Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

NYAN! No. 2 2021 | Ɛlɛtrɔnik Mfiri De Wo Ayɛ Akoa Anaa?

Ɛlɛtrɔnik mfiri de wo ayɛ akoa anaa? Nnipa pii bɛka sɛ wɔn de, fon, tablɛt, anaa kɔmputa rentumi nnye wɔn mmɔ so. Nanso nea ɛte ne sɛ, abɛɛfo mfiri betumi de obi ayɛ akoa anaa ɛde ɔhaw abrɛ no, bere mpo a n’ani nna.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Asɛe Wo Ne Wo Nnamfo Ntam?

Ɛlɛtrɔnik mfiri betumi ama wo ne wo nnamfo adi nkitaho, na ebetumi ama moabɛn mo ho paa.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ahaw Wo Mma?

Sɛ abofra bi nim sɛnea wɔde ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma mpo a, ɔda so ara hia obi a ɔbɛboa no ama ɔde ayɛ adwuma wɔ ɔkwampa so.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi De Ɔhaw Aba W’aware Mu?

Sɛ awarefo de ɛlɛtrɔnik mfiri yɛ adwuma yiye a, ebetumi aboa ama wɔn aware asɔ.

Sɛn Na Ɛlɛtrɔnik Mfiri Betumi Ama Ayɛ Den Sɛ Wubesua Ade Yiye?

Ɛlɛtrɔnik mfiri betumi ahaw w’akenkan, na ebetumi ama ayɛ den sɛ wode w’adwene besi ade baako so ayɛ. Afei nso, sɛ wo nko ara wowɔ baabi a, ebetumi ama ayɛ den sɛ wubedwinnwen nneɛma ho akɔ akyiri. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu nneɛma mmiɛnsa bi a woyɛ a ɛbɛma woanya w’adesua so mfaso.

Sua Pii Ka Ho Wɔ JW.ORG

Asɛm bɛn na w’ani gye ho sɛ wubesua ho ade pii?

Nsɛm a Ɛwɔ Nhoma Yi Mu

Abɛɛfo mfiri betumi akɔfa ɔhaw abrɛ wo, bere mpo a w’ani nna. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu sɛnea ebetumi asɛe wo ne wo nnamfo ntam, ebetumi akɔfa ɔhaw aba w’abusua mu, ne sɛnea ebetumi ama ayɛ den mpo sɛ wubesua ade.