Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Mente Nka Bio sɛ Ɛsɛ sɛ Mesesa Wiase”

“Mente Nka Bio sɛ Ɛsɛ sɛ Mesesa Wiase”
  • AFE A WƆWOO NO: 1966

  • ƆMAN A OFI MU: FINLAND

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆPERE SƐ WIASE BƐKƆ YIYE

ME KAN ASETENA:

Efi me nkwadaaberem na m’ani agye abɔde mu nneɛma bi te sɛ nsu, nnua ne mmepɔw ho. Yɛn kurow Jyväskylä a ɛwɔ Central Finland no, kwae ne nsu atwa ho ahyia, na na yɛn abusua no taa kɔhwehwɛ hɔ. M’ani nso gye mmoa ho paa; meyɛ abofra no, agyinamoa anaa kraman biara a mehu no no, na mepɛ sɛ mebam no. Bere a merenyin no, sɛ mihu sɛ nkurɔfo retan mmoa ani a, na ɛhaw me paa. Akyiri yi, mekɔdɔm kuw bi a wɔpere mmoa yiyedi, na mihyiaa nnipa a wɔn nso, mmoa ho asɛm hia wɔn.

Yɛyeree yɛn ho yɛɛ adwuma peree mmoa yiyedi. Yetintim nsɛm guu nkrataa so kyekyɛ maa nkurɔfo; afei yɛtew yɛn ho gu mmɔnten so yɛɛ ɔyɛkyerɛ tiaa wɔn a wɔtɔn mmoa nhoma ne wɔn a wɔde mmoa yɛ nhwehwɛmu. Yɛtew kuw foforo mpo a yɛde bɛbɔ mmoa ho ban. Afei nso yɛde ahunahuna, anuɔden ne patapaa faa mu, enti na yɛtaa ne aban mpanyimfo nya asɛm. Wɔkyeree me de me kɔɔ kɔɔto mpɛn pii.

Mmoa ho asɛm no da nkyɛn a, na nneɛma foforo a ɛnkɔ yiye wɔ wiase no nso haw me. Ɛno nti, me ne akuw bebree te sɛ “Amnesty International” ne “Greenpeace” yɛɛ adwuma. Mede m’ahoɔden nyinaa boaa wɔn dwumadi. Afei nso mekasa maa ahiafo, wɔn a ɔkɔm rekum wɔn ne mmɔborɔwafo.

Nanso, nkakrankakra, mibehui sɛ merentumi nsesa wiase. Ɛwom, akuw no tumi dii ɔhaw nketenkete bi ho dwuma, nanso ɔhaw akɛse no de, na ɛregye nsam mpo. Sɛnea na nneɛma rekɔ no, na ayɛ sɛ nea bɔne amene wiase nyinaa ma enti biribiara nyɛ obiara asɛm. Mihui sɛ mintumi nyɛ ho hwee.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA:

Bere a mihui sɛ meyɛ ho hwee a ɛrenyɛ yiye no, me were howee, na m’adwene kɔɔ Onyankopɔn ne Bible so. Ná me ne Yehowa Adansefo asua Bible pɛn. Ɛwom, saa bere no, na  minim sɛ Adansefo no yam ye, na na me ho hia wɔn, nso na menyɛɛ m’adwene sɛ mɛsesa ɔbra a mewom no. Nanso afei de, m’adwene sesae.

Mefaa me Bible fii ase kenkanee, na ɛkyekyee me werɛ paa. Mekenkan Bible mu nsɛm pii a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ mmoa yiye. Emu biako ne Mmebusɛm 12:10; ɛhɔ ka sɛ: “Nnipa pa hwɛ wɔn ayɛmmoa yiye.” (Good News Translation) Mihui nso sɛ ɔhaw a ɛwɔ wiase no, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde ba. Mmom no, nnipa ntie Onyankopɔn asɛm, ɛno nti na yɛn haw adɔɔso no. Bere a misuaa Yehowa dɔ ne n’abodwokyɛre ho ade no, ɛkaa me koma paa.—Dwom 103:8-14.

Saa bere no ara na mihuu biribi wɔ Yehowa Adansefo nhoma akyi sɛ metumi abisa ama wɔabrɛ me nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no bi, enti mehyehyɛ de kɔe. Ankyɛ, Adansefo awarefo bi baa me nkyɛn, na mepenee so ma wɔne me yɛɛ Bible adesua. Afei nso mehyɛɛ ase kɔɔ Kristofo nhyiam wɔ Ahenni Asa so. Eyi nyinaa maa Bible a meresua no kaa me koma paa.

Bible adaworoma, mitumi yɛɛ nsakrae pii wɔ m’asetena mu. Migyaee sigaretnom ne nsawe. Afei de, na misiesie me ho yiye, na manka kasafi bio. Mifii ase de obu maa aban mpanyimfo. (Romafo 13:1) Ná mibu ɔbrabɔne paa, nanso migyaee.

Akuw a wɔpere wiase yiyedi no, na ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene wɔ ho, na ɛno ne ade biako a na ɛyɛ den ma me paa. Nsakrae no bae nkakrankakra. Mfiase no, na ɛyɛ me sɛ, sɛ mifi kuw no mu a, ɛkyerɛ sɛ mayi wɔn ama. Nanso, mibehui sɛ Onyankopɔn Ahenni nko ara na ebetumi ama wiase yi ayɛ yiye. Enti misii gyinae sɛ mede m’ahoɔden nyinaa bɛboa saa Ahenni no na maboa nkurɔfo ma wɔasua ho ade.—Mateo 6:33.

SƐNEA ABOA ME:

Bere a merepere sɛ mɛsesa wiase no, mekyɛɛ nnipa mu akuw abien wɔ me tirim; apapafo ne abɔnefo. Wɔn a mibuu wɔn abɔnefo no, na me ne wɔn ani nhyia koraa. Nanso, Bible adaworoma, mentan obiara bio. Mmom no, medɔ obiara. (Mateo 5:44) Ɔkwan biako a mefa so kyerɛ sɛ medɔ nkurɔfo ne sɛ, meka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛ obiara. Ɛyɛ me dɛ sɛ mihu sɛ adwumapa yi de asomdwoe ba; ɛma nkurɔfo ani gye na wonya anidaso.

Magyaw biribiara ama Yehowa sɛ onni ho dwuma, na ama manya akomatɔyam. Migye di sɛ Ɔbɔadeɛ no renhwɛ mma mmoa ne nnipa nhu amane daa, na ɔrenhwɛ mma nnipa nsɛe asase fɛfɛ yi. Mmom no, ɛrenkyɛ ɔbɛma n’Ahenni abɛyɛ nneɛma nyinaa foforo. (Yesaia 11:1-9) M’ani agye paa sɛ mahu nokwasɛm yi, na m’ani agye nso sɛ mereboa afoforo ama wɔasua ho ade anya mu gyidi. Mente nka bio sɛ ɛsɛ sɛ mesesa wiase.