Ɔde Kɔmaa Hebrifo 11:1-40

  • Nea gyidi kyerɛ (1, 2)

  • Wɔn a wɔdaa gyidi adi (3-40)

    • Sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani (6)

11  Gyidi yɛ awerɛhyem a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ ade a yɛn ani da so bɛba mu.+ Ɛyɛ adanse pefee* a ɛkyerɛ sɛ biribi a yɛn ani nhu wɔ hɔ ankasa.  Ɛno na wɔnam so dii tetefo* no ho adanse.  Gyidi na ɛma yehu sɛ wɔnam Onyankopɔn asɛm so na ɛtotoo nneɛma a ɛwɔ wiase,* ma enti nea yehu no fi nneɛma a yenhu mu na ɛbae.  Gyidi nti na Habel bɔɔ afɔre a ɛsom bo sen Kain de no maa Onyankopɔn,+ na ɛnam saa gyidi no so na onyaa adanse sɛ ɔyɛ ɔtreneeni, efisɛ Onyankopɔn ani sɔɔ n’akyɛde no,+ na ɛwom sɛ wawu de, nanso ɔnam ne gyidi so da so ara kasa.+  Gyidi nti na woyii Enok+ fii baabi a na ɔwɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu owu. Na wɔanhu no wɔ baabiara, efisɛ Onyankopɔn yii no fii baabi a na ɔwɔ no;+ na ansa na wɔreyi no afi hɔ no, onyaa adanse sɛ wasɔ Onyankopɔn ani yiye.  Bio nso, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani yiye, efisɛ obiara a ɔba Onyankopɔn nkyɛn no, ɛsɛ sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.+  Gyidi nti na bere a Noa+ nsa kaa Onyankopɔn kɔkɔbɔ a ɛfa nneɛma a wonnya nhui+ ho no, ɔkyerɛe sɛ osuro Onyankopɔn, na ɔyɛɛ adaka+ a wɔde begye ne fifo nkwa. Na ɔnam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ,+ na ne gyidi nti, wobuu no ɔtreneeni.*  Gyidi nti na bere a wɔfrɛɛ Abraham+ no, otiei na osiim kɔɔ baabi a na obenya sɛ agyapade no; ɛwom sɛ na onnim baabi a ɔrekɔ, nanso osiim kɔe.+  Gyidi nti na ɔtenaa bɔhyɛ asaase no so sɛ ɔhɔho a ɔte ananafo asaase so.+ Ɔne Isak ne Yakob a na wɔne no nyinaa yɛ bɔhyɛ koro no ara ho adedifo*+ no tenaa ntamadan mu.+ 10  Efisɛ na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem a ɛyɛ den no. Onyankopɔn na ɔyɛɛ saa kurow no na ɔkyekyee.+ 11  Gyidi nti na Sara nso nyaa ahoɔden de nyinsɛn aseni* bere a na wapa saa mfe no ho mpo.+ Efisɛ obuu Nea ɔhyɛɛ bɔ no ɔnokwafo.* 12  Enti ɔbarima baako a na ɛte sɛ nea wawu no,+ ne mu na wonyaa* mma+ a wɔdɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na wɔn dodow te sɛ mpoano anwea a enni ano.+ 13  Gyidi mu na saa nnipa yi nyinaa wuwui a wɔanhu sɛ bɔhyɛ ahorow no aba mu;+ nanso wohui wɔ akyirikyiri+ de anigye gye toom, na wɔka kyerɛɛ nkurɔfo* sɛ wɔyɛ ahɔho ne amamfrafo wɔ asaase no so. 14  Na wɔn a wɔka nsɛm a ɛte saa no, wɔde kyerɛ sɛ wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a ɛbɛyɛ wɔn ankasa de. 15  Na sɛ wɔkɔɔ so kaee baabi a wotu fii no+ a, anka wobenya kwan asan akɔ hɔ. 16  Nanso afei wɔrehwehwɛ baabi a eye kyɛn saa, kyerɛ sɛ, nea ɛyɛ ɔsoro dea. Enti wɔn ho nyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ ɔbɛma wɔafrɛ no wɔn Nyankopɔn,+ efisɛ wasiesie kurow bi ama wɔn.+ 17  Gyidi nti na bere a wɔsɔɔ Abraham hwɛe+ no, ɔde Isak bɔɔ afɔre wiei koraa ne sa, na ɔbarima a na ɔde anigye agye bɔhyɛ ahorow no yɛe sɛ ɔde ne ba koro+ no rebɔ afɔre, 18  ɛwom sɛ na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Nea wɔbɛfrɛ no ‘w’aseni’* no nam Isak so na ɔbɛba.”+ 19  Nanso ogye dii sɛ Onyankopɔn betumi anyan no afi awufo mu mpo; na ne nsa kaa no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.+ 20  Gyidi nso nti na Isak hyiraa Yakob+ ne Esau+ wɔ nneɛma a na ɛrebɛba ho no. 21  Gyidi nti na bere a Yakob rebewu no,+ ohyiraa Yosef mma mmarima no mu biara,+ na obutuw ne poma ti so somee no.