Luka Asɛmpa 14:1-35

  • Ɔsaa ɔbarima bi a wahonhon yare Homeda (1-6)

  • Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ apontow ase a, brɛ wo ho ase (7-11)

  • To nsa frɛ wɔn a wɔrentumi ntua wo ka (12-14)

  • Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn a woyii wɔn ho ano ho mfatoho no (15-24)

  • Nea yɛde bɔ afɔre bɛyɛ Yesu suani (25-33)

  • Sɛ nkyene dɛw fi mu a . . . (34, 35)

14  Bere bi, ɔkɔɔ Farisifo mpanyimfo no baako fi Homeda sɛ ɔrekodidi, na na nnipa a ɛwɔ fie hɔ no rehwɛ no dinn.  Na hwɛ! ná ɔbarima bi wɔ n’anim a wahonhon.  Enti Yesu bisaa wɔn a wonim Mmara no ne Farisifo no sɛ: “Mmara ma kwan sɛ wɔsa yare Homeda anaasɛ ɛmma kwan?”+  Nanso wɔyɛɛ dinn. Enti osoo ɔbarima no mu saa no yare, na ɔma ɔkɔe.  Na obisaa wɔn sɛ: “Mo mu hena na sɛ ne ba anaa ne nantwi tɔ abura mu+ Homeda+ a, ɔrenyi no mfi mu ntɛm ara?”  Na wɔantumi anyi ano.  Bere a ohuu sɛnea nnipa a wɔato nsa afrɛ wɔn no rehwehwɛ baabi a edi mu atena+ no, ɔmaa wɔn mfatoho bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ:  “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ ayeforohyia apontow ase a, nkɔtena baabi a edi mu.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a odi mu sen wo.  Ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ mo no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Sɔre ma onipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwu befi hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa. 10  Mmom sɛ wɔto nsa frɛ wo a, kɔ na kɔtena baabi a ɛba fam koraa, na sɛ nea wato nsa afrɛ wo no ba a, waka akyerɛ wo sɛ, ‘Damfo, foro kɔ soro hɔ.’ Ɛno bɛma woanya nidi wɔ wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nyinaa anim.+ 11  Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”+ 12  Na ɔka kyerɛɛ ɔbarima a ɔtoo nsa frɛɛ no no nso sɛ: “Sɛ wotow pon awia anaa anwummere a, mfrɛ wo nnamfo anaa wo nuanom anaa w’abusuafo anaa asikafo a ɛtete wo mpɔtam. Anyɛ saa a, ebia wɔn nso bɛto nsa afrɛ wo, na ɛno bɛyɛ w’akatua. 13  Mmom sɛ wotow pon a, to nsa frɛ ahiafo, mmubuafo, mpakye, ne anifuraefo;+ 14  na w’ani begye, efisɛ wɔn de, wonni biribiara a wɔde betua wo ka. Na wubenya akatua wɔ atreneefo wusɔre+ no mu.” 15  Bere a wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no baako tee eyi no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Anigye ne nea odidi* wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” 16  Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ná onipa bi retow pon+ kɛse anwummere bi, na ɔtoo nsa frɛɛ nnipa pii. 17  Bere a apontow no bere soe no, owura no somaa n’akoa sɛ ɔnkɔka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ, ‘Yɛawie biribiara, enti mommra.’ 18  Nanso wɔn nyinaa fii ase yiyii wɔn ho ano.+ Nea odi kan no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Matɔ asaase, na ehia sɛ mekɔhwɛ; mesrɛ wo, yi me fi mu.’ 19  Na ɔfoforo kae sɛ: ‘Matɔ anantwi du,* na merekɔhwɛ sɛnea wɔte; mesrɛ wo, yi me fi mu.’+ 20  Ɔfoforo nso kae sɛ: ‘Mewaree nkyɛe, enti merentumi mma.’ 21  Enti akoa no bɛkaa nsɛm yi kyerɛɛ ne wura. Ɛnna ofiwura no bo fuwii, na ɔka kyerɛɛ n’akoa no sɛ, ‘Yɛ ntɛm, kɔ kurow no akwan ne ne mmorɔn so, na kɔfa ahiafo ne mmubuafo ne anifuraefo ne mpakye bra.’ 22  Akyiri yi, akoa no kae sɛ, ‘Owura, mayɛ nea wokae no, nanso dan no mu nyɛɛ ma.’ 23  Na owura no ka kyerɛɛ akoa no sɛ, ‘Kɔ nkurɔfo a ɛwɔ akwantempɔn ne anammɔnkwan so no nkyɛn, na wo ne wɔn nka mma wɔmmra, na ama me fi ha ayɛ ma.+ 24  Na mereka akyerɛ mo sɛ, nnipa a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mu biara nni hɔ a m’aduan no bi bɛka n’ano.’”+ 25  Na ɛbae sɛ na nnipadɔm bebree ne no nam, na ɔdan ne ho ka kyerɛɛ wɔn sɛ: 26  “Sɛ obi ba me nkyɛn na wantan* ne papa ne ne maame ne ne yere ne ne mma ne ne nua mmarima ne ne nua mmea, yiw, ne ɔno ara ne nkwa*+ mpo a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 27  Sɛ obi ansoa n’asɛndua,* na wanni m’akyi a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 28  Mo mu hena na ɔpɛ sɛ osi abantenten a onni kan ntena ase nsese nhwɛ sɛ ɔwɔ nea ɔde bewie? 29  Anyɛ saa a, ɔbɛto fapem no, nanso ɔrentumi nwie, na wɔn a wɔn ani tua nyinaa befi ase adi ne ho fɛw, 30  na wɔbɛka sɛ: ‘Onipa yi fii ase sii, nanso wantumi anwie.’ 31  Anaa ɔhene bɛn na sɛ ɔne ɔhene foforo rekɔko a, onni kan ntena ase nnwen ho nhwɛ sɛ obetumi de asraafo 10,000 akohyia nea ɔde 20,000 reba no so no? 32  Sɛ ohu sɛ ɔrentumi ne no nko a, ɛnde bere a ɔbaako no wɔ akyirikyiri noho no, ɔhene no soma nkurɔfo* ma wɔkɔpa ɔbaako no kyɛw sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena wɔn ntam. 33  Saa ara na mo nso, munhu sɛ, sɛ mo mu bi annyaw n’ahode nyinaa hɔ a, ɔrentumi nyɛ me suani.+ 34  “Ɛyɛ nokware sɛ nkyene ye. Na sɛ nkyene dɛw* fi mu a, dɛn na wɔde bɛhyɛ no nkyene?+ 35  Wuntumi mfa mfra anwea, na wuntumi mfa mfra ɔyɛ-asaase-yiye. Wɔtow gu abɔnten. Ma nea ɔwɔ aso a ɔde betie no ntie.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nea odi paanoo.”
Nt., “mpamho anum.”
Anaa “wantew ne dɔ so amma.”
Anaa “kra.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “ahemmɔfo; abɔfo.”
Anaa “ahoɔden.”