Sua Biribi Fi Bible Mu

Nhoma yi bɛma woahu tete, ɛnnɛ, ne daakye nsɛm nyinaa. Ebi ne, adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Bible mu, Yesu Kristo awo ne ne som adwuma, kosi bere a Ahenni no bɛba.

ADESUA 1

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase

Bible se Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Nanso wunim ɔbɔfo a odii kan bɔɔ no ansa na ɔrebɔ biribi foforo biara?

ADESUA 2

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima ne Ɔbaa a Wodi Kan

Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa a wodi kan na ɔmaa wɔtenaa Eden turom. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ wɔwo na wɔyɛ asase nyinaa paradise.

ADESUA 3

Adam ne Hawa Yɛɛ Onyankopɔn So Asoɔden

Ɛdɛn na ɛmaa dua baako yɛɛ soronko wɔ Eden turom? Ɛdɛn na ɛmaa Hawa dii aduaba no?

ADESUA 4

Abufuw Maa Obi Kum Nipa

Onyankopɔn ani sɔɔ Habel afɔre no, nanso n’ani ansɔ Kain deɛ. Kain huu saa no, ne bo fuwii, na ɔyɛɛ bɔne kɛse bi.

ADESUA 5

Noa Adaka

Bere a abɔfo bi fi soro baa asase so bɛwaree mmaa no, wɔne wɔn woo mma. Mmofra no bɛyɛɛ abran asisifo. Ná nneɛma bɔne rekɔ so wɔ baabiara. Nanso Noa deɛ, na ɔyɛ soronko. Ná ɔdɔ Onyankopɔn, na otiee no.

ADESUA 6

Nnipa Nwɔtwe Nyaa Nkwa Kɔɔ Wiase Foforo Bi Mu

Nsu tɔɔ nna mmaako mmaako 40 awia ne anadwo maa eyiri faa baabiara. Bere a Noa ne n’abusua kɔhyɛɛ adaka no mu no, edii bɛboro afe baako ansa na Yehowa reka akyerɛ wɔn sɛ wompue.

ADESUA 7

Babel Abansoro Tenteenten

Nnipa bi yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛkyekye kurow kɛse anaa wobesisi dan na wɔasi abansoro tenteenten ama ne tenten akodu soro. Adɛn nti na Onyankopɔn maa wɔn kasa sesae prɛko pɛ?

ADESUA 8

Abraham ne Sara Tiee Onyankopɔn

Adɛn nti na Abraham ne Sara tu fii wɔn kurom kodii atutena wɔ Kanaan asase so?

ADESUA 9

Afei Deɛ, Wɔawo Ɔbabarima!

Na Onyankopɔn bɛyɛ dɛn ama ɛbɔ a wahyɛ Abraham no abam? Abraham ba bɛn na na ɛbɛfa ne so abam—Isak anaa Ismael?

ADESUA 10

Kae Lot Yere No

Onyankopɔn maa ogya ne sufre tɔ guu Sodom ne Gomora so. Ɛyɛɛ dɛn na wɔsɛee nkurow mmienu no? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae Lot yere no?

ADESUA 11

Gyidi Ho Sɔhwɛ

Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa wo ba koro no kɔ Moria asase so kɔbɔ afɔre wɔ mmepɔw no mu ma me.’ Ná Abraham bɛyɛ dɛn agyina gyidi ho sɔhwɛ yi ano?

ADESUA 12

Yakob Nyaa Agyapade No

Isak ne Rebeka woo mmabarima mmienu. Ná wɔyɛ ntafo. Wɔfrɛ wɔn Esau ne Yakob. Esau na wodii kan woo no, enti na obenya agyapade soronko bi. Adɛn nti na ɔde sesaa aduan?

ADESUA 13

Yakob ne Esau Siesiee Wɔn Ntam

Ɛyɛɛ dɛn na Yakob nyaa nhyira fii ɔbɔfo hɔ? Ɔkwan bɛn na Yakob faa so siesiee ɔne Esau ntam?

ADESUA 14

Akoa Bi a Ɔyɛɛ Nea Onyankopɔn Pɛ

Yosef yɛɛ adepa, nanso ohyiaa ɔhaw a emu yɛ den. Adɛn ntia?

