Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 2

Munni Mo Ho Nokware

Munni Mo Ho Nokware

“Nea Onyankopɔn aka abom no, mma onipa biara nntetew mu.”—Marko 10:9

Yehowa pɛ sɛ ‘yɛnantew nokwaredi’ mu. (Dwom 15:2) Nokwaredi ho hia paa wɔ aware mu, efisɛ woanni wo yere anaa wo kunu nokware a, ɔrennye wo nni. Na sɛ wannye wo anni nso a, ɔdɔ rentena aware no mu.

Ɛnnɛ, nokwaredi nni wiase, enti nnipa bebree nni wɔn kununom anaa wɔn yerenom nokware. Sɛ wubetumi ama nokwaredi atena w’aware mu a, ɛnde nneɛma mmienu bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ.

1 MA W’AWARE HO NHIA WO PAA

NEA BIBLE NO KA: ‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Nneɛma a ɛsɛ sɛ ehia wo paa wɔ asetenam no, baako ne w’aware. Enti ntoto no ase koraa.

Yehowa pɛ sɛ woma w’ani kũ wo yere anaa wo kunu ho na wo ne no nyinaa ‘ani gye.’ (Ɔsɛnkafo 9:9) Yehowa aka no pefee sɛ, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu wo yere anaa wo kunu ahiade so da, mmom ɛsɛ sɛ mo mu biara yɛ nea ɛbɛma ne yɔnko ani agye. (1 Korintofo 10:24) Ma wo yere anaa wo kunu nhu sɛ wodɔ no na ne ho hia wo.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Wo ne wo yere anaa wo kunu ntaa nyɛ nneɛma mmom, na nya ne ho adagyew

  • Biribiara a wobɛyɛ no kae sɛ woyɛ ɔwarefo, enti worekasa a, ka sɛ “yɛn” nka sɛ “me”

2 BƆ WO KOMA HO BAN

NEA BIBLE NO KA: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:28) Sɛ obi kɔ so dwinnwen aguamansɛm ho a, ɔkwan bi so no onni ne kunu anaa ne yere nokware.

Yehowa aka sɛ, ɛsɛ sɛ ‘wobɔ wo koma ho ban.’ (Mmebusɛm 4:23; Yeremia 17:9) Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na w’aniwa ansum wo afiri. (Mateo 5:29, 30) Suasua agya panyin Hiob. Ɔne n’aniwa yɛɛ apam sɛ ɔrenhwɛ ɔbea wɔ ɔkwan a ɛmfata so na wannya ne ho akɔnnɔ. (Hiob 31:1) Si wo bo sɛ worenhwɛ ponografi na worenkyerɛ obi a ɔnyɛ wo yere anaa wo kunu ho anigye.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Ma nkurɔfo nhu sɛ wo yere anaa wo kunu da wo koma so paa

  • Sɛ wo ne obi bɔ na wo yere anaa wo kunu ani nnye ho a, dwen ne ho na twa so ntɛm