Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 SO WƆBƆE?

Nea Ɛwɔ Wɔn Amemene Mu a Ɛmma Wɔmpempem

Nea Ɛwɔ Wɔn Amemene Mu a Ɛmma Wɔmpempem

NTUTUMMƐ retu akɔ baabi a, wɔbom yuu; “wɔn dodow tumi du ɔpepem 80.” Nanso wɔrekɔ a, obiara mpem ne yɔnko. Adɛn ntia?

Dwene ho: Ntutummɛ biara wɔ ani mma akɛse mmienu. Adeɛ teaa bi si n’ani no biara akyi; ɛno na ɛboa no na wampem biribiara. Sɛ ɔreyɛ akɔpem biribi a, saa ade teateaa no ka biribi kyerɛ adwene no ma ɛde nkra kɔma ne ntaban ne ne nan ma ɛyɛ ho biribi ntɛm. Wommɔ w’ani nte no, na atwe ne ho afi nea ɛrekɔpem no no ho dedaadaw.

Sɛnea ntutummɛ ani ne wɔn amemene bom yɛ adwuma no, nyansahufo ahwɛ so ayɛ biribi ahyɛ robɔt mu. Enti sɛ robɔt rekɔ na ɛrekɔpem biribi a, ntɛm ara na ahu, na atwe ne ho. Saa adeɛ a ɛwɔ aboa yi mu no, nyansahufo de bi rehyehyɛ kar mu sɛnea ɛrekɔpem biribi a, ɛbɛbɔ drɔbani no kɔkɔ ntɛm. Wei bɛboa na kar antaa ampempem. Ɔbenfo Shigang Yue a ɔyɛ adwuma wɔ Lincoln Suapɔn mu wɔ United Kingdom kae sɛ: “Aboa ketewa te sɛ ntutummɛ yi, nneɛma pii wɔ hɔ a yɛbɛtumi asua afi ne nkyɛn.”

Wosusu ho sɛn? Adeɛ a ɛwɔ ntutummɛ amemene mu a enti wɔtu a wɔmpempem no, wogye di sɛ ɛno ara na ɛbae anaa obi na ɔbɔe?