ADESUA 15

Yehowa Werɛ Amfi Yosef Da

Ɛwom sɛ na Yosef mmɛn n’abusuafo koraa deɛ, nanso Onyankopɔn ma ohuu sɛ ɔka ne ho.

ADESUA 16

Ná Hiob Yɛ Onipa Bɛn?

Bere a na nneɛma mu yɛ den ma Hiob mpo no, otiee Yehowa.

ADESUA 17

Mose Yɛɛ N’adwene sɛ Ɔbɛsom Yehowa

Bere a Mose yɛ abofra no, ne maame nyansa nti, wɔannya no ankum no.

ADESUA 18

Nwura a Ɛredɛw

Adɛn nti na ogya no anhyew nwura no?

ADESUA 19

Ɔhaw Mmiɛnsa a Edi Kan

Farao kɔfaa ɔhaw baa ne nkurɔfo so, efisɛ na ommu ade koraa. Ade ketewa bi a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, wanyɛ.

ADESUA 20

Ɔhaw Nsia a Edi Hɔ

Nsonsonoe bɛn na na ɛwɔ ɔhaw wei ne mmiɛnsa a edi kan no mu?

ADESUA 21

Ɔhaw a Ɛto so Du

Ɔhaw yi sɛee ade paa ma enti awiei koraa no, Farao a na ommu ade no maa Israelfo no kɔe.

ADESUA 22

Anwonwade Bi Sii Wɔ Po Kɔkɔɔ no Ho

Ɔhaw du no deɛ, Farao anwu. Nanso anwonwade a esii wɔ Po Kɔkɔɔ ho no deɛ, wohwɛ a, onyaa ne ti didii mu anaa?

ADESUA 23

Wɔhyɛɛ Yehowa Bɔ

Israelfo no hyɛɛ Onyankopɔn bɔ titiriw bi bere a na wɔregye wɔn ahome wɔ Bepɔw Sinai ase no.

ADESUA 24

Wɔanni Wɔn Bɔhyɛ So

Bere a Mose regye Nsɛm Du no, nkurɔfo no yɛɛ bɔne bi a emu yɛ duru.

ADESUA 25

Wosii Ntamadan a Wɔbɛsom Onyankopɔn Wom

Ná apam adaka no si ntamadan soronko yi mu.

ADESUA 26

Akwansrafo Dumienu

Ná ɛsono Yosua ne Kaleb, ɛnna ɛsono mmarima du a aka a wɔkɔhwɛɛ Kanaan asase no.

ADESUA 27

Wɔyɛɛ Asoɔden Tiaa Yehowa

Ná Kora, Datan, Abiram, ne mmarima 250 no nnim Yehowa yiye.

ADESUA 28

Balaam Afurum Kasae

Obi a na Balaam ntumi nhu no no, afurum no huu no.

ADESUA 29

Yehowa Yii Yosua

Akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa Yosua no, ɛnnɛ nso ebetumi aboa yɛn.

ADESUA 30

Rahab De Akwansrafo no Siei

Yeriko afasu no dwiriw gui. Ɛwom sɛ na Rahab fie no si ɔfasu no so deɛ, nanso ammubu.

ADESUA 31

Yosua ne Gibeonfo No

Yosua bɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Owia, gyina!” Onyankopɔn tiei anaa?

ADESUA 32

Ɔkannifo Foforo ne Mmaa Mmienu a Wɔwɔ Akokoduru

Yosua wui no, Israelfo no fii ase som abosom. Ná wɔrebrɛ, nanso Yehowa nam Ɔtemmufo Barak, odiyifobaa Debora, ne Yael so boaa wɔn.

ADESUA 33

Rut ne Naomi

Mmaa mmienu bi a wɔn kununom awu resan akɔ Israel. Wɔn mu baako ne Rut. Ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ afuw mu; ɛhɔ na Boas huu no.

ADESUA 34

Gideon Dii Midianfo So Nkonim

Bere a Midianfo maa Israelfo no ho kyeree wɔn no, Israelfo no su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Ɛyɛɛ dɛn na Gideon asogyafo kakra yi tumi dii wɔn atamfo a na wɔn dodow si 135,000 no so nkonim?

