Daniel 11:1-45

  • Persia ne Greece ahemfo (1-4)

  • Anaafo fam hene ne atifi fam hene (5-45)

    • Obi a ogyigye tow bɛba (20)

    • Nea odi apam no anim no, wobebubu no (22)

    • Wɔhyɛɛ abannennen nyame no anuonyam (38)

    • Anaafo fam hene no ne atifi fam hene no bepiapia wɔn ho (40)

    • Nsɛm bi a ɛhaw adwene befi apuei ne atifi aba (44)

11  “Me de, Mediani Dario afe a edi kan mu no,+ mesɔre gyinae sɛ mɛboa no na mahyɛ no den.*  Nea merebɛka akyerɛ wo yi yɛ nokware: “Hwɛ! Ahemfo baasa foforo bɛba Persia, na ɔhene a ɔto so anan no benya ahonyade pii asen wɔn a wɔaka nyinaa. Na sɛ n’ahonyade ma onya ahoɔden a, ɔbɛwosow biribiara ama akɔ atia Greece ahenni.+  “Na ɔhenkɛse bi bɛba, na n’ahenni mu bɛtrɛw+ na wayɛ nea ɔpɛ biara.  Na sɛ n’ahenni no gyina a, ebegu, na wɔbɛkyekyɛ mu akɔ atifi, anaafo, apuei, ne atɔe.*+ Nanso ɛrenkodi n’asefo nsam, na ɛrenyɛ sɛ tumi a ɔde dii ade no, efisɛ wobetu n’ahenni ase de ama ebinom, na ɛnyɛ n’asefo.  “Na anaafo fam hene no, kyerɛ sɛ, ɔhenkɛse no asahene no baako, bɛyɛ den. Nanso, ɔbaako bi nso bedi no so nkonim, na n’ahenni mu bɛtrɛw, na ɛbɛyɛ kɛse asen ɔbaako no* de no.  “Mfe bi akyi no, wɔbɛka wɔn ho abom, na anaafo fam hene no babea bɛba atifi fam hene no nkyɛn ama wɔayɛ apam. Nanso basa a ɛma ɔbea no tumi no befi ne nsa. Ɔhene no ne ne basa nso rennyina. Na wobeyi ɔbea no ne wɔn a wɔde no bae no ama, na nea ɔwoo no ne nea ɔma ɔyɛɛ den wɔ saa mmere no mu nso, wobeyi wɔn ama.  Na ɔbea no aseni bi bɛba abesi ɔhene no* anan, na ɔbɛba asraafo no nkyɛn abɛtow ahyɛ atifi fam hene no abannennen so. Ɔne wɔn bɛko, na obedi wɔn so nkonim.  Afei nso, ɔde wɔn anyame, wɔn dade ahoni,* wɔn nneɛma a ɛyɛ fɛ* a wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ, ne nkurɔfo a wɔakyere wɔn bɛkɔ Egypt. Na ɔbɛtwe ne ho afi atifi fam hene no ho mfe dodow bi.  Atifi fam hene no bɛba abɛtow ahyɛ anaafo fam hene no ahenni so, nanso ɔbɛsan akɔ n’asaase so. 10  “Ne* mma bɛhyehyɛ wɔn ho sɛ wɔrekɔko, na wɔbɛboaboa asraafo bebree paa ano. Sɛnea ɛte biara, ɔbɛba abetwiw afa asaase no so te sɛ nsuyiri. Nanso ɔbɛsan n’akyi, na ɔbɛko ara akodu n’abannennen mu. 11  “Na anaafo fam hene no bo befuw, na ɔbɛkɔ na ɔne no akɔko. Kyerɛ sɛ, ɔne atifi fam hene no bɛko. Na ɔbɛboaboa* dɔm kɛse ano, nanso wɔde dɔm kɛse no bɛhyɛ ɔbaako no* nsa. 12  Na wɔbɛsoa dɔm no akɔ. Ne koma bɛma ne ho so, na ɔbɛma mpempem bebree awuwu; nanso ɔremfa tumi kɛse a wanya no nyɛ adwuma. 13  “Na atifi fam hene no bɛsan aba, na ɔbɛboaboa dɔm kɛse a ɛsen kan de no ano. Mfe bi akyi, mmere no awiei no, sɛnea ɛte biara, ɔde asraafo pii ne nneɛma pii bɛba. 14  Saa mmere no, nnipa bebree bɛsɔre atia anaafo fam hene no. “Na wo man mu aturuturafo* bɛyɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma anisoadehu no aba mu, nanso wɔbɛhwehwe ase. 15  “Na atifi fam hene no bɛba abɛto akoban,* na wako afa kurow bi a wɔabɔ ho ban. Na anaafo fam asraafo* no rennyina, na ne nkurɔfo a wayi wɔn no nso rennyina. Na wɔrennya ahoɔden biara a wɔde begyina. 