti sɛnea asɛm no kɔyɛe no, wɔn mu hena na na Yonatan begyina n’akyi?

 Yonatan ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid bɔne, efisɛ ɔnyɛɛ wo bɔne bi, na wayɛ nnwuma pa pii ama wo. Ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no ma Yehowa de nkonimdi kɛse gyee Israel nyinaa. Wuhui, na wudii ahurusi. Ɛnde dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a edi bem bɔne, na wukum Dawid kwa?” Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Saul tiee Yonatan, na ɔkaa ntam mpo sɛ ɔrenyɛ Dawid bɔne. Nanso, Saul anni ɛbɔ a ɔhyɛe no so. Saa asɛm yi akyi no, Dawid dii nkonim pii wɔ ɔko mu, na ne ho bɛyɛɛ Saul ahi. Saul bo fuwii, na da koro bi de, ɔtow peaw sɛ ɔde rewɔ Dawid! (1 Samuel 19:4-6, 9, 10) Nanso, Dawid guanee, na ofii Saul ahemfie hɔ.

 Asɛm a ɛtoo Yonatan no, ebi ato wo pɛn? Ɛtɔ da a, asɛm bi tumi sɔre, na wobɛhwɛ no, na wunhu nea wunni no nokware anaa wunnyina n’akyi. Biribi a ɛte saa betumi ahaw adwene paa. Ɛba saa a, nea ebinom bɛka ne sɛ, wo busuani de, ɔyɛ wo busuani, enti ɛsɛ sɛ ɔno na wugyina n’akyi bere nyinaa. Nanso Yonatan de, na onim sɛ ɛnyɛ papa sɛ ɔbɛyɛ saa. Ná Dawid yɛ Yehowa somfo nokwafo, enti ɔno na Yonatan kogyinaa n’akyi, na ɛnyɛ ne papa Saul. Nea ɛmaa Yonatan sii saa gyinae no ne sɛ, na odi Yehowa nokware. Wei nti na ɔkaa bi maa Dawid no. Ɛwom, nea na ehia Yonatan paa ne sɛ obedi Onyankopɔn nokware, nanso wanyi ne papa amma. Nea ɔyɛe ne sɛ, oyii ne yam de afotu a emu da hɔ maa no; wanka nsɛm a ɛbɛyɛ ne papa dɛ ankyerɛ no. Sɛnea Yonatan dii nokware no, sɛ yɛn mu biara suasua a, ɛbɛboa no.

Nokwaredi—Ɛnna Fam

 Yonatan bɔɔ mmɔden bio sɛ ɔbɛboa Saul ama ɔne Dawid ntam asan ayɛ kama, nanso saa bere yi mpo de, Saul antie no. Dawid yɛɛ kodɛɛ kɔɔ Yonatan nkyɛn, na ɔmaa Yonatan hui sɛ ehu aka no paa, efisɛ osuro sɛ anhwɛ a Saul benya no akum no. Dawid ka kyerɛɛ n’adamfo Yonatan sɛ: “Ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam!” Yonatan yɛe sɛ ɔde n’ani bɛto fam ahwɛ sɛ ne papa da so ara wɔ Dawid ho adwemmɔne anaa. Afei ɔmaa Dawid hui sɛ, nea ɛbɛkɔ akosi biara, ɔbɛba abɛbɔ no amanneɛ. Ɔkwan a ɔbɛfa so abɔ Dawid amanneɛ ne sɛ, ɔbɛba abɛtow agyan wɔ baabi a Dawid akohintaw no. Sɛnea ɔbɛtow agyan no, ɛno na ɛbɛma Dawid ahu nea asɛm no akosi. Ade baako a Yonatan srɛ fii Dawid hɔ ne sɛ ɔnhyɛ no bɔ bi, na ɔnka ntam sɛ obedi saa bɔhyɛ no so. Yonatan kaa sɛ: ‘Nyi w’adɔe mfi me fie da biara da, sɛ Yehowa twa Dawid atamfo a wɔwɔ asase so nyinaa gu mpo a.’ Dawid penee so sɛ ɔbɛhwɛ Yonatan fiefo bere nyinaa, na wabɔ wɔn ho ban.—1 Samuel 20:3, 13-27.

