Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyehyɛe Pa Sow Aba Pa

Nhyehyɛe Pa Sow Aba Pa

María Isabel yɛ ɔdawurubɔfo kumaa a ɔde nsi ne ahokeka yɛ ne som adwuma. Ɔte San Bernardo wɔ Chile wɔ South America. Ɔne n’abusuafo yɛ Mapuchefo, na wɔde anigye reboa ma wɔatew asafo wɔ Mapuche kasa mu. Kasa yi ara na wɔsan frɛ no Mapudungun.

Bere a ɛrebedu so ma wɔakae Kristo wu no, wɔde amanneɛbɔ mae sɛ wɔbɛyɛ dwumadi no wɔ Mapudungun kasa mu. Wɔkae mpo sɛ wɔatintim nkrataa 2,000 wɔ saa kasa no mu a wɔde bɛto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no ase. María Isabel tee saa no, ɛkaa ne koma ma osusuw asɛm no ho yiye. Dɛn na obetumi ayɛ aboa? Ɔkaee sɛ mmofra bi tumi dii wɔn sukuufo ne akyerɛkyerɛfo adanse. Ɔne n’awofo susuw ho, na wɔkae sɛ María Isabel mpɛ kwan a ɔbɛfa so akyekyɛ nsato nkrataa no wɔ sukuu mu. Dɛn na ɛbaa n’adwenem sɛ ɔbɛyɛ?

Nea edi kan no, María Isabel srɛɛ sukuu mpanyimfo no sɛ wɔmma no kwan na ɔmfa nsato krataa no biako mfam sukuu no abɔnten pon kɛse no ho. Wɔmaa no kwan sɛ ɔmfa bi mmɔ hɔ na mpo wɔkamfoo no sɛ watumi anya adwene a ɛte saa. Da bi anɔpa bi mpo de, sukuu panyin no ankasa kaa krataa no ho asɛm kyerɛɛ sukuufo no nyinaa wɔ akasam afiri so!

Afei María Isabel srɛe sɛ anka wɔmma no kwan na ɔnkɔ sukuu dan biara mu ne sukuufo no nkɔkasa. Akyerɛkyerɛfo no maa no kwan. Ɔdan biara a ɔbɛkɔ mu no, obisa sɛ Mapuchefo bi wɔ hɔ anaa. Ɔkae sɛ: “Na misusuw sɛ gyama Mapuchefo 10 anaa 15 bi na wɔwɔ sukuu hɔ nyinaa, nanso sɛɛ wɔboro saa koraa. Miwiei no, na makyekyɛ nsato nkrataa no 150!”

‘NA OSUSUW SƐ ƆPANYIN BI NA ƆREBEHYIA NO’

Maame bi huu krataa no wɔ sukuu pon no ho, na ɔkae sɛ ɔpɛ obi abisa no dwumadi no ho nsɛm. Wo de, hwɛ sɛnea maame yi ho bedwiriw no bere a wɔfrɛɛ abeawa a wadi mfe du begyinaa n’anim no! María Isabel kae sɛ: “Na ɔbea no susuw sɛ ɔpanyin bi na ɔrebehyia no.” María Isabel maa maame no nsato krataa no bi na ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no. Afei ɔkae sɛ maame no mfa n’address mma no na ɔne n’awofo bɛba abɛsra no aka Onyankopɔn Ahenni ho nsɛm pii akyerɛ no. Adawurubɔfo 20 na wɔde Mapudungun kasa reka asɛm no wɔ asasesin a wɔka saa kasa no wom mu. Enti hwɛ sɛnea wɔn ani begye bere a maame no ne Mapuchefo foforo 26 bɛkaa wɔn ho wɔ Nkaedi no ase! Seesei saa kuw no abɛyɛ asafo.

Enti woyɛ ɔpanyin oo, woyɛ abofra oo, wubetumi asuasua abeawa yi na woatumi afa kwan bi so ato nsa afrɛ wo sukuufo anaa w’adwumamfo aba Nkaedi anaa baguam kasa anaa ɔmantam nhyiam ase. Wubetumi ayɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu na woahu ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa. Bio nso bɔ Yehowa mpae na ɔmfa ne honhom kronkron no mmoa wo na wunnya akokoduru mfa nka ne ho asɛm. (Luka 11:13) Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ nhyehyɛe pa a ɛte saa bɛsow aba pa ma wo ho adwiriw wo na ahyɛ wo nkuran.