Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

WƆBƆEƐ ANAA?

Nnomaa a Wɔn Ntaban Ano Akoa

Nnomaa a Wɔn Ntaban Ano Akoa

WIEMHYƐN tu a, ne ntaban bɔ mframaden. Saa mframa no twetwe wiemhyɛn no san kakra, na ɛma ɛwe pɛtro pii. Sɛ wiemhyɛn bi di akyi pɛɛ a, mframa no tumi woso no. Wei nti sɛ wiemhyɛn bi tu a, wɔma berɛ kakra twam ma mframa no ano brɛ ase ansa na wiemhyɛn foforɔ atu.

Wiemhyɛn ho animdefoɔ ahu nea wɔbɛyɛ na ɔhaw no abrɛ ase. Ɛyɛ dɛn? Wɔahwɛ nnomaa bi te sɛ akorɔma, akɔdeɛ, ne asukɔnkɔn ntaban asua biribi afiri mu.

Susu ho: Sɛ nnomaa akɛseɛ yi tu a, wɔn ntaban ano kontono hwɛ wiem. Berɛ a wɔakoa wɔn ntaban mu saa no, wɔtumi tu fãã danedane wɔn ho a wɔmmrɛ. Wiemhyɛn ho abenfoɔ ayɛ wiemhyɛn ntaban te sɛ nnomaa yi deɛ. Wɔayɛ nhwehwɛmu ahu sɛ, sɛ wɔkoa wiemhyɛn no ntaban ano hwɛ wiem a, ɛma ɛtumi tu yie, na ɛfa mframa mu kɔ yɔɔ. Wei nyinaa ama seesei wiemhyɛn tumi yɛ adwuma yie. Adɛn ntia? Nwoma bi ka sɛ: “Sɛ wɔkoa wiemhyɛn no ntaban ano saa a, ɛma mframa a ɛbɔ di akyi no brɛ ase, na ɛntumi ntwetwe no mma fam.”Encyclopedia of Flight.

Wei nyinaa nti, wiemhyɛn tumi fa nneɛma a emu yɛ duro kɔ akyirikyiri. Bio nso esiane sɛ ntaban no ayɛ tiaa nti, ɛnwe pɛtro pii na asase kakra bi mpo a, ɛtumi gyina so. NASA bɔɔ amanneɛ sɛ afe 2010 nko ara no, wiemhyɛn nnwuma a ɛwɔ wiase nyinaa nyaa mfasoɔ pii firii wei mu. Anyɛ yie koraa no, wɔkoraa sika a anka ɛbɛtɔ “pɛtro galon ɔpepepem 2 [anaa lita 7,600,000,000] so.” Bio nso, ama wisie a wiemhyɛn pu gu mframa mu no so ate koraa.

Wosusu ho sɛn? Nnomaa a wɔn ntaban ano akoa yi nam adannandie so na ɛbaeɛ? Anaa wɔbɔeɛ?