 Yonatan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka Dawid ho asɛmpa akyerɛ Saul, nanso ɔhene no bo fuwii paa! Ɔfrɛɛ Yonatan “abaawa tuatewfo ba.” Afei ɔkaa sɛ, Dawid akyi a Yonatan akogyina no yɛ animguase ma wɔn abusua no. Ɔkaa asɛm foforo bi kyerɛɛ Yonatan. Sɛ Yonatan yɛ pɛsɛmenkominya a, anka saa asɛm no bɛma wakogyina ne papa akyi. Saul kaa sɛ: “Nna dodow a Yese ba no da so te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rentim da.” Nanso Yonatan amfa saa asɛm no anyɛ asɛm, na ɔsan srɛɛ ne papa sɛ: “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokum no? Dɛn na wayɛ?” Ná Saul bo afuw dedaw, nanso nea Yonatan kae no sɛee asɛm no koraa! Ɛwom sɛ na Saul mfe akɔ anim de, nanso na ɔda so ara yɛ ɔkofo a ne ho yɛ den. Ɔtow peaw sɛ ɔde rewɔ ne ba no! Ná Saul nim peaw tow paa de, nanso ɔtowee no, anka Yonatan. Nea Saul yɛe no yɛɛ Yonatan yaw paa. Ɔtee nka sɛ ne papa agu n’anim ase. Wei nti, ɔde abufuw fii hɔ kɔe.—1 Samuel 20:24-34.

Yonatan daa no adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya

 Ade kyee anɔpa no, Yonatan kɔɔ baabi a na Dawid akohintaw wɔ wuram hɔ no. Ná Yonatan ne Dawid ahyehyɛ ho sɛ odu baabi a Dawid hyɛ no a, ɔbɛtow agyan na ama Dawid ahu baabi a asɛm no akosi. Sɛnea ɔtow agyan no maa Dawid hui sɛ, adwene a Saul anya sɛ obekum no no nsesae. Afei Yonatan maa ne somfo a ɔne no nam no san kɔɔ kurow no mu. Ɛbaa saa no, na aka ɔne Dawid nko ara, enti wonyaa bere tiaa bi de bɔɔ nkɔmmɔ. Mmarima mmienu no sui, na afei Yonatan de awerɛhow gyaw n’adamfo Dawid kwan. Efi saa bere no, Dawid fii ase dii atutena wɔ sare no so de bɔɔ ne nkwa ho ban.—1 Samuel 20:35-42.

 Nea Yonatan yɛe no ma ɛdaa adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔnyɛ pɛsɛmenkominya. Sɛ Yonatan yɛɛ n’ade sɛ Saul, ɛnna ɔyɛe sɛ ɔbɛpere tumi ne anuonyam a, akyinnye biara nni ho sɛ, anka Satan a ɔtan nnipa anokwafo nyinaa no ani begye paa. Kae sɛ, Satan pɛ sɛ yɛyɛ pɛsɛmenkominya; ɔmpɛ sɛ yɛma afoforo ahiasɛm yɛ yɛn ahiasɛm. Satan tumi maa Adam ne Hawa a wɔyɛ yɛn awofo a wodi kan no yɛɛ pɛsɛmenkominya. (Genesis 3:1-6) Nanso, Yonatan de, wannya no. Ɛda adi sɛ, Satan hui sɛ ne nsa asi fam paa! Wo nso ɛ? Wobɛbɔ mmɔden sɛ worenyɛ pɛsɛmenkominya anaa? Wiase a yɛte mu nnɛ yi, ɛkame ayɛ sɛ obiara nnwen ne yɔnko ho. (2 Timoteo 3:1-5) Yonatan de, na odwen afoforo ho, na na ɔyɛ ɔnokwafo. Yebesuasua no anaa?