ADESUA 35

Hanah Bɔɔ Mpae Hwehwɛɛ Ɔbabarima

Ná Elkana de Hanah, Penina, ne mmofra no kɔ Silo kɔsom wɔ asɔrefie. Ɛhɔ na Hanah bɔɔ mpae hwehwɛɛ ɔbabarima. Afe akyi, Hanah woo Samuel!

ADESUA 36

Yefta Bɔhyɛ

Ɛbɔ bɛn na Yefta hyɛe, na adɛn ntia? Dɛn na Yefta babaa no yɛe wɔ ne papa bɔhyɛ no ho?

ADESUA 37

Yehowa ne Samuel Kasae

Ná Ɔsɔfo Panyin Eli mmabarima mmienu no som sɛ asɔfo wɔ asɔrefie hɔ, nanso wɔanni Onyankopɔn mmara so. Ná abofra Samuel yɛ soronko. Yehowa kasa kyerɛɛ Samuel.

ADESUA 38

Yehowa Maa Samson Ahoɔden

Onyankopɔn maa Samson ahoɔden ma ɔko tiaa Filistifo no. Nanso bere a Samson sii gyinae bɔne no, Filistifo no kyeree no.

ADESUA 39

Israel Hene a Odi Kan

Onyankopɔn maa Israelfo no atemmufo sɛ wonni wɔn anim. Nanso Israelfo no kaa sɛ wɔpɛ ɔhene. Samuel sraa Saul sɛ ɔhene a odi kan, nanso akyiri yi Yehowa poo Saul. Adɛn ntia?

ADESUA 40

Dawid ne Goliat

Yehowa paw Dawid sɛ ɔnyɛ Israel hene a odi hɔ. Dawid kyerɛɛ nea enti a ɔfata sɛ Yehowa paw no.

ADESUA 41

Dawid ne Saul

Adɛn nti na mmarima yi mu baako tan ne yɔnko? Nea wɔtan no no, ɔyɛɛ n’ade sɛn?

ADESUA 42

Yonatan Wɔ Akokoduru na Ɔyɛ Ɔnokwafo

Ɔhene ba no ne Dawid faa adamfo denneennen.

ADESUA 43

Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne

Obi yɛɛ bɔne, na ɛkɔfaa ɔhaw pii bae.

ADESUA 44

Wosii Asɔrefie Maa Yehowa

Onyankopɔn penee Ɔhene Solomon adesrɛ so, na ɔmaa no hokwan akɛse.

ADESUA 45

Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Israelfo pii gyaee Yehowa som.

ADESUA 46

Sɔhwɛ Bi Kɔɔ so wɔ Bepɔw Karmel So

Hena ne nokware Nyankopɔn no? Yehowa anaa Baal?

ADESUA 47

Yehowa Hyɛɛ Elia Den

Wohwɛ a wo nso, ɔbɛhyɛ wo den anaa?

ADESUA 48

Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Wɔyɛɛ anwonwade mmienu wɔ fie baako mu!

ADESUA 49

Wɔtwee Ɔhemmaa Tirimɔdenfo Bi Aso

Yesebel yɛɛ n’adwene sɛ obekum Nabot na ama wawia ne bobeturo no! Yehowa huu ne bɔne no.

ADESUA 50

Yehowa Ko Maa Yehosafat

Ɔhempa Yehosafat bɔɔ Onyankopɔn mpae bere a atamfo bae sɛ wɔne Yudafo rebɛko no.

ADESUA 51

Sogyani Panyin ne Abaayewa Bi

Israelni abaayewa bi kaa Yehowa tumi kɛse ho asɛm kyerɛɛ ne maame a na ɔne no te, na anwonwade bi fii mu bae.

ADESUA 52

Yehowa Abɔfodɔm a Ɛredɛw sɛ Ogya

Nea ɛmaa Elisa somfo no huu sɛ ‘wɔn a wɔka wɔn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka Asiria asogyafo no ho.’

ADESUA 53

Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Ɔsɔfo nokwafo bi siw ɔhemmaa tirimɔdenfo bi kwan.

ADESUA 54

Yehowa Nyaa Yona Ho Abotare

Ɛyɛɛ dɛn na apataa kɛse bi menee Onyankopɔn diyifo bi? Ɛyɛɛ dɛn na odiyifo no fii apataa no yam? Dɛn na Yehowa ma osuae?

