Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 ASƐM A ƐDA SO | ONYANKOPƆN BU SIGARETNOM SƐN?

Sigaret—Onyankopɔn Bu no Sɛn?

Sigaret—Onyankopɔn Bu no Sɛn?

Yɛaka Naoko ho asɛm dedaw. Ɔkyerɛɛ nea ɛma otumi gyaee sigaretnom no mu sɛ: “Misuaa nokwasɛm a ɛfa Onyankopɔn su ahorow ho ne nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ daakye. Ɛno na ɛboaa me ma mitumi sesaa m’abrabɔ.” Osuaa saa nokwasɛm no fii Bible mu. Bible nhyɛ da mmɔ sigaret anaa tawa din, nanso ɛboa yɛn ma yehu adwene a Onyankopɔn kura wɔ sigaret ho. * Eyi ama nnipa pii atwe wɔn ho afi sigaret ho koraa; wɔn a na wɔnom bi nso agyae. (2 Timoteo 3:16, 17) Ɔhaw mmiɛnsa bi wɔ hɔ a obiara nim sɛ sigaret de ba. Ma yɛnka ho asɛm na yɛnhwɛ nea Bible ka wɔ ho.

SIGARETNOM TUMI KA NNIPA HƆ

Aduru bi wɔ sigaret anaa tawa mu a wɔfrɛ no nicotine; ɛno na ɛma sigaretnom ka nnipa hɔ. Nicotine tumi ma obi ani so yɛ krakra, na etumi bow obi nso. Sɛ obi nom sigaret a, nicotine a ɛwɔ mu no kɔ n’adwenem ntɛm pa ara. Sigaret wusiw biara a obi bɛtwe akɔ ne mu no, nicotine wom. Obi a ɔnom sigaret adaka biako da biara no, ɔtwe wusiw miimii saa ara bɛyɛ 200 kɔ ne mu. Enti nicotine a ɛkɔ ne mu de, ɛnyɛ agoru. Esiane sɛ wɔn a wɔnom sigaret no twe nicotine pii saa nti, ɛma ne gyae yɛ den. Ɛba saa a, sɛ nicotine ankɔ wɔn mu pɛ, na wɔn ho yeraw wɔn.

“Obiara a . . . mutie no no, tie a mutie no nti ɔno na moyɛ ne nkoa.”—Romafo 6:16

Sɛ sigaret anaa tawa de wo ayɛ akoa a, wubetumi aka sɛ wutie Onyankopɔn anaa?

Bible ma yehu sɛnea ɛsɛ sɛ yebu sigaret. Ɛka sɛ: “Munnim sɛ obiara a mode mo ho ma no sɛ nkoa na mutie no no, tie a mutie no nti ɔno na moyɛ ne nkoa?” (Romafo 6:16) Sɛ sigaret gye obi adwene ara ma wannya bi a, ontumi ntena a, na ɛkyerɛ sɛ ɛde no ayɛ akoa. Nanso, Onyankopɔn a ne din de Yehowa no mpɛ sɛ yɛbɛyɛ nkoa ama biribiara a ebetumi adi yɛn awu. Ɔpɛ sɛ yɛkwati nneɛma a ebetumi agu yɛn honhom, kyerɛ sɛ, yɛn adwene ho fĩ. (Dwom 83:18; 2 Korintofo 7:1) Enti, sɛ obi sua Yehowa ho ade hu no yiye, na onya obu ma no a, obehu sɛ ɔrentumi nyɛ akoa mma Onyankopɔn na ɔrensan nyɛ akoa mma biribi a ebedi no awu. Sɛ obi gye saa asɛm yi tom a, ɛbɛhyɛ no den ma watwe ne ho afi subammɔne ho.

Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Olaf wɔ Germany. Bere a ofii ase nom sigaret no, na wadi mfe 12 pɛ. Ɔnom sigaret mfe pɔrepɔre 16 nanso otumi gyaee. Bere a edi kan a ɔnom bi no, wammu no ade kɛse biara. Nanso, n’ani baa ne ho so no, na wayɛ sɛ oguan a nkyene aka n’ano; ogyae a ennyae. Ɔkaa sɛ: “Da bi mpo de, na minnya sigaret no bi nnom, enti metasee sigaret ase mporoporowa guu krataa so bobɔwee, na mesɔ nomee. Sɛ mekae a, na m’ani awu paa sɛ meyɛɛ saa.” Ɛbaa no sɛn na afei otumi gyaee sigaretnom a na ɛde no ayɛ akoa yi? Ɔtoaa n’asɛm no so sɛ: “Ade a ɛboaa me paa ne sɛ, na mepɛ sɛ meyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Ɔdɔ a Yehowa  wɔ ma nnipa ne anidaso a ɔde ama yɛn no, ɛno na ɛmaa me ahoɔden a mede gyaee koraa.”

SIGARET SƐE NIPADUA

Nhoma bi ka sɛ: “Nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, sigaret . . . tumi sɛe nipadua no akwaa biara, etumi de yare brɛ nnipa pii, na ekum nnipa bebree nso.” (The Tobacco Atlas) Nnipa bebree nim sɛ yare a sigaret taa de ba paa ne kokoram, komayare ne ahrawa mu yare. Nanso, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kyerɛ sɛ, sigaret anaa tawa tumi ma obi nya nsanyare bi te sɛ nsamanwaw nso.

“Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”—Mateo 22:37

Sɛ woyɛ biribi de sɛe nipadua a Onyankopɔn de ama wo no a, wohwɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ wowɔ ɔdɔ ne obu ma Onyankopɔn anaa?