16  Nea ɔbɛba* abɛtow ahyɛ anaafo fam hene so no bɛyɛ nea ɔpɛ biara, na obiara rentumi nnyina n’anim. Obegyina Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na obenya tumi a ɔde bɛsɛe ade. 17  Ɔde besi n’ani so sɛ ɔde n’ahenni mu ahoɔden nyinaa bɛba, na ɔne no bɛyɛ apam; na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye. Wɔde mmea babea bɛma no sɛ ɔnsɛe no. Na ɔbea no rennyina, na ɔrenyɛ ne de bio. 18  Na ɔbɛsan de n’ani akyerɛ mpoano nsaase so, na ɔbɛko afa nsaase no pii. Na ɔsahene bi bɛma n’animguase afi no so sɛnea ɛbɛyɛ a n’animguase no befi hɔ. Ɔbɛma animguase no akogu ɔbaako no* so. 19  Na ɔbɛdan n’ani* akɔ abannennen a ɛwowɔ n’asaase so no ho, na obehintiw ahwe ase, na wɔrenhu no. 20  “Na obi bɛba abesi n’anan, na ɔbɛma obi a ogyigye tow* abɛfa ahenni fɛfɛɛfɛ no mu, nanso nna kakraa bi akyi no, wɔbɛsɛe no, nso ɛnyɛ abufuw anaa ɔko na wɔde bɛsɛe no. 21  “Obi foforo bɛba abesi n’anan. Ɔno de, wobebu no onipahunu,* na wɔremfa ahenni no mu anuonyam mma no. Ɔbɛba asomdwoe bere mu,* na ɔde tɛkrɛmadɛ* begye ahenni no. 22  Na asraafo* a wɔte sɛ nsuyiri no, ɔbɛpra wɔn akɔ, na obebubu wɔn. Na Nea odi apam no anim nso, obebubu no.+ 23  Esiane sɛ ebinom ne no bɛfa yɔnko nti, ɔbɛdaadaa nkurɔfo, na ɔnam ɔman ketewa bi so bɛba abɛyɛ kɛse. 24  Asomdwoe bere mu* na ɔbɛkɔ baabi a eye paa* wɔ ɔmantam no mu, na ɔbɛyɛ nea ne papa ne ne nananom anyɛ. Ɔbɛkyekyɛ nneɛma a wafom, ne nneɛma a wanya wɔ ɔko mu,* ne nneɛma foforo ama nkurɔfo. Na ɔbɛbɔ mmeae a wɔabɔ ho ban ho pɔw, nanso ɛbɛyɛ bere tiaa bi. 25  “Ne koma bɛka no ama ɔde ne tumi ako atia anaafo fam hene no, na ɔde asraafo bebree bɛkɔ no so. Anaafo fam hene no nso bɛboaboa ne ho ne no akɔko, na ɔde asraafo akokodurufo dɔm kɛse paa na ɛbɛkɔ. Na ɔrentumi* nnyina, efisɛ wɔbɛbɔ ne ho pɔw. 26  Wɔn a wodi ne nnuan pa no bi no, wɔn na wɔbɛma wahwe ase. “Na n’asraafo nso, wɔbɛpra wɔn akɔ,* na nnipa pii bewuwu. 27  “Na ahemfo baanu yi bedwen adwemmɔne; wɔbɛtena ɔpon baako ho, na obiara bɛka atosɛm akyerɛ ne yɔnko. Nanso ɛrenkosi hwee, efisɛ awiei no bɛba wɔ bere a wɔahyɛ no.+ 28  “Ɔde nneɛma pii bɛsan akɔ n’asaase so, na ne koma bɛsɔre atia apam kronkron no. Nea ɔbɛyɛ no bɛyɛ yiye, na ɔbɛsan akɔ n’asaase so. 29  “Bere a wɔahyɛ no so a, ɔbɛsan aba, na wabɛtow ahyɛ anaafo fam hene no so. Nanso saa bere yi renyɛ sɛ kan no, 30  efisɛ Kitim ahyɛn+ bɛba no so, na wɔbɛbrɛ no ase. “Na ɔbɛsan n’akyi, na ɔde abufuw bɛkasa atia apam kronkron no,+ na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye. Ɔbɛsan akɔ, na wɔn a wɔmfa apam kronkron no nyɛ hwee no, ɔde n’adwene bɛkɔ wɔn so. 31  Na n’asraafo* bɛkeka wɔn ho, na wobegu tenabea kronkron no ho fĩ,+ kyerɛ sɛ, abannennen no, na wɔayi ade a wɔyɛ no daa no* afi hɔ.+ “Na wɔde akyiwade a ɛbɔ ɔman no bɛba.+ 32  “Na wɔn a wɔyɛ bɔne tia apam no, ɔde kasadɛ* bɛtwetwe wɔn ama wɔatew atua. Nanso wɔn a wonim wɔn Nyankopɔn no de, wobedi nkonim, na nea wɔbɛyɛ no bɛyɛ yiye. 33  Ɔman no mu nnipa a wɔwɔ nhumu no+ bɛma nnipa pii anya ntease. Na sekan ne ogya bekunkum ebinom, wɔbɛkyere ebinom akɔ, na wɔafom ebinom nneɛma; eyinom nyinaa bɛkɔ so nna dodow bi. 34  Nanso sɛ wɔkɔ amanehunu mu saa a, wɔbɛboa wɔn kakra. Na nnipa pii nam kasadɛ* so de wɔn ho bɛbɔ wɔn. 35  Wɔbɛma wɔn a wɔwɔ nhumu no bi ahu amane sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyiyi wɔn mu fĩ, ahohoro wɔn ho, atew wɔn ho fitaa+ akosi awiei bere no, efisɛ bere a wɔahyɛ no nnui. 36  “Ɔhene no bɛyɛ nea ɔpɛ, na ɔbɛma ne ho so na wahyɛ ne ho anuonyam asen onyame biara; ɔbɛka nsɛm akɛse atia anyame mu Nyankopɔn no.