Yohane Kyerɛwtohɔ 17:1-26

  • Mpae a etwa to a Yesu ne n’asomafo no bɔe (1-26)

    • Sɛ obi benya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn no (3)

    • Kristofo nka wiase no ho (14-16)

    • “W’asɛm yɛ nokware” (17)

    • “Mama wɔahu wo din” (26)

17  Bere a Yesu kaa eyinom no, ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkae sɛ: “Agya, bere no aso. Hyɛ wo ba no anuonyam, na wo ba no nso nhyɛ wo anuonyam,+  efisɛ woama no ɔhonam* nyinaa so tumi,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn a wode wɔn ama no no nyinaa daa nkwa.+  Sɛ obi benya daa nkwa+ a, ɛsɛ sɛ ohu wo a woyɛ nokware Nyankopɔn koro pɛ+ no, na ohu Yesu Kristo+ a wosomaa no no nso.  Adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no, mayɛ awie de ahyɛ wo anuonyam wɔ asaase so.+  Enti afei, Agya, anuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no, san fa ma me wɔ wo nkyɛn.+  “Nnipa a wuyii wɔn fii wiase maa me no, mama wɔahu wo din.*+ Ná wɔyɛ wo dea, ɛnna wode wɔn maa me, na wɔatie w’asɛm.*  Afei wɔabehu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa fi wo nkyɛn;  efisɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye atom, na wɔabehu ampa sɛ mebae sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+  Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase no, na mmom mesrɛ ma wɔn a wode wɔn ama me no, efisɛ wɔyɛ wo dea; 10  na biribiara a mewɔ no yɛ wo dea, na wo nso wo de yɛ me dea,+ na manya anuonyam wɔ wɔn mu. 11  “Minni wiase bio, na wɔn de, wɔwɔ wiase,+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti, hwɛ wɔn so+ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako* sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako*+ no. 12  Bere a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ esiane wo ara wo din a wode ama me nti; na mabɔ wɔn ho ban, na wɔn mu baako mpo nsɛee+ gye ɔsɛe ba no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a kyerɛwsɛm no bɛba mu.+ 13  Nanso seesei mereba wo nkyɛn, na mereka eyinom wɔ wiase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya anigye a mewɔ no bi pɛpɛɛpɛ.+ 14  Mede w’asɛm ama wɔn. Na wiase no tan wɔn, efisɛ wɔnka wiase no ho+ sɛnea me nso menka wiase no ho no. 15  “Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti.+ 16  Wɔnka wiase no ho,+ sɛnea me nso menka wiase no ho no.+ 17  Fa nokware no tew wɔn ho;*+ w’asɛm yɛ nokware.+ 18  Sɛnea wosomaa me baa wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19  Wɔn nti, meretew me ho,* sɛnea ɛbɛyɛ a nokware no bɛma wɔn nso ho atew.* 20  “Ɛnyɛ eyinom nko ara nti na meresrɛ, na mmom meresrɛ ama obiara a ɔnam wɔn asɛm so gye me di no, 21  sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛnea wo, Agya, wo ne me yɛ baako na me nso me ne wo yɛ baako+ no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wiase no begye adi sɛ wo na wosomaa me. 22  Mede anuonyam a wode ama me no ama wɔn, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no.+ 23  Me ne wɔn yɛ baako, na wo nso wo ne me yɛ baako, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ baako korakora,* na ama wiase no ahu sɛ wo na wosomaa me, na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no. 24  Agya, wɔn a wode wɔn ama me no, mepɛ sɛ wɔbɛka me ho wɔ baabi a mewɔ no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu anuonyam a wode ama me no, efisɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.*+ 25  Trenee Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me de, minim wo,+ na eyinom abehu sɛ wo na wosomaa me. 26  Mama wɔahu wo din na mɛma wɔahu,+ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔdɔ a wode dɔɔ me no bɛtena wɔn mu, na me ne wɔn ayɛ baako.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “adasamma; nnipa.”
Anaa “mada wo din adi akyerɛ wɔn.”
Anaa “wɔadi w’asɛm so.”
Anaa “wobenya adwenkoro.”
Anaa “yɛwɔ adwenkoro.”
Anaa “Fa nokware no yɛ wɔn kronkron.”
Anaa “bɛma wɔn nso ayɛ kronkron.”
Anaa “mereyɛ me ho kronkron.”
Anaa “wɔn baakoyɛ bewie pɛyɛ.”
Anaa “ansa na wɔrenyinsɛn awo nnipa (Greek, kosmos),” kyerɛ sɛ, Adam ne Hawa mma.