Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Halloween Ho Nokwasɛm

Halloween Ho Nokwasɛm

Wɔhyɛ Halloween ho fã wɔ baabi a wote no? Wɔ United States ne Canada no, nnipa dodow no ara nim Halloween, na wɔhyɛ ho fã afe biara wɔ October 31. Nanso wɔyɛ amanne afoforo wɔ aman pii so a ɛno nso te sɛ Halloween. Wɔ mmeae bi no, wodi nnapɔnna bi te sɛ Halloween ara, ɛwom sɛ ɛsono edin a ɛda so: wodi ahonhonsɛm na wɔne awufo ahonhom, wɔn a wodi abayisɛm, ne mpo ɔbonsam ne adaemone di nkitaho.—Hwɛ adaka  “Afahyɛ a Ɛte sɛ Halloween wɔ Wiase Nyinaa.”

EBIA w’ankasa wunnye ahonhom a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ hɔ no nni. Ebia wubebu Halloween afahyɛ a wode wo ho behyem no sɛ biribi a woyɛ de gyigye w’ani kɛkɛ, na wohyɛ wo mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyem mfa nsua ade. Nanso nnipa pii bu afahyɛ ahorow yi sɛ asiane wom esiane nea edidi so yi nti:

  1. Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ, “Halloween ma obi tumi ne ahonhom a wɔn mu pii hunahuna nkurɔfo di nkitaho.” (Hwɛ adaka  “Halloween Ho Abakɔsɛm.”) Saa  ara na afahyɛ pii a ɛte sɛ Halloween nso fi abosonsom mu, na nananom som di mu akoten paa. Ɛnnɛ mpo, nnipa a wɔwɔ wiase mmeae pii ne awufo ahonhom di nkitaho saa da yi.Encyclopedia of American Folklore.

  2. Ɛwom sɛ wobu Halloween sɛ Amerikafo dapɔnna de, nanso afe biara nnipa pii a wofi aman horow so gye tom. Wɔn mu pii nnim sɛ Halloween agyiraehyɛde ahorow, nneɛma a wɔde siesie wɔn ho, ne amanne ahorow a emu dodow no ara ne ahonhonsɛmdi wɔ abusuabɔ no fi abosonsom mu.—Hwɛ adaka  “Ɛhe na Efi Bae?”

  3. Nnipa pii a wɔwɔ Wicca som mu a wodi tete Celtic amanne akyi no da so ara de tete din Samhain na ɛfrɛ Halloween, na wobu da a wɔde hyɛ fã no sɛ anadwo kronkron a ɛsen biara wɔ afe no mu. Bere a USA Today atesɛm krataa refa obi a ɔka sɛ odi abayisɛm asɛm aka no, ɛkae sɛ, “Kristofo ‘nhyɛɛ no nsow, nanso, wɔne yɛn redi yɛn dapɔnna. . . . Yɛpɛ no saa.’”

  4.   Afahyɛ ahorow te sɛ Halloween ne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mma wonhu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu.”Deuteronomium 18:10, 11, The Jerusalem Bible; hwɛ Leviticus 19:31; Galatifo 5:19-21 nso.

Esiane nea yɛaka ho asɛm yi nti, ɛyɛ papa sɛ wubehu baabi a Halloween ne afahyɛ ahorow a ɛtete saa a asɛm wɔ ho no fi. Asɛm yi ho nokwasɛm a woahu yi betumi ama wo ne afoforo pii a wɔmfa wɔn ho nhyɛ afahyɛ ahorow yi mu no ayɛ adwene.

Bere a USA Today atesɛm krataa refa obi a ɔka sɛ odi abayisɛm asɛm aka no, ɛkae sɛ, “Kristofo ‘nhyɛɛ no nsow, nanso, wɔne yɛn redi yɛn dapɔnna. . . . Yɛpɛ no saa.’”

^ nky. 37 Hallow yɛ tete asɛmfua bi a ɛkyerɛ “ɔhotefo.” Ahotefo Nyinaa Da (wɔsan frɛ no Akronkronfo Da) yɛ dapɔnna a wɔde kae ahotefo a wɔawuwu. Ná wɔfrɛ anwummere a na edi Ahotefo Nyinaa Da anim no sɛ Akronkronfo Nyinaa Anwummere (Hallow Even). Akyiri yi na wotwaa no tiawa frɛɛ no Halloween.