Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Micronesia

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Micronesia

WƆTETEE Katherine wɔ United States. Bere a odii mfe 16 no na ɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo. Ná ɔmfa n’asɛnka nni agorɔ koraa, nanso na asasesin no mu adwuma yɛ den; ɛnna fam sɛ wubenya nnipa ma wɔatie asɛmpa no. Katherine kae sɛ: “Na makenkan osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛ ebinom bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma obi mmɛboa wɔn ma wonsua ne ho ade. Me nso minyae a, anka manya obi a ɔte saa ne no asua ade, nanso manya bi.”

Katherine kaa asɛmpa no mfe pii wɔ saa asasesin no mu, na akyiri yi odwen ho sɛ obetu akɔ baabi a obenya nnipa ma wɔatie Ahenni ho asɛmpa no. Nanso na ontumi nhu sɛ obetumi ayɛ anaa. Pɛnkoro pɛ na na wagyaw n’awofo ne ne nuanom hɔ akɔ baabi, nanso ɛno mpo, odii nnawɔtwe mmienu pɛ. Daa na wafe fie. Na ɛda ne koma so sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔrehwehwɛ Yehowa akyi kwan, enti akyiri yi osii n’adwene pi. Ogyee bere susuw ho hwɛɛ mmeae a obetumi atu akɔ, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ Guam, enti ɔkyerɛw ɛhɔ Betel, na wɔne no dii nkitaho. July 2007 no, Katherine tu kɔɔ Saipan. Ɛyɛ supɔw bi a ɛwɔ Pacific Po so, na efi ne kurom rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 10,000. Saa bere no na wadi mfe 26. Otu kɔe no, ewiee no sɛn?

YEHOWA BUAA MPAEBƆ MMIENU NO NYINAA

Katherine tu kɔe no, ankyɛ na ohyiaa ɔbea bi a ɔde Doris, na ɔne no fii ase suaa Bible. Ná ɔbea no adi bɛyɛ mfe 45. Bere a Katherine ne Doris suaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti mmiɛnsa a edi kan wiei no, na Katherine adwenem ayɛ no keserenee. Ɔkae sɛ: “Na Doris ani abere repɛ biribi ahu, na na mempɛ sɛ adesua no bɛyɛ torokaa. Nokwasɛm ne sɛ na minnyaa obi ne no nyɛɛ Bible adesua a ɛtoatoam saa da. Enti na misusuw sɛ Doris hia onuawa a ne ho akokwaw sen me ma ɔne no asua ade, sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, obi a ɔne no bɔ tipɛn.” Katherine de too Yehowa anim sɛ ɔmmoa no ma onnya onuawa a obetumi de ne Bible suani no ahyɛ ne nsa. Afei ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛka akyerɛ Doris sɛ ɔbɛdan adesua no ama obi foforo.

Katherine kae sɛ: “Mamfa m’asɛm no anto gua mpo na Doris ka kyerɛɛ me sɛ asɛm bi haw no, enti ɔpɛ sɛ ɔne me susuw ho. Meyɛɛ aso tiei, na meka kyerɛɛ no sɛ bere bi me nso mihyiaa ɔhaw a ɛte saa. Na memaa ohuu sɛnea Yehowa boaa me ma mitumi dii ho dwuma. Ɔdaa me ase.” Ɛhɔ na Doris  ka kyerɛɛ Katherine sɛ: “Mahu sɛ Yehowa na ɔde wo adom me. Da a edi kan a wobaa me fie no, na makenkan Bible no nnɔnhwerew pii. Na meresu, na mesrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma obi mmɛboa me na mente Bible ase. Afei metee ‘kɔkɔɔkɔ’; mimmue pon no a, w’anim ni! Yehowa tiee me mpaebɔ.” Bere a Katherine reka saa asɛm yi na awɔse agu no ma n’ani nyinaa ataataa nisu. Ɔkae sɛ: “Doris asɛm no ma mihui sɛ Yehowa abua mpaebɔ no. Ná Yehowa reka akyerɛ me sɛ metumi atoa adesua no so.”

Doris bɔɔ asu 2010, na seesei ɔwɔ nnipa bebree a ɔno ankasa ne wɔn sua Bible. Katherine kae sɛ: “Daa me mpaebɔ ne sɛ mɛboa obi ma wabɛsom Yehowa. Manya mpae no ho mmuae ma m’ani agye paa.” Seesei Katherine yɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Pacific supɔw bi a ɛde Kosrae so.

