Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

KRISTOFO ABRABƆ

Sua Sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So

Sua Sɛ Wobɛhyɛ Wo Ho So

Yɛyɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ yi de, ɛnna fam sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so; ɛsɛ sɛ daa yemia yɛn ani na yɛatumi ayɛ saa. Sɛ yegyaagyaa yɛn ho di yɛn akɔnnɔ akyi a, ebetumi ama yɛahwere Yehowa anim dom. Ebinom ma ntaade a wɔbɛhyɛ, baabi a wɔbɛda, ne aduan ho hia wɔn sen ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wonya ma Onyankopɔn. Ebinom nso, nna ho akɔnnɔ biara a ɛba wɔn mu no na wodi akyi; wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee. (Ro 1:26, 27) Afoforo nso de, nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔn nnamfo bɛpɛ wɔn asɛm anaa wobegye wɔn atom. Enti nea wɔbɛka biara na wodi so.—Ex 23:2.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛn akɔnnɔ amfa yɛn anyɛ akoa? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛn adwene nyinaa si Onyankopɔn apɛde so. (Mt 4:4) Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yentumi nhyɛ yɛn ho so. Adɛn ntia? Efisɛ ɔno na onim nea eye ma yɛn, na nneɛma papa a ɛda yɛn koma so no, onim ɔkwan a ɔbɛfa so ama yɛn nsa aka.—Dw 145:16.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMA SIGARET MMFA WO NNYƐ AKOA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Adɛn nti na ebinom nom sigaret?

  • Wonom sigaret a, dɛn na ebetumi ayɛ wo?

  • Sɛ obi nom sigaret anaa ɛlɛtrɔnik de no bi a, adɛn nti na ɛyɛ bɔne?—2Ko 7:1

  • Sɛ wo kɔn dɔ sɛ nom sigaret a, wubetumi ahyɛ wo ho so!

    Sɛ obi daadaa wo sɛ nom sigaret a, dɛn na wubetumi ayɛ? Woanom ama aka wo hɔ nso a, wobɛyɛ dɛn agyae?