Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Sɛ W’ani Nnye W’aware Ho Bio a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Sɛ W’ani Nnye W’aware Ho Bio a, Dɛn na Wobɛyɛ?

ƆHAW NO

Bere a monwaree no, na ɛte sɛ nea wo ne wo hokafo adwene hyia wɔ biribiara ho. Nanso seesei abasamtuo apae mo ntam ama moayɛ sɛ aprisanfoɔ a obiara redwene ne ho.

Mubetumi asiesie mo ntam. Nanso ɛsɛ sɛ wudi kan hu nea enti a w’abam abu.

NEA AKƆFA ƆHAW NO ABA

Afei paa na woreware. Adwuma, mmofra ntetee ne nsenom betumi adidi aware no ase. Bio, biribi a monhwɛ kwan betumi abɛbom. Yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, mo sikasɛm betumi agye agu anaa yare-koankorɔ betumi akyere obusuani bi. Eyinom nyinaa betumi ama aware agyigya.

Ɛsono sɛnea obiara te. Sɛ nnipa mmienu hyehyɛ aware na sɛ obi hu biribi wɔ ne yɔnko ho a, ɔdɔ nti asɛ onhui. Nanso sɛ wɔware a, wohu sɛ ɛsono ɔbaa koraa ɛnna ɛsono ɔbarima. Ɛsono sɛnea obiara bɔ nkɔmmɔ, sɛnea ɔhwɛ sika so ne sɛnea osiesie asɛm. Onipa no suban a na ɛnha wo pii no, afei deɛ wompɛ sɛ wuhu koraa.

Obiara nam ne kwan. Sɛ wo hokafo ka asɛm a ɛyɛ ya kyerɛ wo anaa ɔyɛ nneyɛe bi a ɛmfata kyerɛ wo anaa mpo biribi si na moansiesie no ntɛm a, ebetumi ama obiara de n’asɛm ahyɛ ne tirim. Nea ɛyɛ hu koraa ne sɛ anhwɛ a, ɔne obi foforo bedi atirimsɛm de ne dɔ ama no.

W’adwene na ɛdaadaa wo. Obi wɔ hɔ a sɛ ɔware a, n’adwene araa ne sɛ ne hokafo no so nipa nni baabiara. Saa adwene no kyerɛ sɛ ɔnte ne hokafo no ho kasa, nanso ebetumi ama ne nsa asi fam. Sɛ ɔhaw yi ne ti pɛ, ohu sɛ sɛɛ ne hokafo no nyɛ onipa a anka ɛsɛ sɛ ɔware no koraa, na ɔka sɛ wanu ne ho sɛ ɔwaree no.

 NEA WUBETUMI AYƐ

Hwɛ wo hokafo no suban pa. Sɔ wei hwɛ: Kyerɛw wo hokafo suban a ɛyɛ wo fɛ mmiɛnsa. Fa nea woakyerɛw no tare mo ayeforo foto akyi anaa wo fon akyi sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu no daa. Ɛwom ara a hwɛ, na ɛnkae wo nea enti a wowaree no. Sɛ wohwɛ wo hokafo no suban pa a, ɛde asomdwoe ba na mote mo ho ase.—Bible mu nnyinasosɛm: Romafo 14:19.

Mompɛ bere nka mmom nyɛ biribi. Ansa na moreware no, mo mmienu nyinaa, obiara pɛɛ bere a mode bɛbom ayɛ nneɛma. Ná saa adeɛ no yɛ ade foforo ma wo nanso na ehia wo paa, efisɛ na ɛma w’ani gye. Enti, adɛn na monyɛ biribi saa seesei? Mompɛ mmere bi a mo mmienu bepue akogye mo ani te sɛ kane no. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma moayɛ baako na moatumi afa ɔhaw biara mu.—Bible nnyinasosɛm: Mmebusɛm 5:18.

Obiara nka ne komam asɛm. Sɛ wo hokafo ka asɛm a ɛyɛ ya kyerɛ wo anaa ɔyɛ biribi ma ɛha wo a, wubetumi abu w’ani agu so? Sɛ wuntumi a, ɛnyɛ fɛ sɛ wo ne no bɛyɛ aka. Montena ase nka asɛm no ntɛm; sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monka no saa da no.—Bible mu nnyinasosɛm: Efesofo 4:26.

Sɛ wo hokafo ka asɛm a ɛyɛ ya kyerɛ wo anaa ɔyɛ biribi ma ɛha wo a, wubetumi abu w’ani agu so?

Kae hunu sɛ obiara nni hɔ a ɔware ne tamfo. Wo ne wo hokafo no nyinaa, obiara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi ma ɛha ne yɔnko. Enti sɛ wofom wo hokafo a, yi wo komam pa no kyɛw. Afei montena ase nhwɛ nneɛma a mubetumi ayɛ na biribi saa ansi bio. Momfa Bible afotu yi nyɛ adwuma: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.”—Efesofo 4:32.

Kae sɛ wunnya biribiara pɛpɛɛpɛ. Bible se wɔn a wɔware no “ho behiahia wɔn.” (1 Korintofo 7:28) Sɛ ahokyere no bi ba wo so a, mpere wo ho nka sɛ woaware anu wo ho. Mmom no, wo ne wo hokafo no nka mo tiri mmom nsiesie mo ntam na “monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora.”—Kolosefo 3:13.