Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO

Nea Ɛbɛma Wode Wo Bere Ayɛ Adepa

Nea Ɛbɛma Wode Wo Bere Ayɛ Adepa

“Bere atia me!” Hena na ɔnkaa bi da? Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɛbere we obiara; ohiani o, sikani o, obi nkyɛn bi. Asikafo ne ahiafo nyinaa, obiara ntumi nnye bere mmɔ so. Etwam a na atwam. Enti nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara ne sɛ yɛde bere a yɛwɔ no bɛyɛ adepa. Yɛbɛyɛ no sɛn? Ma yɛnhwɛ nneɛma anan bi a aboa nkurɔfo.

1: Toto Wo Nneɛma Yiye

Yɛ nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata. Bible tu yɛn fo sɛ ‘yɛmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filipifo 1:10) Kyerɛkyerɛw nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ to hɔ. Fa nea ehia paa di kan. Hu sɛ ade bi wɔ hɔ a ɛho hia nanso wubetumi atwɛn so kakra. Fa no sɛ wopɛ sɛ wukodi gua bɛyɛ aduan a mubedi anwummere. Ehia, nanso ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wututu ho mmirika. Ade bi nso wɔ hɔ a, anhwɛ a wubetutu ho mmirika nanso na ɛho nhia. Ebi ne sɛ ebia worepɛ ntɛm akɔhwɛ TV so dwumadi bi a wopɛ paa. *

Fa adwene. Ɔsɛnkafo 10:10 ka sɛ: “Sɛ obi dade ano kum na wansew ano a, ɔbɛsɛe n’ahoɔden.” Ɛtoa so sɛ: “Nyansa nso, sɛ wɔde yɛ adwuma a, mfaso wɔ so.” Aba a ɛwom ne sɛn? Ɛne sɛ, yɛnsew yɛn sekan ano, kyerɛ sɛ yɛmfa adwene na bere antia yɛn. Nneɛma bi a ɛho nhia papa no, tu hyɛ da; wopɛ nso a, yiyi fi mu efisɛ ɛsɛe wo bere ne w’ahoɔden kwa. Sɛ wuwie adwuma bi ntɛm na foforo wɔ hɔ a, fi ase yɛ. Nka sɛ woretwɛn ma ne bere aso ansa na woayɛ. Sɛ wofa adwene a, wutumi yɛ nneɛma pii te sɛ okuafo a wasew ne sekan ano.

Twitwa nneɛma so. Sua sɛ wubetwitwa nneɛma a ɛho nhia pii ne nea ɛsɛe bere agu. Wode nnwuma pii bobɔ so a, ebetumi ama woayɛ hahaaha na asɛe w’anigye mpo.

 2: Kwati Nneɛma a Ɛsɛe Bere

Mmɔtohɔ ne adwene ntanta. Bible ka sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no rengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no rentwa aba.” (Ɔsɛnkafo 11:4) Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ yɛn? Nea ɛwom ara ne sɛ, mereyɛ na mayɛ ɛne mannya anyɛ na ɛnam. Sɛ okuafo bi yɛ n’adwene sɛ ɔretwɛn ma wim atew ansa na wakogu aba a, anhwɛ a ɔrennya ngu mpo na kampɛsɛ watwa. Saa ara na abrabɔ te; obi nnim ɔkyena asɛm. Enti yɛanhwɛ yiye a, ɛbɛma yɛn adwene ahinhim. Anaa yebetumi anya adwene sɛ gye sɛ yehu biribiara mu ansa na yɛasi gyinae. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae bi a emu yɛ duru a, ehia sɛ wotɔ wo bo ase pɛɛpɛe nneɛma mu na wo ne afoforo mpo bɔ ho nkɔmmɔ. Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.” Asɛm no mu nokware ara ne sɛ, ɛnyɛ biribiara na wubetumi ahu mu ansa na woasi ho gyinae.Ɔsɛnkafo 11:6.

Wopɛ wo biribiara frenkyemm? Yakobo 3:17 ka sɛ: “Nyansa a efi soro [anaa Onyankopɔn hɔ] de, . . . ɛwɔ ntease.” Ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛyɛ wo biribiara ama ɛho atwa! Nanso woanhwɛ yiye a wode mmara denden bi bɛkyekyere wo ho ama wo ho akyere wo. Fa no sɛ wopɛ sɛ wusua kasa foforo. Kae hu sɛ nea ɛbɛyɛ biara wobɛka bi ati ansa na woatumi aka no yiye. Nanso obi a ɔpɛ ne biribiara frenkyemm deɛ, osuro sɛ ɔbɛka biribi ati, enti ɔrenka bi koraa na ayɛ asɛm. Sɛ ɛba saa nso a, ɔbɛtena n’ananmu; ɔrentumi nka kasa no da. Eyinom nyinaa kyerɛ yɛn sɛ enni sɛ yɛpɛ yɛn biribiara frenkyemm! Mmebusɛm 11:2 ka sɛ, “Ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.” Afei nso sɛ obi brɛ ne ho ase a, onnye ne ho nni pii, na ɔde bi yɛ sereɛ.

“Sɛ wotɔ ade a, hu sɛ ɛnyɛ sika na wode tua ka na mmom wo bere.”—What to Do Between Birth and Death

 3: Nhwɛ Faako; Yɛ Nea W’ahoɔden Betumi

Woyɛ adwuma a, fa bere no bi gye w’ani. Bible ka sɛ: “Ɔhome nsa mã ye sen ɔbrɛ ne adehunu nsa mã abien akyidi.” (Ɔsɛnkafo 4:6) Sɛ obi yɛ honam-pɛ-adwuma a, onnya kwan nnidi mpo; ɔde ne ‘nsa abien’ nyinaa yɛ adwuma nanso onnya so mfaso biara. Daa ɔda adwumam; ɔbɛba fie na wabrɛ sɛ nkontommire. Ɔkwadwofo nso de ne “nsa abien” nyinaa home sɛe bere kwa. Bible tu yɛn fo sɛ yɛmfa ebiara nto nea ɛda: Yɛnyɛ adwumaden na yenni yɛn nsa ano adwuma. Saa anigye no yɛ “Onyankopɔn akyɛde.”Ɔsɛnkafo 5:19.

