ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM January 2017

Adesua nsɛm a yebesua February 27 kosi April 2, 2017.

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa

Anuanom mmea a wɔakɔsom wɔ amannɔne no, mfiase no na wɔmpɛ sɛ wotu kɔtena obi man so. Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa akokoduru kɔe? Dɛn na wɔasua afi amannɔne a wɔkɔsomee no mu?

“Fa Wo Ho To Yehowa So na Yɛ Papa”

Nea yɛrentumi nyɛ no, Yehowa ani gye ho sɛ obeso yɛn mu. Nanso ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara. Ɔkwan bɛn so na 2017 afe asɛm no bɛboa yɛn ama yɛakari pɛ?

Ma W’ani Nnye sɛ Onyankopɔn De Wo Pɛ Ama Wo

Sɛ yɛka sɛ yɛde obi pɛ ama no a, ɛkyerɛ sɛn? Dɛn na Bible ka fa ho? Sɛ obi si gyinae a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu gyinae a wasi no?

Ahobrɛase Ho Da So Ara Hia?

Obi brɛ ne ho ase a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade? Adɛn nti na ɛyɛ su pa?

Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase

Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase betumi aboa yɛn ama asi yɛn yiye wɔ ɔsom adwuma a yɛreyɛ no mu; wɔkasa tia yɛn anaa wɔkamfo yɛn a, ɛrempira yɛn; ɛbɛma yɛasi gyinae pa?

‘Nea Wote Fii M’anom no, Fa Hyɛ Nnipa Anokwafo Nsa’

Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi aboa mmerante ama wɔasi wɔn ananmu? Ɔkwan bɛn so na mmerante betumi akyerɛ sɛ w’ani sɔ anuanom a wɔde mfe pii adi asafo no anim no?

So Wunim?

Tete no sɛ wɔde ogya retu kwan a, na wɔyɛ no sɛn?