SƐNEA WODI NSƐNNENNEN MMIƐNSA BI SO

Anuanom mmarima ne mmea bɛboro ɔha fi amannɔne aba Micronesia abɛboa ɔsom adwuma no wɔ mmeae horow. Anuanom yi adi fi mfe 19 kosi 79. Sɛ wubisa nea wɔwɔ ka wɔ adwuma a wɔreyɛ no ho a, wɔbɛka biribi te sɛ nea Erica kae no. Erica tu kɔɔ Guam 2006, na saa bere no na wadi mfe 19. Ɔkae sɛ: “Sɛ woreyɛ akwampae adwuma no wɔ baabi, na wuhu sɛ nkurɔfo ho pere wɔn sɛ wobehu nokware no a, ɛyɛ anika kwa. Meda Yehowa ase paa sɛ ɔboaa me ma mebaa ha. Adwuma biara nni hɔ a ɛsen eyi!” Ɛnnɛ Erica yɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Ebeye wɔ Marshall Supɔw so. Nanso sɛ obi tu kɔ amannɔne kɔyɛ asɛnka adwuma no a, ɛno nso wɔ ne haw. Momma yensusuw nsɛnnennen yi mu mmiɛnsa ho, na yɛnhwɛ sɛnea anuanom a wɔatu kɔ Micronesia di ho dwuma.

Erica

Sikasɛm. Bere a Simon kɔɔ Palau supɔw so afe 2007 no, na wadi mfe 22. Oduu hɔ no, ankyɛ na ohui sɛ sika a obenya no nnu nea na ne nsa ka wɔ England no ho hwee. Ɔkae sɛ: “Mimiaa m’ani sɛ merenyɛ atotɔatotɔ. Seesei sɛ merekɔtotɔ nnuan a, meto me bo ase hwehwɛ mu yiye, na mehwɛ sɛ menya nea ne bo wɔ fam. Sɛ m’ade bi sɛe a, mentɔ mono, na mmom mehwehwɛ dedaw na mama obi aboa me asiesie.” Enti Simon yɛɛ ne ho awiɛmfoɔ. Ɛnde, eyi kaa no sɛn? Ɔno ara buae sɛ: “Mihui sɛ yenhia nneɛma bebree wɔ asetenam. Nneɛma kakraa bi na ehia, na memaa ɛno ara soo me. Mahu sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa; nokwasɛm ne sɛ waboa me mpɛn pii. Mebaa ha mfe nson ni, na da koro koraa nni hɔ a mabua ada anaa mada abɔnten.” Ampa, sɛ obi yɛ ne ho awiɛmfoɔ na ɔhwehwɛ Ahenni no kan a, Yehowa bɛma no nea ohia.Mat. 6:32, 33.

Bere a w’ani agyina fie. Erica kae sɛ: “Na mframa mfa me ne m’abusuafo ntam koraa, enti na misuro sɛ anhwɛ a m’ani begyina fie ma masan akɔ.” Ɛnde, dɛn na ɔyɛ de siesiee n’adwene? Ɔkae sɛ: “Ansa na meretu no, mekenkan Ɔwɛn-Aban mu nsɛm a ɛkyerɛ nea obi bɛyɛ bere a n’ani agyina fie.  Ɛboaa me ma misiesiee me ho maa akwantu a ɛda m’anim no. Ɔwɛn-Aban baako kae sɛ onuawa bi ka kyerɛɛ ne babea sɛ, ‘Yehowa betumi ahwɛ wo yiye asen me.’ Saa asɛm no hyɛɛ me den paa.” Hannah nso ne ne kunu Patrick Majuro wɔ Marshall supɔw so. Sɛ Hannah ani gyina fie a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔde n’adwene besi anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ wɔn asafo mu no so. Hannah kae sɛ: “Daa meda Yehowa ase sɛ yɛwɔ anuanom wɔ wiase afanan nyinaa; wɔn nso yɛ m’abusuafo. Sɛ ɛnyɛ me nuanom yi a, anka ɛbɛyɛ dɛn na matumi akɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a wohia mmoa?”

