Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆE ANAA?

Sɛnea Ɔkraman Te Nneɛma Hua

Sɛnea Ɔkraman Te Nneɛma Hua

Nhwehwɛmufo ka sɛ, sɛ ɔkraman bi te kraman foforo ho hua a, etumi ma ohu sɛ ɛyɛ kraman ba anaa kraman a wanyin. Otumi hu sɛ ɔkraman no yɛ onini anaa ɔbere, na otumi nso hu sɛ ne bo afuw anaa n’ani agye. Wotumi mpo tete nkraman ma sɛ obi de atopae anaa nnubɔne asie baabi a, wotumi huahua kohu. Nnipa de, yɛn ani titiriw na yɛde hu nea ɛrekɔ so wɔ baabi a yɛwɔ, nanso nkraman de, wɔde wɔn hwene na ehu. Yɛbɛka a, nkraman de, wɔn hwene ne wɔn biribiara.

Susuw ho: Sɛnea nnipa te nneɛma hua no, ɛmmɛn kraman de koraa. Adwumakuw bi a ɛwɔ U.S. ka sɛ, “nneɛma bi wɔ hɔ a, sɛ ɛho pampan ketewaa bi wɔ baabi a, ɔkraman tumi te ne hua hu ade ko. Sɛ yɛbɛte ase paa a, yebetumi de atoto ho sɛ obi de asikre ketewaa bi agu nsu bebree a ɛtaa hɔ mu, na waka ahwɛ atumi ate asikre no dɛ wɔ nsu no mu.”—U.S. National Institute of Standards and Technology.

Dɛn na ɛma kraman tumi te nneɛma hua saa?

  • Wohwɛ kraman a, wubehu sɛ ne hwene ano afɔw. Enti sɛ biribi pampan ketekete bi mpo retwam a, otumi te.

  • Sɛ kraman twe mframa kɔ ne mu a, ɛpae fa ntokuru mmienu bi mu. Ntokuru mmienu no, ɔhome fa baako mu, na ɔde baako te nneɛma hua. Nkwammoaa bi nso wɔ kraman hwene mu a ɛma ɔte nneɛma hua, enti sɛ ɔtwe mframa kɔ ne mu a, mframa no kɔ baabi a saa nkwammoaa no wɔ no.

  • Tokuru a ɛwɔ kraman tirim a ɛma ɔte nneɛma hua no, ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ nnipa de mmɔho 26.

  • Nkwammoaa a ɛwɔ kraman hwenem a ɛma ɔte nneɛma hua no, ne dodow bɛyɛ nnipa de mmɔho 50.

Weinom nyinaa nti, sɛ kraman hua biribi a, otumi hu nneɛma a ɛwom nyinaa. Sɛ nhwɛso no, sɛ nkwan si hɔ a, ne hua nko ara na nnipa tumi te. Nanso abenfo bi ka sɛ, ɔkraman de sɛ ohua a, nneɛma a wɔde yɛɛ nkwan no nyinaa, otumi te emu biara pampan.

Nhwehwɛmufo bi wɔ apɔwmuden asoɛe bi a wɔfrɛ no Pine Street Foundation; wɔyɛ kokoram ho nhwehwɛmu. Wɔkyerɛ sɛ, sɛnea kraman amemene ne ne hwene bom yɛ adwuma ma ɔte nneɛma hua no, “sɛ yɛreka nneɛma a etumi te ade hua anaa ne pampan paa wɔ wiase yi mu a, ɔkraman ka ho.” Nyansahufo reyɛ ɛlɛtrɔnik mfiri a ebetumi ayɛ adwuma te sɛ kraman hwene a ebetumi ate atopae ne nneɛma a wɔde fa sum ase kɔ aman foforo so pampan. Afei nso, sɛ yare bi te sɛ kokoram bɔ obi a, mfiri a ɛte saa betumi ama wɔahu.

Wudwen ho sɛn? Sɛnea ɔkraman tumi te nneɛma hua anaa nneɛma pampan no, obi na ɔyɛɛ no saa, anaa ɛno ara na ɛbae?