Ná Yonatan di n’adamfo Dawid nokware, enti ɔyɛɛ biribi maa Dawid hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ne ho yiye na ne papa Saul annya no ankum no

“Mepɛɛ W’asɛm Yiye”

 Eduu baabi no, na Dawid ho tan agye Saul adwene nyinaa. Ɔboaboaa n’asogyafo ano, na odii wɔn anim de wɔn kyinkyin mpɔtam hɔ nyinaa sɛ wobenya Dawid a ne ho nni asɛm no akum no. Nea na Saul reyɛ no, na ntease biara nnim. Wei nyinaa, na Yonatan ani tua, nanso na ɔrentumi nyɛ ho hwee. (1 Samuel 24:1, 2, 12-15; 26:20) Asogyafo a na wɔne Saul rehwehwɛ Dawid akum no no, na Yonatan ka ho anaa? Mpɛn pii na ɔtan hunu nti Saul ne n’asogyafo no siim sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid akum no, nanso nea ɛte ne sɛ, emu biara nni hɔ a Kyerɛwnsɛm no kaa sɛ na Yonatan ho wom bi. Yebetumi aka sɛ Yonatan anyɛ saa da, efisɛ odii Yehowa ne Dawid nokware, na apam a na ɔne Dawid ayɛ sɛ wɔn adamfofa no mu rentetew da no nso, odii so.

 Ɔdɔ a na Yonatan wɔ ma n’adamfo Dawid no, ano annwo da. Bere bi akyi no, ɔsan kɔhwehwɛɛ Dawid bio. Ɔne no hyiae wɔ Hores. Edin Hores kyerɛ “Kwae Mu.” Baabi a na Hores wɔ no, na ɛhɔ yɛ mmepɔwmmepɔw. Wufi Hebron rekɔ hɔ a, wode w’ani bɛkyerɛ anafo fam apuei, na wubetwa akwansin kakra. Adɛn nti na Yonatan de ne nkwa too asiane mu kɔhwehwɛɛ ɔbarima a na wɔrehwehwɛ no akum no no? Bible ma yehu sɛ nea enti a Yonatan yɛɛ saa ne sɛ ‘ɔbɛhyɛ Dawid nsam den wɔ Onyankopɔn din mu.’ (1 Samuel 23:16) Ɔkwan bɛn na Yonatan faa so yɛɛ saa?

 Yonatan ka kyerɛɛ n’adamfo Dawid sɛ: “Nsuro.” Ɔsan maa Dawid awerɛhyem sɛ: “Me papa Saul nsa renka wo.” Adɛn nti na na Yonatan wɔ saa awerɛhyem no? Ná ɔwɔ gyidi paa sɛ nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛbam ɔkwan biara so. Yonatan toaa so sɛ: “Wo na wubedi Israel so hene.” Mfe bi a na atwam no, Yehowa maa ne diyifo Samuel kaa saa asɛm yi, na na Yonatan rekae Dawid sɛ Yehowa asɛm bam bere nyinaa. Yonatan adwenem no, dɛn na na ɔrehwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ daakye? Ɔkaa sɛ: “Mɛyɛ w’abadiakyiri.” Ahobrɛase a Yonatan daa no adi no, ɛyɛ fɛ paa! Ná ɔkyɛn Dawid mfe 30 de, nanso na ɛnhaw no sɛ ɔbɛyɛ Dawid abadiakyiri na waboa no! Yonatan de n’asɛm no baa awiei sɛ: “Me papa Saul mpo nim saa.” (1 Samuel 23:17, 18) Esiane sɛ na Yehowa apaw Dawid sɛ ɔno na obedi Saul ade nti, Saul komam paa de, na onim sɛ ɔko a ɔne Dawid reko no, ɔyɛ dɛn ara a ɔrentumi nni Dawid so nkonim da!

Bere a na Dawid wɔ ahohia mu no, Yonatan hyɛɛ no den

 Akyinnye biara nni ho sɛ, efi saa bere no, na Dawid taa kaakae saa nhyiam no, na bere biara a ɔbɛkae no, na ɛma n’ani gye. Ɛno ne bere a etwa to a Dawid ne Yonatan hyiae. Awerɛhosɛm ne sɛ, anidaso a na Yonatan wɔ sɛ ɔbɛyɛ Dawid abadiakyiri no amma mu.

