Nea Ɛto So Abien A Ɔde Kɔmaa Korintofo 1:1-24

  • Nkyia (1, 2)

  • Onyankopɔn kyekye yɛn werɛ wɔ amanehunu nyinaa mu (3-11)

  • Paul akwantu nhyehyɛe sesae (12-24)

1  Me Paul, a Onyankopɔn pɛ nti meyɛ Kristo Yesu somafo, ne yɛn nua Timoteo,+ yɛde krataa yi rebrɛ Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto, ɛne akronkronfo nyinaa a wɔwɔ Akaia baabiara.+  Yɛn Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoe nka mo.  Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn+ a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya+ ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn+ no.  Ɔno na ɔkyekye yɛn werɛ* wɔ yɛn amanehunu* nyinaa mu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn nso, yebetumi de awerɛkyekye a yenya fi Onyankopɔn hɔ+ no akyekye wɔn a wɔwɔ amanehunu biara mu no werɛ.+  Na sɛnea amanehunu a Kristo nti ɛto yɛn dɔɔso no,+ saa ara na awerɛkyekye a Kristo nti yenya no nso dɔɔso.  Sɛ sɔhwɛ* to yɛn a, mo awerɛkyekye ne mo nkwagye ntia; na sɛ wɔkyekye yɛn werɛ a, mo awerɛkyekye ntia; ɛno na ɛboa mo ma mutumi gyina ɔhaw a yɛn nso yehyia bi no ano.  Na anidaso a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim, efisɛ yenim sɛ morehu amane te sɛ yɛn ara, enti awerɛkyekye a yenya no, mo nso mubenya bi.+  Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu+ no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. Ateetee a yɛfaa mu no, na ano yɛ den yiye, na na ɛboro yɛn ahoɔden so. Enti na yenim sɛ yɛn nkwa mpo befi yɛn nsa.+  Nokwasɛm ne sɛ, na ɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie. Eyi baa saa, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ho so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a onyan awufo no so.+ 10  Ɛkaa dɛ, anka yɛrewu, nanso ogyee yɛn, na obegye yɛn nso; yɛn ani da no so sɛ ɔbɛkɔ so ara agye yɛn.+ 11  Nea mo nso mubetumi ayɛ aboa yɛn ne sɛ mobɛkotow asrɛ ama yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa pii bɛda ase ama yɛn wɔ adom a nnipa pii mpaebɔ nti, wɔde adom yɛn no ho.+ 12  Nea yɛde hoahoa yɛn ho ni: Yɛn ahonim* di adanse sɛ, yɛde kronkronyɛ ne nokwaredi a efi Onyankopɔn na abɔ yɛn bra wɔ wiase, ɛnkanka ɔkwan a yɛfaa so ne mo dii no. Ɛnyɛ nnipa nyansa na yɛde yɛɛ saa,+ na mmom Onyankopɔn adom. 13  Ɛnyɛ biribi foforo biara na yɛrekyerɛw mo; ɛyɛ nea mubetumi akenkan ate ase.* Mewɔ anidaso sɛ mobɛkɔ so ate saa nneɛma yi ase yiye paa,* 14  sɛnea moate ase ɔkwan bi so sɛ mubetumi de yɛn ahoahoa mo ho no. Saa ara na yɛn nso, yɛde mo bɛhoahoa yɛn ho wɔ yɛn Awurade Yesu da no mu. 15  Ahotoso yi na na mewɔ, enti mebɔɔ me tirim sɛ medi kan aba mo nkyɛn, na ama mo ani agye ne mprenu so;* 16  efisɛ meyɛɛ m’adwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a, mɛba mo nkyɛn, na sɛ mifi Makedonia reba nso a, masan aba mo nkyɛn, na ɛno akyi no, moagya me kwan akɔ Yudea.+ 17  Bere a mebɔɔ me tirim saa no, mamfa no aniberesɛm anaa? Anaasɛ me tirim a mebɔ no, ɛyɛ a mebɔ no ɔhonam mu ma enti meka “Yiw, yiw” na afei maka “Daabi, daabi” anaa? 18  Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo, enti nea yɛka kyerɛ mo no, ɛnyɛ sɛ yɛreka “yiw” nanso na ɛyɛ “daabi.” 19  Efisɛ Onyankopɔn Ba Yesu Kristo a wɔnam yɛn so, kyerɛ sɛ, wɔnam me ne Silwano* ne Timoteo so kaa ne ho asɛm wɔ mo mu no,+ ɛnyɛ sɛ na ɔyɛ “yiw” nanso na ɔyɛ “daabi,” na mmom ne fam de, “yiw” abɛyɛ “yiw.” 20  Na Onyankopɔn bɔhyɛ bebree no nyinaa nam no so ayɛ “yiw.”+ Ɛno nso nti, ɛnam no so na yɛka “Amen” kyerɛ Onyankopɔn+ de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. 21  Na nea wasi no pi sɛ mo ne yɛn nyinaa yɛ Kristo dea, a ɔsraa yɛn no, ɔno ne Onyankopɔn.+ 22  Wasan nso de n’ahyɛnsode atim yɛn so,+ na ɔde honhom no ama yɛn wɔ yɛn komam de ayɛ nea ɛbɛba no ho adanse a edi mu.*+ 23  Afei, miyi Onyankopɔn sɛ me* dansefo sɛ, ba a memmaa Korinto nyinaa, ɛyɛ mo werɛ a mempɛ sɛ ɛhow ntia. 24  Yɛnyɛ atumfo wɔ mo gyidi so,+ na mmom yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye, efisɛ mo gyidi na ama mugyina hɔ.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “sɔhwɛ.”
Anaa “ɔhyɛ yɛn nkuran.”
Anaa “amanehunu.”
Anaa “tiboa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “nea munim dedaw.”
Nt., “akosi awiei.”
Ebetumi nso akyerɛ, “sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya mfaso mprenu.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.
Anaa “sika a wɔde to biribi ase (ntoase); nea ɛbɛba akyiri yi ho anohoba (bɔhyɛ).”
Anaa “me kra.”