+ Na nea ɔbɛyɛ nyinaa bɛyɛ yiye akosi sɛ abufuw no bɛba awiei, efisɛ nea wɔaka ato hɔ no bɛba mu. 37  Ɔremfa obu biara mma ne papanom Nyankopɔn, ɔremfa obu mma nea mmea ani gye ho no, na ɔremfa obu mma onyame foforo biara, na ɔbɛma ne ho so asen obiara. 38  Abannennen nyame no mmom na ɔbɛhyɛ no anuonyam; onyame a ne papanom nnim no no, ɔno na ɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ne aboɔden abo ne afɛfɛde* bɛhyɛ no anuonyam. 39  Na onyame foforo bi bɛboa no ama wako atia abannennen mu abannennen no, na ɛbɛyɛ yiye ama no. Wɔn a wobegye no atom no,* ɔbɛhyɛ wɔn anuonyam pii, na ɔbɛma wɔadi nnipa pii so, na obetwitwa nsaase atɔn.* 40  “Awiei bere no mu no, anaafo fam hene no ne no* bepiapia wɔn ho,* na atifi fam hene no de nteaseɛnam, ne nnipa a wɔtete apɔnkɔ so, ne po so ahyɛn bebree bɛba no so sɛ mframa kɛse; ɔbɛba nsaase no so abetwiw afa so te sɛ nsu a ayiri. 41  Afei nso, ɔbɛkɔ Asaase Fɛfɛɛfɛ no* so,+ na obedi nsaase pii so nkonim. Nanso eyinom de, wobenya wɔn ho atetew: Edom ne Moab ne Ammonfo mu atitiriw no. 42  Na ɔbɛkɔ so atow ahyɛ nsaase no so, na Egypt asaase rennya ne ho ntetew. 43  Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ a wɔde asie, ne Egypt afɛfɛde* nyinaa, ɔno na ɔbɛkyerɛ nea wɔde bɛyɛ. Na Libiafo ne Etiopiafo bedi n’akyi.* 44  “Nanso ɔbɛte nsɛm bi afi apuei* ne atifi, na ɛbɛhaw no, na ɔde abufuw kɛse bɛkɔ sɛ ɔrekɔsɛe nnipa pii na wakunkum wɔn nyinaa. 45  Ɔde n’ahemfi ntamadan besi ɛpo kɛse no ne Asaase Fɛfɛɛfɛ no* bepɔw kronkron no ntam,+ na n’awiei bɛba, na ɔrennya ɔboafo biara.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “mayɛ n’abannennen.”
Nt., “ɔsoro mframa anan.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.
Anaa “ahoni a wɔagu.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ anaafo fam hene no.
Anaa “akorɔmfo-werɛmfo mma.”
Anaa “abasa.”
Esiw anaa ɔfasu a wogyina so ko anaa wɔde bɔ kurow ho ban.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “nhyɛsofo.”
Anaa “wobebu no animtiaa.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkae.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “abasa.”
Anaa “asade.”
Nt., “baabi a ɛyɛ srade.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Ɔbɛba a ɔremmɔ nkae.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “wobebu afa wɔn so.”
Anaa “n’abasa.”
Anaa “afɔre a wɔbɔ no daa.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “adɛfɛdɛfɛsɛm.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Obiara a ɔno begye no atom no.”
Anaa “agye akatua.”
Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ atifi fam hene no.
Anaa “anaafo fam hene no ne no de wɔn mmɛn besi ani.”
Anaa “Ahoɔfɛ no.”
Anaa “nneɛma a ɛsom bo.”
Anaa “n’anammɔn akyi.”
Anaa “owiapuei.”
Anaa “Ahoɔfɛ no.”