Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 BƐN ONYANKOPƆN

‘Yehowa De Afiri Mo Korakora’

‘Yehowa De Afiri Mo Korakora’

Britainni abakɔsɛm kyerɛwfo Edward Herbert a ɔtenaa ase bɛyɛ mfe 400 ni no kaa nsɛm bi de kyerɛɛ ade biako nti a obi yɛ yɛn bɔne a ɛsɛ sɛ yɛde kyɛ no. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi yɛ amfamfiri a, ɔte sɛ obi a wabubu twene a ɔno ara bɛfa so da bi.” N’asɛm no ma yehu nokwasɛm yi: Yɛn nso yɛfom nkurɔfo, enti ebehia sɛ wɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Mateo 7:12) Nanso biribi a ehia sen saa koraa wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛde bɔne kyɛ. Ma yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo asɛm a ɛwɔ Kolosefo 3:13 no.—Kenkan.

Bɔne wɔ yɛn nyinaa ho, enti yetumi fom yɛn yɔnko, na wɔn nso tumi fom yɛn. (Romafo 3:23) Dɛn na yebetumi ayɛ ama asomdwoe atena yɛne yɛn yɔnko nnipa ntam? Onyankopɔn honhom kaa Paulo ma otuu yɛn fo sɛ yennya afoforo ho koma na yɛmfa wɔn mfomso nkyɛ wɔn. Saa asɛm no, ɔkyerɛwee akyɛ; aka kakra na mfe mpem abien aba, nanso entwaam. Ma yɛnhwehwɛ Paulo asɛm no mu nkɔ akyiri kakra.

“Monkɔ so nnya mo ho abotare.” Hela asɛmfua a ɔkyerɛɛ ase “monkɔ so nnya mo ho abotare” no kyerɛ sɛ obi benya koma anaa ntoboase. Nhoma bi ka sɛ nea Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ saa su no bi ne sɛ, “sɛ wohu nkurɔfo mfomso anaa suban bi a wɔmpɛ a, woyi wɔn yam nya wɔn ho abotare.” Sɛnea ɔkae sɛ “mo ho” no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ obiara nya ne yɔnko ho abotare. Ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛkae sɛ yɛn nso, suban bi wɔ yɛn ho a nkurɔfo mpɛ a, yɛremma nea ɛwɔ wɔn ho a yɛmpɛ no nsɛe yɛne wɔn ntam. Sɛ nkurɔfo yɛ yɛn bɔne nso ɛ?

‘Monkɔ so mfa mfirifiri mo ho korakora.’ Ɔbenfo bi kyerɛ sɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fa firi korakora” no, “ɛnyɛ asɛmfua a wɔtaa de kyerɛ fafiri . . . na mmom ɛyɛ biribi a ɛkɔ akyiri kyɛn saa a ɛkyerɛ sɛ nea ɔde refiri no adom ne yɔnko no.” Nhoma foforo nso ka sɛ asɛmfua no betumi akyerɛ sɛ “wobɛma obi biribi a ɛka koma, wobɛyɛ no adɔe anaa wobɛma no biribi a mfaso wɔ so.” “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko” na sɛ oyi ne yam de firi no a, ɛkyerɛ sɛ wadom onii no. Nanso adɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam dom yɛn yɔnko saa? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, yɛn nso yebetumi ayɛ onii no bɔne ama ɛho abehia sɛ ɔno nso de yɛn bɔne kyɛ yɛn.

“Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde afoforo bɔne firi wɔn paa ne sɛ, Yehowa Nyankopɔn de yɛn bɔne afiri yɛn koraa. (Mika 7:18) Hwɛ adom kɛse a Yehowa de dom abɔnefo a wɔanu wɔn ho. Yehowa nte sɛ nnipa; ɔnyɛ bɔne. Enti onim sɛ ɔno de, ɛremma da sɛ ɔbɛyɛ nnipa bɔne ama wɔde ne bɔne akyɛ no. Ne nyinaa akyi no, oyi ne yam de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne kyɛ wɔn korakora. Anokwa, obiara nni hɔ a otumi de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn korakora te sɛ Yehowa!

Obiara nni hɔ a otumi de abɔnefo a wɔanu wɔn ho bɔne firi wɔn korakora te sɛ Yehowa!

Yehowa mmɔborɔhunu ma yetumi bɛn no, na ɛma yɛn ani gye ho sɛ yebesuasua no. (Efesofo 4:32–5:1) Ɛbɛyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ Yehowa dom me de me bɔne kyɛ me saa a, adɛn nti na sɛ me yɔnko nipa a bɔne wɔ ne ho yɛ me bɔne na onu ne ho ampa a, mɛka sɛ meremfa nkyɛ no?’Luka 17:3, 4.