ADESUA 55

Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Yudafo atamfo kaa sɛ Yehowa rentumi mmɔ ne nkurɔfo ho ban, nanso na ɛnyɛ nokware!

ADESUA 56

Ná Yosia Ani Gye Onyankopɔn Mmara Ho

Yosia bɛyɛɛ Yuda hene no, na wadi mfe nwɔtwe. Ɔboaa ne nkurɔfo no ma wɔsom Yehowa.

ADESUA 57

Yehowa Somaa Yeremia sɛ Ɔnkɔka Asɛm

Nea odiyifo kumaa yi kae no maa Yuda mpanyimfo no bo fuwii.

ADESUA 58

Wɔsɛee Yerusalem

Yudafo no kɔɔ so som abosom, enti Yehowa poo wɔn.

ADESUA 59

Mmerantewa Nnan Bi Tiee Yehowa

Yudafo mmerantewa bi sii wɔn bo sɛ wɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware wɔ Babilon ahemfie mpo.

ADESUA 60

Ahenni a Ɛbɛtena Hɔ Daa

Dae huhuuhu a Nebukadnesar soe no, Daniel kyerɛkyerɛɛ mu.

ADESUA 61

Wɔankotow Ohoni No

Sadrak, Mesak, ne Abednego ansom Babilon hene no sika honi kɛse no.

ADESUA 62

Ahenni Bi a Ɛte sɛ Dua Kɛse

Dae a Nebukadnesar soe no, na ɛfa ɔno ankasa daakye ho.

ADESUA 63

Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho

Bere bɛn na nkyerɛwee a ɛyɛ nwonwa yi beguu ɔfasu no ho, na na ɛkyerɛ sɛn?

ADESUA 64

Daniel Da Agyata Amena Mu

Bɔ Yehowa mpae daa sɛnea Daniel yɛe no!

ADESUA 65

Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa

Ɛwom sɛ na Ester yɛ ɔhɔho ne agyanka deɛ, nanso ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa.

ADESUA 66

Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara

Bere a Israelfo no tiee Esra wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn bɔ titiriw bi.

ADESUA 67

Yerusalem Afasu

Nehemia tee sɛ n’atamfo pɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ wɔn so. Adɛn nti na na onsuro?

ADESUA 68

Elisabet Awo Ba

Adɛn nti na ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Elisabet kunu sɛ ɔrentumi nkasa kosi sɛ wɔbɛwo abofra no?

ADESUA 69

Gabriel Baa Maria Nkyɛn

Ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Maria ma ɛsesaa n’asetena.

ADESUA 70

Abɔfo Bɛkaa sɛ Wɔawo Yesu

Nguanhwɛfo a wɔtee Yesu awo ho asɛm no yɛɛ wɔn ade ntɛm.

ADESUA 71

Yehowa Bɔɔ Yesu Ho Ban

Ná ɔhemmɔne bi repɛ Yesu akum no.

ADESUA 72

Abofra Yesu

Dɛn na Yesu yɛe wɔ asɔrefie hɔ a ɛmaa akyerɛkyerɛfo no ho dwiriw wɔn?

ADESUA 73

Yohane Siesiee Kwan Mu

Yohane nyin bɛyɛɛ odiyifo. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ Mesia no reba. Nkurɔfo yɛɛ wɔn ade sɛn wɔ asɛm a ɔkae no ho?

ADESUA 74

Yesu Bɛyɛɛ Mesia

Yohane kaa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Guammaa. Ná Yohane kyerɛ sɛn?

ADESUA 75

Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe

Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe mprɛnsa. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ɔde sɔɔ no hwɛe? Dɛn na Yesu yɛɛ wɔ ho?

ADESUA 76

Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie no Ho Fĩ

Adɛn nti na Yesu pamoo mmoa fii asɔrefie hɔ na opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam?

ADESUA 77

Ɔbaa Bi a Ɔwɔ Abura Ho

Yesu ne Samariani baa bi kasae wɔ Yakob abura ho, na ɔbaa no ho dwiriw no. Adɛn ntia? Asɛm bi a Yesu nka nkyerɛɛ obiara da no, ɔka kyerɛɛ ɔbaa no. Ɛyɛ asɛm bɛn?