Mfa wo nna nni agorɔ. Bible ka sɛ: “Asomdwoe mu na mɛkɔ me kɛtɛ so, na asomdwoe mu na mɛda.” (Dwom 4:8) Mpanyimfo dodow no ara, gye sɛ wɔde nnɔnhwerew awotwe da anadwo ansa na wɔn ho asisi wɔn ho so. Ɛba saa a, wɔn adwene mpo tumi yɛ adwuma yiye. Adɛn ntia? Efisɛ ɛma wotumi de wɔn adwene si nea wɔreyɛ so. Bio, wɔn adwene kyere ade ntɛm na wɔn werɛ mfi ade basabasa. Eyi nyinaa ma wotumi sua ade yiye. Nanso obi nna yiye a, ontumi nsua ade yiye, onhu ne ho ano, nneɛma koraa tumi fifiri ne nsa totɔ fam basabasa, asɛm ketewa biara a na ne bo afuw.

Yɛ wo so ne wo deɛ. Bible se: “Eye sɛ aniwa behu sen sɛ ɔkra bedi n’akɔnnɔde akyi.” (Ɔsɛnkafo 6:9) Asɛm yi pɔ ne sɛn? Nea ɛreka ara ne sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛtwe yɛn mu tann, yɛn nsa renka da. Enti ɛnsɛ sɛ yɛde haw yɛn ho. Sɛ wɔrebɔ ho dawuru wɔ TV anaa radio so a, ɛsɛ sɛ yetwii yɛn ani. Mmom nea ‘yɛn ani hu,’ kyerɛ sɛ nea yɛn ahoɔden betumi na yɛbɛyɛ.

 4: Fa Adepa Si W’ani So

Dɛn na ehia wo paa? Nea wode besi w’ani so na ɛbɛkyerɛ ade a ɛho hia wo ne ade a ɛsom bo ma wo. Yɛka asɛm bi sɛ, baabi a aboa no wɔ no, ɛhɔ na agya bɔfoɔ to ne tuo kɔ. Enti sɛ wode adepa si w’ani so a, ɛbɛma woayɛ nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata, na worensɛe bere kwa. Ɛnde, ɛhe na yebehu nneɛma pa a ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so? Nnipa pii ahu sɛ Bible boa paa efisɛ nyansa a ɛkyɛn so ahyɛ mu ma.Mmebusɛm 2:6, 7.

Ma ɔdɔ ho nhia wo paa. Kolosefo 3:14 ka sɛ: “Eyinom nyinaa akyi no, monhyɛ ɔdɔ efisɛ ɛyɛ koroyɛ hama a ɛyɛ pɛ.” Ɔdɔ ayɛ kokuromoti a yensian ne ho mmɔ pɔw. Sɛ ɔdɔ nni fie a, na anigye ne abotɔyam atu ayera. Ebinom nte ase saa, enti wɔde adwuma ne sikapɛ na asi wɔn ani so, na ama anigye abɔ wɔn sɛnea dwensɔ abɔ akokɔ no. Eyi nti sɛ Bible ka ɔdɔ ho asɛm a, ɛnyɛ sɛ ɛde rekum yɛn asoboaa; edi ka.1 Korintofo 13:1-3; 1 Yohane 4:8.

Nya adagyew sua Onyankopɔn ho ade. Na owura Geoff wɔ yere kɔnnɔfo bi ne mma baanu a wɔn ho anika anika. Na ɔwɔ nnamfo pa ne adwuma pa. Na ɔyɛ dɔkota ara ne sa. N’adwuma no nti, na ɔtaa hu amane na ɛtɔ da koraa a na ayɛ owuo asɛm. Enti obisae sɛ: “Ei, sei na Onyankopɔn bɔɔ wiase?” Afei da koro bi, onyaa Yehowa Adansefo nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu. Bere a ɔkenkanee no, onyaa mmuae a ɛtɔ asom.

Nea na Geoff resua no, ɛyɛ a na ɔka bi kyerɛ ne yere ne ne mma, na wɔn nso kae sɛ wobesua bi. Saa na ɛyɛe a abusua no nyinaa suaa Bible. Ɛmaa wɔne Onyankopɔn faa adamfo na ɛboaa wɔn ma wɔde wɔn bere yɛɛ adepa. Bio nso Bible sua no ma wonyaa anidaso sɛ daakye wobetumi atena wiase daa. Saa bere no, nneɛma bɔne ne amanehunu nyinaa to betwa.Adiyisɛm 21:3, 4.

Geoff asɛm yi ma yɛkae Yesu Kristo asɛm bi. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Sɛ ɛba wo ne Onyankopɔn ntam a, wubenya adagyew de asua ne ho ade? Nea ɛwom ara ne sɛ, biribiara nni hɔ a ɛbɛma woahu nyansa a wode bɛyɛ adepa sen sɛ wo ne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa ɛnnɛ ne wo nkwa nna nyinaa.

^ nky. 5 Hwɛ asɛm “20 Ways to Create More Time” (Nneɛma 20 a Wubetumi Ayɛ na Bere Antia Wo) wɔ April 2010 Nyan! Borɔfo de no mu.