+ 22  Gyidi nti na bere a Yosef rebewu no, ɔkaa tu a Israel mma betu afi Egypt ho asɛm; na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnyɛ ne nnompe.*+ 23  Gyidi nti na bere a wɔwoo Mose no, n’awofo de no siei abosome abiɛsa,+ efisɛ wohui sɛ abofra kumaa no ho yɛ fɛ,+ na wɔansuro ɔhene mmara no.+ 24  Gyidi nti na bere a Mose nyinii no,+ wampɛ sɛ wɔfrɛ no Farao babea ba+ no, 25  na mmom ɔpɛe sɛ ɔbɛma wɔatan ɔne Onyankopɔn nkurɔfo ani sen sɛ obenya bɔne mu anigye bere tiaa bi. 26  Nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, obuu Nea Wɔasra No* no animguase sɛ ɛyɛ ahonyade kɛse sen Egypt agyapade, efisɛ ɔde n’ani nyinaa sii akatua no so. 27  Gyidi nti na ofii Egypt+ a wansuro ɔhene no abufuw,+ na ɔkɔɔ so gyinaa pintinn te sɛ nea ohu Onii a wonhu no no.+ 28  Gyidi nti odii Twam no, na ɔde mogya petepetee apongua ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsɛefo no renyɛ wɔn mmakan bɔne.*+ 29  Gyidi nti na wɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no mu te sɛ nea wɔnam asaase a ɛso awo so+ no, na bere a Egyptfo yɛe sɛ wɔrefa mu no, ɛmenee wɔn.+ 30  Gyidi nti na Yeriko afasu no dwiriw gui bere a ɔman no twaa ho hyiae nnanson no.+ 31  Gyidi nti na wɔansɛe tuutuuni Rahab amfra asoɔdenfo no, efisɛ ogyee akwansrafo* no asomdwoe mu.+ 32  Na dɛn bio na menka? Sɛ mereka Gideon,+ Barak,+ Samson,+ Yefta,+ Dawid+ ne Samuel+ ne adiyifo nkae no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me. 33  Wɔnam gyidi so ko dii ahenni ahorow so nkonim,+ maa trenee kɔɔ so, nyaa bɔhyɛ ahorow,+ siw agyata ano,+ 34  dwudwoo ogya ano,+ nyaa wɔn ho tetewee a sekan annya wɔn,+ nyaa ahoɔden bere a wɔyɛɛ mmerɛw,+ bɛyɛɛ mmarima a wonim akodi yiye,+ yɛɛ asraafo a wɔbɛtow hyɛɛ wɔn so no pasaa.+ 35  Wɔnam owusɔre so maa mmea nsa kaa wɔn awufo.+ Nanso ebinom de, wɔyɛɛ wɔn ayayade efisɛ wɔampene amma wɔamfa agyede bi so annye wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya owusɔre a ɛkyɛn saa. 36  Yiw, ebinom nso sɔhwɛ a wohyiae ne fɛwdi ne ɔhwe, na nea ɛsen saa mpo no, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu ebinom,+ na wɔde ebi nso guu afiase.+ 37  Wosiw wɔn abo,+ wɔsɔɔ wɔn hwɛe, wɔde sradaa paee wɔn mu,* wɔde sekan kunkum wɔn,+ wɔde nguan nhoma yɛɛ ntaade hyɛe, wɔde mpɔnkye nhoma yɛɛ ntaade hyɛe,+ wodii hia, wohuu amane,+ wodii wɔn ani;+ 38  ná wiase no mfata wɔn.* Wokyinkyin sare so, ne mmepɔw so, ne abodan+ ne asaase so abon mu. 39  Ɛwom, gyidi a na wɔwɔ nti, wɔn nyinaa nyaa adanse pa, nanso wɔanhu sɛ bɔhyɛ no aba mu, 40  efisɛ na Onyankopɔn adi kan ahu sɛ biribi a ɛkyɛn saa da hɔ ma yɛn,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremma wonwie pɛyɛ a yɛnka ho.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “adanse a edi mu.”
Anaa “yɛn nananom.”
Anaa “mmere yi mu.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “na ɔbɛyɛɛ trenee a ɛnam gyidi so ho ɔdedifo.”
Anaa “wɔne no nyinaa benya bɔhyɛ koro no ara.”
Anaa “sɛ onni huammɔ.”
Nt., “aba.”
Anaa “wɔwoo.”
Anaa “wɔkae wɔ baguam.”
Anaa “w’aba.”
Anaa “ɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wonsie no.”
Greek, “Kristo.”
Nt., “mfa ne nsa nka wɔn mmakan.”
Kyerɛ sɛ, nkurɔfo a wɔsoma wɔn kodɛɛ ma wɔkɔhwɛ sɛnea baabi te na wɔbɛka.
Anaa “paee wɔn mu abien abien.”
Anaa “wɔnsɛ wiase.”