Simon

Nea ɛbɛma w’ani aka. Simon kae sɛ: “Sɛ wokɔ obi man so a, wuhu sɛ w’ani ayɛ wo totɔtotɔ; biribiara yɛ soronko. Ɛtɔ da a na mepɛ sɛ miyi nsɛnkwaa, nanso merekɔka yi, nkurɔfo bɛte ase sɛn?” Erica kae sɛ: “Mfiase no, ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ wɔayi me baako ahyɛ me nsa, nanso ɛno boaa me ma mesan susuw adwene a mede tui no ho. Mantu sɛ merekɔhwehwɛ nea ɛbɛsɔ m’ani, na mmom sɛ merekɔyɛ Yehowa adwuma.” Ɔtoaa so sɛ: “Akyiri yi minyaa nnamfo a minni wɔn ho agorɔ koraa. Nokwasɛm ne sɛ wɔda me koma so.” Simon yeree ne ho suaa Palau kasa, na ɛboaa no ma ‘ɔtrɛw ne komam’ maa anuanom a wɔwɔ hɔ. (2 Kor. 6:13) Bere a anuanom hui sɛ ɔrebɔ mmɔden asua kasa no, na wɔn ani agye. Anokwa, sɛ anuanom tu kɔ baabi na wɔne ɛhɔfo di nsawɔso bom yɛ ade a, ɛma ayɔnkofa bi bɛda wɔn ntam, na ɛhyɛ asafo no den. Nhyira bɛn bio na wɔn a wotu kɔ baabi a mmoa ho hia no nya?

‘WOTWA PII’

Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Nea ogu pii no betwa pii.” (2 Kor. 9:6) Yebetumi aka sɛ saa asɛm yi fa wɔn a wɔyɛ asɛnka adwuma no pii nso ho. Aba bɛn na ‘wotwa no pii’ wɔ Micronesia?

Patrick ne Hannah

Nnipa pii wɔ Micronesia a wɔpɛ sɛ wosua Bible no na wɔde nea wɔresua no bɔ wɔn bra. Wo de, hwɛ sɛ woaboa obi na ɔrenya nkɔso ntɛmntɛm! Ɛyɛ akwannya kɛse. Patrick ne Hannah kaa asɛm no wɔ Angaur nso. Ɛyɛ supɔw ketewa bi a nnipa 320 na wɔwɔ hɔ. Bere a wɔkaa asɛm no wɔ hɔ bosome mmienu no, wohyiaa ɔbaatankoro bi. Wantwentwɛn ne nan ase koraa na ɔkae sɛ wɔne no nsua Bible. Asɛm no kaa ne koma na ɔsesaa n’abrabɔ koraa. Hannah kae sɛ: “Bere biara a yɛne ɔbea no bɛyɛ adesua awie a yɛte yɛn sakre so reba no, mehwɛ Patrick anim na ɔno nso ahwɛ m’anim, na nea yɛka ara ne sɛ: ‘Yehowa, yɛda wo ase!’” Hannah toaa so sɛ: “Minim sɛ anka Yehowa bɛfa ɔkwan bi so atwe ɔbea yi aba ne nkyɛn, nanso esiane sɛ yɛatu yɛn ho reboa wɔ baabi nti, hwɛ sɛ yɛn na yɛanya no ma wabehu Yehowa! Sɛ yɛreka nhyira paa a yɛanya wɔ yɛn asetenam a, eyi ka ho.” Erica kae a ɔmmoa, “sɛ woboa obi ma obehu Yehowa a, w’ani begye araa ma agye nea onni hɔ deɛ!”

WUBETUMI AYƐ BI?

Yehia Ahenni adawurubɔfo wɔ aman pii so. Wubetumi atoto nneɛma na wo nso woatu akɔ baabi a mmoa ho hia anaa? Bɔ Yehowa mpae na ɔmpusuw wo ma wuntumi nyɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Wo ne w’asafo mu mpanyimfo, ɔmansin sohwɛfo, anaa anuanom a wɔanya hokwan akɔyɛ asɛnka adwuma no wɔ aman foforo so nsusuw ho. Bere a woretoto nneɛma no, wubetumi akyerɛw baa dwumadibea a ɛhwɛ baabi a wopɛ sɛ wokɔ no. * Ebia wo nso wobɛba abɛka anuanom mmarima ne mmea, mmofra ne mpanyin, awarefo ne asigyafo mpempem a wɔatu wɔn ho ama no ho, na anokwa, ‘wubetwa aba pii.’

^ nky. 17 Hwɛ asɛm, “So Wubetumi ‘Atwa Aba Makedonia’?” wɔ August 2011 Yɛn Ahenni Som mu.