Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

1 Ɛboa Ma Yɛkwati Ɔhaw

1 Ɛboa Ma Yɛkwati Ɔhaw

Bible ma yehu sɛ emu afotusɛm no fi Onyankopɔn hɔ, na “eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ.” (2 Timoteo 3:16) Wohwɛ a ɛyɛ nokware? Ebinom de afotusɛm a ɛwɔ Bible mu no ayɛ adwuma, enti bere a wohyiaa ɔhaw akɛse wɔ asetenam no, wɔamma anhyɛ wɔn so, mmom no wɔkwatii. Yɛnhwɛ wɔn mu bi.

ASANOM BEBREBE

Delphine a yɛkaa ne ho asɛm no kaa sɛ, sɛ adwinnwen hyɛ ne so a, na ɛyɛ no sɛ ɔnnom nsa bebree. Bible nkasa ntia nsa kakra a obi bɛnom. Nanso ɛka sɛ: ‘Nkɔka sadweamfo ho.’ (Mmebusɛm 23:20) Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnom nsa bebree no, etumi bɔ wɔn yare, ɛsɛe wɔne afoforo ntam, na afe biara wɔn mu ɔpepem pii wuwu mpofirim. Sɛ yɛde Bible mu afotusɛm yɛ adwuma a, yebetumi akwati saa ɔhaw yi mu dodow no ara.

Saa na Delphine yɛe. Seesei ɔka sɛ: “Mibehui sɛ ɛnyɛ nsa na ɛbɛboa me. Mede afotusɛm a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no yɛɛ adwuma. Ɛka sɛ: ‘Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa . . . mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim.’ Anadwo biara a mɛte nka sɛ m’adwenem ayɛ bebree anaasɛ adwinnwen ahyɛ me so no, mekotow srɛ Yehowa. Meka me haw nyinaa kyerɛ no. Nea ama me bo afuw, nea enti a meredi yaw, anaa mabotow no, meka ne nyinaa kyerɛ no. Afei, mesrɛ no sɛ ɔmmoa me ma minhu nea ɛsɛ sɛ meyɛ na ama m’ani agye. Ade kye a, mehwɛ hu sɛ mayi dadwen no nyinaa afi me kɔn so ampa. Wei a meyɛe no boaa me ma mede m’adwene sii nea mewɔ so mmom sen sɛ mede besi nea minni so. Misii gyinae sɛ merennom nsa bio. Asomdwoe a minyae no, na ɛsom bo ma me paa, enti meyɛɛ m’adwene sɛ meremma emfi me nsa da.”

ƆBRASƐE

Yɛreka ɔhaw a etumi tew koma anaa ɛma awerɛhow hyɛ obi so paa a, ɔbrasɛe yɛ emu baako. Nanso Bible mu afotusɛm betumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛkɔfa saa ɔhaw yi ba na yɛakwati. Ebi ne sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ obi anaa wobɛhwɛ ponografi. Aberante bi a ɔde Samuel kaa sɛ: “Na ɛnyɛ den koraa sɛ mede me ho bɛhyehyɛ mmea. Ɛtɔ da bi a, mitumi hu sɛ ɔbaa bi ani gye me ho, nanso na m’ani nnye ne ho. Ɛba saa a, ɛyɛ me dɛ sɛ mede me ho bɛhyehyɛ no.” Samuel behuu sɛ na wɔtaa bɔ no sobo sɛ ɔde ne ho hyehyɛ mmaa bere mpo a na ɔnyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛhyɛ da de ne ho ahyehyɛ mmaa. Nanso, na saa suban no haw no. Seesei ɔka sɛ: “Ná nea meyɛ no haw me paa. Efisɛ ɛma meyɛɛ pɛsɛmenkominya.”

Samuel kenkan asɛm bi a wɔde agu jw.org wɛbsaet so ama mmabun. Afei odwen asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 20:11 ho. Ɛka sɛ: “Abofra mpo, wɔde ne nneyɛe na ehu sɛ ne nnwuma ho tew na ɛteɛ.” Ɛboaa no sɛn? Samuel behuu sɛ mmaa a ɔde ne ho hyehyɛ wɔn no nyɛ suban a ɛho tew anaa ɛteɛ. Seesei ɔka sɛ: “Mibehui sɛ, sɛ obi yɛ ɔbabun na ɔde ne ho hyehyɛ obi a, ɛma onya subammɔne, na ɛno remma ɔnyɛ okunu anaa ɔyere pa. Misusuw ho sɛ, sɛ daakye meware na me yere hu sɛ mede me ho rehyehyɛ ɔbaa foforo a, sɛn na ɔbɛte nka? Ɛma mibehui sɛ saa suban no nye. Ɛwom, ɛnyɛ den sɛ wode wo ho bɛhyehyɛ obi de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ suban pa.” Samuel yɛɛ nsakrae. Ogyae sɛ ɔde ne ho bɛhyehyɛ mmaa, na ɛno aboa no ma wakwati ɔbrasɛe.

Ɔbrasɛe a Antonio de ne ho hyɛɛ mu mpo deɛ, ani soso paa. Ɔhwɛɛ ponografi ma ɛkaa ne hɔ. Ɛwom sɛ na waware ɔbaa a ɔdɔ no paa deɛ, nanso ɛreyɛ ara ni na wakɔhwɛ ponografi. Ɔkaa sɛ bere a odwinnwen 1 Petro 5:8 ho no, ɛboaa no paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn. Mo tamfo Ɔbonsam nenam sɛ gyata a ɔbobom apɛ obi amene no.” Antonio kaa sɛ: Ponografi atwa yɛn ho ahyia wɔ wiase yi mu baabiara, na saa mfonini yi betumi aka w’adwene mu. Kyerɛwsɛm yi boaa me ma mihuu baabi a saa sɔhwɛ no fi. Enti sɛ m’ani bɔ mfonini a ɛtete saa so a, ɛsɛ sɛ mekae no ntɛm ara sɛ efi Ɔbonsam. Seesei mabehu sɛ ɛyɛ Yehowa nkutoo na obetumi aboa me ma ‘m’ani ada hɔ na mawɛn’ sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ako atia saa sɔhwɛ ɛba m’adwene, me koma, ne m’aware mu no. Antonio nyaa mmoa a na ohia no, enti seesei watumi agyae saa subammɔne no. Wei aboa no ma wakwati ɔhaw akɛse mpo.

Enti yɛahu pefee sɛ, afotu a Bible de ma yɛn no, nyansa wom na ebetumi aboa yɛn ama yɛakwati ɔhaw akɛse. Na sɛ ɔhaw bi abɛtena yɛn so nso ɛ? Yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ama yɛadi saa ɔhaw ahorow no ho dwuma.

Nyansa wɔ Bible afotusɛm mu, na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati ɔhaw ahorow bi