Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo

Fa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo

Nea Akɔfa Ɔhaw No Aba

Nkurɔfo a yenni wɔn ho adwempa no, sɛ yɛanka yɛn ho ankɔ wɔn ho a, ebewie ase no na yekyi wɔn koraa. Sɛ yɛne nkurɔfo a wɔte sɛ yɛn nko ara na ɛbɔ a, anhwɛ a nea obiara yɛ renyɛ yɛn fɛ, na ebi mpo a yebenya adwene sɛ nea yɛka ne nea yɛyɛ nko ara na ɛyɛ papa.

Bible Mu Afotusɛm

“Montrɛw mo komam.”​—2 KORINTOFO 6:13.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? “Koma” a Bible ka ho asɛm wɔ ha yi betumi akyerɛ sɛnea yɛte nka wɔ nkurɔfo ho. Sɛ wɔn a wɔte sɛ yɛn nko ara na yɛpɛ wɔn asɛm a, ɛbɛma yɛayɛ nkurɔfo a yɛmpɛ nnipa. Sɛ yɛmpɛ sɛ yenya suban a ɛte saa a, ɛnde ɛnyɛ wɔn a wɔte sɛ yɛn nko ara na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn bɔ.

Sɛ Yɛfa Nnipa Ahorow Nyinaa Nnamfo a, Sɛn Na Ɛbɛboa Yɛn?

Sɛ yehu afoforo yiye a, ɛma yehu nea enti a ɛsono sɛnea wɔyɛ wɔn ade, na yɛte wɔn ase. Sɛ yɛne wɔn adamfofa mu yɛ den a, yɛn werɛ befi mpo sɛ wɔnte sɛ yɛn. Yɛbɛpɛ wɔn asɛm paa, na wɔn su bɛyɛ yɛn su, na wɔn serew nso ayɛ yɛn serew.

Yɛnhwɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Nazaré. Bere bi na ɔmpɛ ahɔho a wɔatu abɛtena ne man mu no asɛm. Dɛn na ɛboaa no ma ɔsesaa ne suban? Ɔkaa sɛ: “Me ne wɔn bɔe na me ne wɔn yɛɛ adwuma nso. Mibehui sɛ, nsɛm a na nkurɔfo keka fa wɔn ho no, na ɛnte saa koraa. Wo ne nkurɔfo a ɛsono wɔn amammerɛ bɔ a, w’ani begye wɔn ho, na worenka wɔn nyinaa mmom nka sɛ wɔn suban yɛ pɛ.”

Nea Wubetumi Ayɛ

Nkurɔfo a wo ne wɔn mfi ɔman baako mu anaa ɛsono abusuakuw a wofi mu ne kasa a wɔka no, pɛ ɔkwan bi fa so ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wubetumi ayɛ nea edidi so yi

  • Ma wɔnka wɔn ho asɛm kakra nkyerɛ wo.

  • To nsa frɛ wɔn ma wɔne wo mmedidi.

  • Wɔreka wɔn ho asɛm akyerɛ wo a, yɛ aso tie na bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ehia wɔn paa.

Sɛ wuhu nea enti a nnipakuw bi yɛ wɔn ade wɔ ɔkwan pɔtee bi so a, ɛbɛma woate wɔn ase na wuhyia wɔn mu bi wɔ baabi a, wubenya ne ho adwempa.