Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SƐNEA YƐDE NTOBOA A WUYI NO DI DWUMA

Ɔmantam Nhyiam a Yeyii Wɔ TV So Na Yɛsan Bɔɔ Wɔ Radio So

Ɔmantam Nhyiam a Yeyii Wɔ TV So Na Yɛsan Bɔɔ Wɔ Radio So

AUGUST 1, 2021

 Afe 2020 ɔmantam nhyiam no, na ɛyɛ adutwam koraa. Ɛno ne ɔmantam nhyiam a edi kan a yɛkyeree dwumadi no nyinaa guu Intanɛt so! Nanso wokɔ Malawi ne Mozambique a, anuanom a ɛwɔ hɔ no mu dodow no ara anhwɛ dwumadi no wɔ Intanɛt so. Ɛnde wɔyɛɛ dɛn hwɛe?

 Akwankyerɛ Kuw no yɛɛ nhyehyɛe soronko bi maa wɔn. Wɔnam Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw ne Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no so na ɛyɛe. Ɛne sɛ, wɔmaa kwan sɛ Malawi ne Mozambique nko ara de, wobetumi ayi nhyiam dwumadi no wɔ TV so na wɔabɔ wɔ radio so. Adɛn nti na na ehia sɛ wɔyɛ no saa? Yenni kan nhwɛ Malawi. Wiase nyinaa, aman a Intanɛt bo yɛ den paa wɔ hɔ no, Malawi ka ho. Enti anuanom a ɛwɔ hɔ no, baako mmienu bi pɛ na anka wobetumi atua ho ka ahwɛ nhyiam no. Onua William Chumbi a ɔka Malawi Baa Boayikuw no ho no kyerɛɛ mu sɛ: “Yebehui sɛ, sɛ anuanom betumi ahwɛ nhyiam no bi a, gye sɛ yɛde fa TV ne radio so.” Luka Sibeko nso ka Malawi Baa Boayikuw no ho. Ɔde kaa ho sɛ: “Nhyiam no a woyii wɔ TV so san bɔɔ wɔ radio so no boae paa. Anyɛ saa a, anka anuanom a ɛwɔ ha no mu bebree rennya nhyiam no so mfaso.” Mozambique nso, anuanom dodow no ara, nea wɔde retɔ afiri ahwɛ nhyiam no mpo wonni bi, na kampɛsɛ sika a wɔde betua Intanɛt ho ka.

Sɛnea Yɛyɛɛ Ho Nhyehyɛe

 Nhyiam no nnya nnuu so mpo no, na TV station ahorow bi wɔ hɔ a yɛma woyi yɛn asafo nhyiam no esiane COVID-19 yare no nti. Radio station ahorow bi nso saa ara; na yɛma wɔbɔ yɛn asafo nhyiam no. a Enti anuanom kɔɔ saa TV ne radio station ahorow yi hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔpɛ sɛ woyi nhyiam dwumadi no nso ka ho.

 Nanso, anuanom a ɛwɔ Malawi no hyiaa ɔhaw bi. Ɛne sɛ, TV ne radio station a ɛwɔ ɔman no mu no, sɛ wopɛ sɛ woyi biribi anaa wɔbɔ biribi ma wo a, mpɛn pii no ɛnsɛ sɛ ɛyɛ biribi a ebedi aboro dɔnhwerew baako. Ɛyɛ a ɛhaw wɔn sɛ, sɛ woyi anaa wɔbɔ biribi a ɛware pii a, ɛbɛma wɔn atiefo no abrɛ na wɔakyim afi hɔ. Nanso anuanom kyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ, adwuma a yɛyɛ no, ɛyɛ ɔmanfo yiyedi ntia. Na seesei a nnipa dodow no ara te fie no, yɛpɛ sɛ yɛma asɛmpa a ɛwɔ Bible mu no du wɔn nkyɛn na ɛkyekye wɔn werɛ. Ɛbɛsan ama wɔayɛ ɔmanfo a wodi mmara so, na wɔbɛsan anya anigye wɔ wɔn mmusua mu. Anuanom kyerɛɛ mu saa no, station ahorow no hui sɛ wɔn asɛm no tɔ asom, enti wɔpenee so sɛ wɔbɛbɔ nhyiam dwumadi no ama yɛn.

 TV station baako ne radio station baako na ɛbɔɔ nhyiam dwumadi no wɔ Malawi. Saa station mmienu no, baabiara a wowɔ wɔ Malawi no, wubetumi akyere. Enti dwumadi no tumi duu nnipa ɔpepem pii nkyɛn. Mozambique nso, TV station baako ne radio station 85 na ɛbɔɔ dwumadi no maa ɔmanfo.

 Yɛka aman mmienu no bom a, ɛka a yɛbɔ ma woyii nhyiam no wɔ TV so no sii dɔla 28,227. b Radio station no nyinaa nso, ɛho ka sii bɛyɛ dɔla 20,000. Radio station a yɛammɔ ka koraa no, yetuaa dɔla 15, efisɛ saa station no, na ennu akyiri. Nea yɛbɔɔ ka paa no nso, yetuaa dɔla 2,777, efisɛ saa station no de, na edu ɔman no mu baabiara.

