Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye

Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye

Ɛkame ayɛ sɛ, nnipa pii pɛ sɛ esi wɔne wɔn mmusua yiye. Wonyae a, anka wɔne wɔn mmusua ani gye, wɔwɔ apɔwmuden, wɔn asom dwo wɔn, na wodi yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ, wo nso wunyaa no saa a, anka wopɛ.

Nanso nnipa pii wɔ hɔ a, ɛyɛ a wonnye nni sɛ asetena pa a wɔrehwɛ kwan no, wɔn nsa bɛka, efisɛ wɔahu sɛ nneɛma tumi sesa prɛko pɛ. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a COVID-19 yare kodiawu no yii ne ti no, nneɛma dan butuwii, amanfo sikasɛm yɛɛ basaa, na ebinom mpo faa mu hweree wɔn nkwa. Sɛ wɔhwɛ saa nneɛma yi nyinaa a, ɛma wobisa wɔn ho sɛ, ‘Enti asetena pa a yɛrehwehwɛ yi, yɛn nsa bɛka ni?’

Esiane sɛ obi nnim ɔkyena asɛm nti, nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ anaa wɔbɛyɛ nneɛma bi a ebetumi ama asi wɔn yiye daakye. Ebinom gye di sɛ obiara wɔ ne nkrabea, anaa nea ebesi wɔ wɔn asetena mu no, wɔahyehyɛ ato hɔ dedaw, ɛno nti wonni wɔn daakye so tumi. Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wɔkɔ sukuu kɔ akyiri anaa wonya wɔn ho a, sɛnea ɛte biara ebesi wɔn yiye. Afoforo nso gye di sɛ, sɛ wɔyɛ papa a, ɛno na ɛbɛma asi wɔn yiye.

Wo nso ɛ, wuhu no sɛn? Nneɛma a yɛabobɔ so yi, wugye di sɛ emu bi betumi ama asi wo yiye anaa? Sɛ wubetumi anya saa asɛm no ho mmuae a, ɛsɛ sɛ wususuw nsɛmmisa a edidi so yi ho:

  • Sɛ ebesi wo yiye daakye a, egyina dɛn so?

  • Sɛ wusua nhoma kɔ akyiri anaa wunya sika a, ɛno na ɛbɛma asi wo yiye wɔ abrabɔ mu anaa?

  • Sɛ woyɛ onipa pa a, ɛkyerɛ sɛ sɛnea ɛte biara ebesi wo yiye daakye anaa?

  • Sɛ wopɛ sɛ esi wo yiye wɔ abrabɔ mu a, dɛn na ebetumi aboa wo?

Ɔwɛn-Aban yi bɛma woanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.