 Nea ɛbae ne sɛ, Israelfo ne Filistifo a na wɔyɛ wɔn atamfo no kɔkoe. Yonatan kaa ne papa ho kɔɔ ɔko no bi. Ná ɛnhaw no sɛ ɔbɛka ne papa ho na wɔne atamfo no ako. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛwom sɛ na ne papa adi mfomso pii de, nanso na Yonatan nim sɛ ko a ɔbɛko ama Israelfo no yɛ ɔsom a ɔde rema Yehowa. Sɛnea bere nyinaa na Yonatan yɛ no, ɔyeree ne ho koe denneennen, nanso saa ɔko yi de, nneɛma ankɔ yiye amma Israelfo no. Nea ɛte ne sɛ, na Saul adi bɔne araa ma afei mpo de, na odi ahonhonsɛm. Onyankopɔn Mmara nso kyerɛe sɛ, obi a ɔyɛ saa no fata owu. Wei nti, na Yehowa nhyira nni Saul so bio. Saul mma mmarima mmiɛnsa wuwui wɔ ɔko no mu, na na Yonatan ka ho. Saul nso pirae, na ɔno ankasa kum ne ho.—1 Samuel 28:6-14; 31:2-6.

Yonatan kaa sɛ: “Wo na wubedi Israel so hene, na mɛyɛ w’abadiakyiri.”—1 Samuel 23:17

 Dawid werɛ howee paa. Ɛwom sɛ na Saul ama Dawid afa ɛyaw ne ateetee pii mu de, nanso odii Saul wu no ho awerɛhow! Nea enti a Dawid yɛɛ saa ne sɛ na ɔyɛ obi a ne yam ye, na na ɔmfa nkurɔfo ho nsɛm nhyɛ ne mu. Dawid twaa awerɛhow dwom bi maa Saul ne Yonatan. Dawid kaa asɛm bi wɔ dwom a ɔkyerɛwee no mu, na yɛbɛka a, ɛno ne asɛm a ɛka koma paa wɔ ne dwom no mu. Ná ɛfa ne yɔnko berɛbo Yonatan a osuaa nneɛma pii fii ne nkyɛn no ho. Dawid kaa Yonatan ho asɛm sɛ: “O me nua Yonatan, me ho hiahia me, wo nti, mepɛɛ w’asɛm yiye. Ɔdɔ a wodɔɔ me no yɛ nwonwa, ɛsen mmea dɔ koraa.”—2 Samuel 1:26.

 Ɛbɔ a Dawid hyɛɛ Yonatan no, Dawid werɛ amfi da. Mfe bi akyi no, ɔhwehwɛɛ Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ obubuafo no, na ɔhwɛɛ no. (2 Samuel 9:1-13) Ɛda adi sɛ, na Dawid asua nneɛma pii afi Yonatan hɔ. Yonatan nokwaredi, din pa a na ɔwɔ, ne sɛnea ɔkɔɔ so ara bataa n’adamfo ho bere mpo a na ɛnna fam sɛ ɔbɛyɛɛ saa no, Dawid suaa nneɛma pii fii mu. Nneɛma a Dawid sua fii Yonatan hɔ no, yebesua bi anaa? Yebetumi ahwehwɛ nnamfo a wɔte sɛ Yonatan? Yɛn ankasa nso, yebetumi ayɛ nnamfo pa te sɛ Yonatan anaa? Sɛ yɛboa yɛn nnamfo ma wonya Yehowa mu gyidi kɛse, sɛ yɛma nokware a yebedi ama Onyankopɔn ho hia yɛn sen biribiara, na yɛkɔ so di yɛn nnamfo nokware na yɛanyɛ pɛsɛmenkominya a, yɛbɛyɛ adamfo pa te sɛ Yonatan. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Yonatan gyidi.

a Bere a edi kan koraa a Yonatan ho asɛm puei wɔ Bible mu no, na ɔyɛ ɔsahene. Saa bere no, afei ara na na Saul afi ase redi hene. Esiane sɛ na Yonatan yɛ ɔsahene saa bere no nti, ɛbɛyɛ sɛ anyɛ hwee koraa no, na wadi mfe 20. (Numeri 1:3; 1 Samuel 13:2) Saul dii ade mfe 40. Enti bere a Saul wui no, na Yonatan adi bɛyɛ mfe 60. Saa bere no, na Dawid nso adi mfe 30. (1 Samuel 31:2; 2 Samuel 5:4) Enti, ɛda adi sɛ na Yonatan kyɛn Dawid bɛyɛ mfe 30.