ADESUA 78

Yesu Kaa Ahenni no Ho Asɛm

Yesu too nsa frɛɛ n’akyidifo no bi sɛ ‘wommeyi nnipa.’ Akyiri yi, ɔtetee n’asuafo no mu 70 sɛ wɔnkɔka asɛmpa no.

ADESUA 79

Yesu Yɛɛ Anwonwade Pii

Baabiara a Yesu kɔe no, ayarefo baa ne kyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Abaayewa bi a owui mpo, onyanee no.

ADESUA 80

Yesu Yii Asomafo Dumienu

Dɛn nti na oyii wɔn? Wokae wɔn din?

ADESUA 81

Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipakuw maa wosuaa biribi titiriw bi.

ADESUA 82

Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Nneɛma bɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnkɔ so mmisa?

ADESUA 83

Yesu Maa Nnipa Mpempem Aduan Dii

Dɛn na anwonwade yi ma yehu fa Yesu ne Yehowa ho?

ADESUA 84

Yesu Nantew Nsu So

Wohwɛ a, asomafo no bɛte nka sɛn bere a wohuu anwonwade yi?

ADESUA 85

Yesu Saa Yare Homeda

Adɛn nti na ebinom ani annye nea Yesu yɛe no ho?

ADESUA 86

Yesu Nyanee Lasaro

Bere a Yesu huu sɛ Maria resu no, ɔno nso sui. Nanso ankyɛ na wɔn su no dan anigye.

ADESUA 87

Yesu Anwummeduan a Etwa To

Bere a Yesu ne asomafo no redi anwummeduan a etwa no, ɔkaa asɛm bi a ɛho hia paa kyerɛɛ wɔn.

ADESUA 88

Wɔkyeree Yesu

Yuda Iskariot dii nnipadɔm bi a wokurakura sekan ne nnua anim sɛ wɔrekɔkyere Yesu.

ADESUA 89

Petro Kaa sɛ Onnim Yesu

Dɛn na esii wɔ Kaiafa fie no mu? Dɛn na ɛtoo Yesu wɔ ɔdan no mu?

ADESUA 90

Yesu Wuu Wɔ Golgota

Adɛn nti na Pilato ma wokum Yesu?

ADESUA 91

Yesu Nyan Fii Awufo Mu

Bere a wokum Yesu no, anwonwasɛm bɛn na esii nna kakra akyi?

ADESUA 92

Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Woyi Nam

Dɛn na Yesu yɛ ma wɔbaa ne nkyɛn?

ADESUA 93

Yesu San Kɔɔ Soro

Nanso ansa na ɔrekɔ soro no, ɔmaa n’asuafo no ahyɛde bi a ɛho hia paa.

ADESUA 94

Asuafo no Nyaa Honhom Kronkron

Tumi soronko bɛn na honhom kronkron no de maa wɔn?

ADESUA 95

Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Ná asɔfo mpanyimfo a wokum Yesu no pɛ sɛ wɔma asuafo no ka wɔn ano tom. Nanso wɔantumi.

ADESUA 96

Yesu Paw Saul

Ná Saul tan Kristofo paa, nanso ɔsesae.

ADESUA 97

Honhom Kronkron Baa Kornelio So

Adɛn nti na Onyankopɔn somaa Petro kɔɔ ɔbarima a ɔnyɛ Yudani yi fie?

ADESUA 98

Kristosom Trɛw Kɔɔ Aman Pii So

Ɔsomafo Paulo ne ne mfɛfo tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so.

ADESUA 99

Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Honhommɔne, asasewosow, ne sekan fa asɛm yi ho sɛn?

ADESUA 100

Paulo ne Timoteo

Mmarima mmienu no boom yɛɛ adwuma mfe pii sɛ nnamfo ne mfɛfo asomfo.

ADESUA 101

Wɔde Paulo Kɔɔ Roma

Ná akwantu no yɛ hu paa, nanso biribiara antumi ammu ɔsomafo no abam.

ADESUA 102

Yohane Adiyisɛm

Yesu maa Yohane nyaa daakye ho anisoadehu pii.

ADESUA 103

“W’ahenni Mmra”

Yohane Adiyisɛm no ma yehu sɛnea Onyankopɔn Ahenni bɛma nneɛma asesa wɔ asase so.