 Yɛn nuanom a wodii anim no nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔde sika no bedi dwuma yiye. Yɛhwɛ Malawi sei a, wotumi ne TV ne radiofo no ka ma wɔtew ɛka no so maa yɛn. Baabi mpo de, sika a anka ɛsɛ sɛ yetua no, wɔtew so ɔha mu nkyekyɛm 30. Wei nyinaa boa ma ɛka a yɛbɔe no, ɛso tew dɔla $1,711. Yɛkɔ Mozambique nso a, nea ɛmaa station no bi tew ɛka no so maa yɛn ne sɛ, wɔkaa sɛ yɛn de, yetua wɔn ka wɔ bere ano, na nea yɛaka sɛ yebetua no nso, yetua no pɛpɛɛpɛ.

Anuanom Kyerɛɛ Ho Anisɔ Paa

 Yɛn nuanom ani gyei paa sɛ wotumi hwɛɛ nhyiam no wɔ TV so anaa wotiee wɔ radio so. Patrick yɛ asafo mu panyin a ɔwɔ Malawi. Tie nea ɔkae: “Yɛda Akwankyerɛ Kuw no ase sɛ wohuu yɛn haw wɔ COVID-19 bere yi mu, na wɔyɛɛ yɛn mmoa.” Isaac nso fi Malawi. Ɔkaa sɛ: “Nea yɛwɔ ara ne radio. Yenni afiri foforo biara. Enti yɛda Yehowa ahyehyɛde no ase sɛ wɔyɛɛ nhyehyɛe ma yetiee ɔmantam nhyiam dwumadi no wɔ radio so. Ɛmaa m’abusua nyaa so mfaso. Yehu sɛ wei yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo.”

 Afei yɛnhwɛ ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Mozambique. Ɔnkɔɔ ɔmantam nhyiam da; afe 2020 de no ne nea edi kan koraa a ɔkɔe. Ɔkaa sɛ: “Mehwɛ sɛnea wɔyɛɛ nhyehyɛe ma yetumi hwɛɛ nhyiam no wɔ TV so a, ɛkae me sɛ Yehowa ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ampa. Yare no antumi ansi honhom fam aduan a ɔde brɛ yɛn no kwan. Wei mpo de, ɔde aduan no brɛɛ me wɔ me dan mu pɛɛ. Nhyiam no ma mihuu ɔdɔ kann a ɛwɔ Yehowa nkurɔfo ntam. Biribiara kyerɛ sɛ nokware no, ɛno ara ni.”

 Asafo mu panyin bi a ɔde Wyson kaa sɛ: “Mepɛ sɛ meda akoa nokwafo no ase wɔ sɛnea wɔahwɛ yɛn wɔ COVID-19 bere yi mu. Ɔmantam nhyiam no sei, sɛ ɛnyɛ sɛ woyii wɔ TV so na wɔbɔɔ wɔ radio so a, anka yɛn mu pii rennya bi ntie. Nea enti ne sɛ ohia wɔ ha paa. Enti yɛda wɔn ase sɛ wɔma yenyaa nhyiam no so mfaso.”

 Afe 2021 ɔmantam nhyiam no nso ɛ? Ɛno nso, Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw ne Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no apene so sɛ, aman bi wɔ hɔ a wɔbɛma wɔayi wɔ TV so na wɔabɔ wɔ radio so. Nhyiam a yeyi wɔ TV so na yɛbɔ radio so no, yɛyɛ dɛn tua ho ka? Ntoboa a muyi de boa wiase nyinaa adwuma no na yɛde tua. Mo mu pii fa donate.mt711.com so na eyi. Yɛda mo ase sɛ mubue mo nsam yi ntoboa.

a Afe 2020 mfiase mu hɔ baabi no, COVID-19 yare no nti, Nsɛm Ho Dwumadi Boayikuw no penee so sɛ mmeae bi wɔ hɔ a, wɔbɛma wɔayi yɛn asafo nhyiam no wɔ TV so na wɔasan abɔ wɔ radio so. Nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ, baabi a anuanom binom te no, Intanɛt nni hɔ; sɛ ebi wɔ hɔ mpo a ne bo yɛ den. Anuanom binom mpo de, baabi a wɔte no, nɛtwɛk nyɛ papa. Anuanom a wɔte saa no, ɛyɛ a wontumi ne asafo a wɔwom no mmom nyɛ adesua. Saa ara nso na wontumi nhwɛ nea ɛwɔ JW Stream so no. Enti TV ne radio so de no ara na ɛboa wɔn. Nanso mmeae a ɛnyɛ den sɛ obi ne n’asafo bɛbom ayɛ adesua no de, wɔanyɛ saa nhyehyɛe yi bi amma wɔn.

b Dɔla a yɛreka ho asɛm wɔ ha yi yɛ Amerika dɔla.