Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Mmoa

Mmoa

Sɛ yɛhwɛ paa a, yɛbɛtumi aka sɛ mmoa so wɔ mfaso ma nnipa nyinaa. Yɛbɛtumi ayɛ mmoa nea yɛpɛ biara anaa?

Sɛn na ɛsɛ sɛ nnipa ne mmoa tena?

NEA NKURƆFO KA

Ebinom susu sɛ nnipa nti na mmoa wɔ hɔ, enti yɛbɛtumi de wɔn ayɛ nea yɛpɛ biara. Afoforo nso ka sɛ ɛsɛ sɛ yɛne mmoa tena sɛ nnipa pɛpɛɛpɛ.

  • Owura bi a ɔde asi n’ani so sɛ ɔbɛko ama mmoa kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛhu sɛ mmoa nso wɔ hokwan ahorow bi. Ɛnsɛ sɛ yɛbu wɔn sɛ biribi a yɛde pɛ mfaso anaa yɛn agyapade.”

  • Ɔbaa sikani bi mpo deɛ, ɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri paa. Ɔbaa yi din de Leona Helmsley. Bere a ɔrebɛwu no ɔyɛɛ krataa sɛ wɔmfa sika dɔla ɔpepem 12 ($12 million) nhwɛ ne kraman. Ɔsan yɛɛ will sɛ, sɛ kraman no wu a, wɔnsie no ne nkyɛn pɛɛ.

Susu ho: Wohwɛ a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛne mmoa tena?

NEA BIBLE KA

Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn kaa sɛ “ɛpo mu mpataa ne wiem ntuboa ne mmoa a wɔnenam asase soɔ nyinaa,” nnipa ‘nni wɔn so.’ (Genesis 1:28) Enti yɛbɛtumi aka sɛ Onyankopɔn ani so deɛ, nnipa kyɛn mmoa.

Nea ɛboa ma yɛhu sɛ asɛm yi yɛ nokware koraa ne nea Bible ka wɔ Genesis 1:27 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbaa na ɔbɔɔ wɔn.”

Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa “wɔ ne suban so” nti, ɔde su te sɛ nyansa, atɛntrenee, ne ɔdɔ duaa wɔn mu. Afei nso nnipa tumi hu sɛ ‘wei yɛ papa, wei yɛ bɔne,’ na wɔhu sɛ ɛsɛ sɛ wɔsom obi. Nanso mmoa nte saa, efisɛ Onyankopɔn ammɔ wɔn “wɔ ne suban so.” Mmoa ba fam sen nnipa, enti ɛnsɛ sɛ yɛne wɔn tena sɛnea yɛne nnipa tena.

Ɛnneɛ, wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ mmoa basabasa anaa? Dabi.

  • Bere a Onyankopɔn de Mmara maa Israelfo no, ɔhwɛɛ sɛ wɔbɛma mmoa anya aduane na wɔahome. Ɔhyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban na wɔampira, na sɛ aboa bi reteetee a, wɔmmoa no.—Exodus 23:4, 5; Deuteronomium 22:10; 25:4.

“Fa nnansia yɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no deɛ, nyɛ adwuma. Ɛbɛma wo nantwie ne w’afunumu ahome.”Exodus 23:12.

Ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛkum aboa?

NEA NKURƆFO KA

Nnipa bi kum mmoa de gyegye wɔn ani. Ebinom nso ne Russiani nwoma kyerɛwfo Leo Tolstoy bɛyɛ adwene. Ɔkaa sɛ “ɛyɛ bɔne” sɛ obi bɛkum aboa bi anaa ɔbɛwe.

NEA BIBLE KA

Onyankopɔn ma kwan sɛ nnipa bɛtumi akum mmoa de abɔ wɔn ho ban anaa wɔbɛtumi akum wɔn de wɔn nwoma ayɛ ntade. (Exodus 21:28; Marko 1:6) Bio nso Bible ka sɛ nnipa bɛtumi akum mmoa awe. Genesis 9:3 ka sɛ: “Mmoa a wɔte aseɛ nyinaa nyɛ aduane mma mo.” Yesu mpo boaa n’asuafo maa wɔyii mpataa, na akyiri yi wɔde bi yɛɛ aduane dii.—Yohane 21:4-13.

Nanso Bible ka sɛ Onyankopɔn ‘kra kyiri obiara a n’ani gye awudisɛm ho.’ (Dwom 11:5) Enti emu da hɔ pefee sɛ Onyankopɔn mpɛ sɛ yɛyɛ mmoa basabasa anaa yɛkum wɔn de gyegye yɛn ani.

Bible ma yɛhu sɛ mmoa nkwa som bo paa ma Onyankopɔn.

  • Bible ka sɛ bere a Onyankopɔn rebɔ nneɛma no, ɔyɛɛ “wuram mmoa ne afieboa ne mmoa a wɔwea asase soɔ, sɛdeɛ wɔn nyinaa su teɛ. Na Onyankopɔn hunuu sɛ ɛyɛ.”Genesis 1:25.

  • Bible se Yehowa ma “mmoa nya wɔn ano aduane.” (Dwom 147:9) Sɛnea Onyankopɔn yɛɛ asase yi nti, mmoa nya nnuan ne atenae a ɛfata.

  • Bere bi na Israel hene Dawid rebɔ mpae, na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, wo na wogye onipa ne aboa.” (Dwom 36:6) Ɛho nhwɛso ni: Bere a Yehowa de Nsuyiri rebɛsɛe abɔnefo no, ɔkoraa nnipa nwɔtwe ne mmoa ahorow ahorow so.—Genesis 6:19.

Yɛtumi hu pefee sɛ Yehowa na ɔbɔɔ mmoa, na n’ani kũ wɔn ho. Enti ɔmpɛ sɛ nnipa yɛ mmoa basabasa.

“Ɔteneneeni ani kũ n’afieboa kra ho.”Mmebusɛm 12:10.