Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ

Nnipa a Wɔwɔ Ani Nanso Wɔnhu Adeɛ

“Wɔwoo me no, wɔde aduro bi guu m’ani so, ná ano yɛ den enti ɛsɛee m’ani kakra. Medii bɛyɛ mfe 20 mpo deɛ, m’ani furae koraa ma enti na menni anigye.”—Paqui; ɔbaa bi a ɔne ne kunu nyinaa ani afura.

NEA ɛde anifurae ba dɔɔso. Sɛ obi yare anaa opira a, ɛbɛtumi aka n’amemene ama n’ani afura. Sɛ obi ani nhu adeɛ papa anaasɛ n’ani fura koraa a, ɛma ne werɛ ho, ɛma ɛhu ka no, na ɛyɛ den sɛ ɔbɛgye atom. Nanso ɛbinom mma wei mmu wɔn abam; wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma wɔn ani agye.

Yɛn ani na yɛde hwɛ biribiara. Enti sɛ obi ani fura a, nneɛma a anka ɔde n’ani bɛhu no, ɔde n’aso, ne hwene, ne nsa ne ne tɛkrɛma na ɛhu.

Nwoma bi a ɛde Scientific American kyerɛ sɛnea adwene no yɛ adwuma. Ɛka sɛ adwene no tumi yɛ “nneɛma pii.” Ɛsan ka sɛ, “Adwene no na ɛkura nipadua no nyinaa. Enti nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ nipadua no fa bi ho ka a, adwene no tumi boa akwaa a aka no ma ɛyɛ adwuma yie.” Yɛnhwɛ bi:

Aso: Yɛtumi de obi nanteɛ ne ɛne a ɔde kasa hyɛ no nso. Onifuraefo bi a ne din de Fernando kaa sɛ, “Mede nkurɔfo nanteɛ ne wɔn nne na ɛhu wɔn.” Juan nso ani afura; ɔkaa sɛ, “Onifuraefo deɛ, nkurɔfo nne na ɔde hu wɔn.” Sɛ obi ani agye anaa ne werɛ aho a, ɛne a ɔde kasa no ma yɛhu. Enti anifuraefo nso, wɔtumi de nkurɔfo nne hu sɛnea wɔte nka.

Esiane sɛ anifuraefo nhu adeɛ nti wɔn aso di boa wɔn paa. Yɛmfa no sɛ nsuo retɔ anaa kar reba a, wɔte. Sɛ wɔwɔ dan bi mu a, ɛhɔ nnyegyee ma wɔtumi hu sɛnea ɛhɔ kɛse te. Wɔn aso boa wɔn ma wɔtumi hu baabi a ɛsɛ sɛ wɔfa na wɔampira.

Ɛhwene: Adeɛ baako nso a ɛboa anifuraefo yɛ wɔn hwene. Ɛnyɛ nneɛma hwa nko ara na ɛma wɔte, ɛsan ma wɔhyɛ baabi nso. Nhwɛso bi ni, sɛ anifuraefo nam abɔnten a, baabi hwa ma wɔtumi hu sɛ yɛtɔn aduane wɔ hɔ, anaasɛ ɛhɔ yɛ dwam. Ɛne bi a wɔtaa te ne wɔn nsa nso boa wɔn ma wɔhyɛ nneɛma nsow.

Nsa: Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Francisco kaa sɛ “Me nsa na ɛyɛ m’ani.” Anifuraefo sɔ abaa mu a wɔtumi nante. Wɔwoo Manasés no, na n’ani afura, enti abaa na ɔde suaa nante. Ɔkaa sɛ “m’aso, me hwene, me nsa ne m’adwene boa ma mehu baabi a mewɔ. Menam nso a abaa no nti mehu kwan.”

Obi rekenkan Ɔwɛn-Aban a wɔakyerɛw no Braille mu

Anifuraefo pii de wɔn nsa kenkan nwoma a wɔde anifuraefo nkyerɛwde (Braille) ayɛ. Seesei, nneɛma bebree wɔ hɔ a anifuraefo bɛtumi de asua adeɛ na wɔne Onyankopɔn afa adamfo. Nwoma a ɛwɔ Braille mu da nkyɛn a, nneɛma a wɔbɛbɔ atie ne kɔmputa so dwumadie pii wɔ hɔ. Wei ma wɔtumi kenkan Bible ne Bible ho nwoma ahorow. *

Saa nneɛma yi aboa Paqui ne ne kunu a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no paa. Ama wɔanya awerɛkyekye ne anidaso. Seesei wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔn nuanom a wɔne wɔn som no boa wɔn paa. Paqui kaa sɛ, “Seesei yɛn ani gye na yɛtumi yɛ nneɛma pii nso.”

Obi ani fura a ɛnna fam. Nanso sɛnea amemene no ne nipadua no akwaa ahorow yɛ adwuma nti, ɔbɛtumi ayɛ nneɛma bebree ama n’ani agye!

^ nky. 10 Yehowa Adansefo atintim Bible ho nwoma ahorow wɔ kasa bɛboro 25 wɔ Braille mu.