Yehowa Nyankopɔn nam n’Asɛm Bible no so boa yɛn ma yenya adwene a ɛfata wɔ yɛn nkwa, yɛn nipadua ne yɛn adwene ho. Ne Ba Yesu sii saa asɛm no so dua sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mateo 22:37) Ɛno kyerɛ sɛ, Onyankopɔn pɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nkwa so yiye, na ɔmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn nipadua basabasa. Sɛ yesua Yehowa ho ade, na yehu ne bɔhyɛ ahorow a, ɛma yɛdɔ no, na yenya anisɔ ma nea wayɛ ama yɛn nyinaa. Ɛno boa yɛn ma yɛkwati biribiara a ebegu yɛn nipadua ho fĩ.

Dɔkota bi wɔ India a wɔfrɛ no Jayavanth. Ɔnom sigaret saa ara mfe 38. Ɔkae sɛ: “Dɔkotafo nhoma ahorow a misuae no ma mibehuu ɔhaw a sigaret anaa tawa de ba. Ná minim sɛ nea mereyɛ no nyɛ; ayarefo ba me nkyɛn mpo a, na mitu wɔn fo sɛ wonnyae sigaretnom. Nanso, mpɛn nnum anaa nsia a meyɛe sɛ megyae nyinaa, meyɛ ara a, na agye agu.” Ɛyɛɛ dɛn na afei de ogyaee? Ɔkaa sɛ: “Bible a misuae no na ɛboaa me ma migyaee sigaretnom. Ná mepɛ sɛ meyɛ Yehowa apɛde, enti ankyɛ koraa na migyaee sigaretnom.”

SIGARET PIRA AFOFORO

Sɛ obi puw sigaret anaa tawa ho wusiw gu wo so, anaasɛ wohome ɛho wusiw biara a, ebetumi apira wo. Nnipa a wɔhome sigaret wusiw no tumi nya yare bi te sɛ kokoram ne yare afoforo. Afe biara, nnipa a wɔn ankasa nnom sigaret nanso ɛho wusiw a wɔhome no kum wɔn no dodow yɛ 600,000. Mmea ne mmofra na ekum wɔn kɛse. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Sɛ obi renom sigaret na wusiw no kakraa bi mpo kɔ wo mu a, woapira.”

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”Mateo 22:39

Sɛ wodɔ wo yɔnko ne w’abusua paa a, wobɛnom sigaret agu wɔn so?

 Yesu kyerɛɛ sɛ ɔdɔ a yebenya ama yɛn yɔnko, kyerɛ sɛ, yɛn abusuafo, yɛn nnamfo ne obiara a ɔbɛn yɛn no ho hia paa. Ɔkyerɛe sɛ ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn nkutoo na ɛkyɛn no. Yesu kaa sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko anaa wɔn a wɔbɛn yɛn a, yɛrenyɛ biribi a ebepira wɔn. Mmom, ɔdɔ kann bɛma yɛde Bible afotu yi ayɛ adwuma: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”—1 Korintofo 10:24.

Ɔbarima bi a ne din de Armen wɔ Armenia. Ɔkaa sɛ: “M’abusuafo ka kyerɛɛ me sɛ menom sigaret a, epira wɔn, enti wɔpa me kyɛw, minnyae. Ná mempɛ sɛ migye tom sɛ ebetumi apira wɔn.” Ɔreka nea ɛma otumi gyaee no, ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Bible mu nimdeɛ ne ɔdɔ a mibenya maa Yehowa no na ɛboaa me ma migyaee sigaretnom. Ɛmaa migye toom sɛ ampa, sigaret a menom no pira me, san pira wɔn a wɔbɛn me nso.”

SIGARET ASE BETU!

Sigaret de Olaf, Jayavanth, ne Armen yɛɛ nkoa, na na sigaret a wɔnom no pira wɔne afoforo. Bible mu nimdeɛ a wonyae na ɛboaa wɔn ma wogyaee. Nanso, ɛnyɛ nim a wonim sɛ sigaret di awu kɛkɛ nti na wogyaee nom. Mmom, ade a ɛboaa wɔn paa ne sɛ, wobenyaa ɔdɔ maa Yehowa, na afei wonyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. Asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 5:3 no ma yehu nea enti a ɔdɔ ho hia paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; na n’ahyɛde nyɛ den.” Nokwarem no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde Bible mu afotu bɛyɛ adwuma, nanso, sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, ɛrenyɛ den sɛ yɛbɛyɛ osetie ama no.

Yehowa Nyankopɔn nam ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a ɛrekɔ so wɔ wiase nyinaa so reboa nnipa pii a sigaret anaa tawa de wɔn ayɛ nkoa. Ɔkyerɛkyerɛ adwuma yi ama nnipa ɔpepem pii atwe wɔn ho afi sigaret ne tawa ho, na wɔn a na wɔnom bi nso agyae koraa. (1 Timoteo 2:3, 4) Ɛrenkyɛ biara, Onyankopɔn nam ne soro Ahenni no so beyi aguadifo adifudepɛfo a wɔama sigaret anaa tawa afa nkurɔfo nnommum no nyinaa afi hɔ. Ne Ba Yesu Kristo na obedi saa Ahenni no so hene. Obetu yare a sigaret akɔfa aba nyinaa ase, na ɔbɛma adesamma asoɔmmerɛwfo anya nipadua ne adwene a dɛm biara nni ho.—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 19:11, 15.

Sɛ woayɛ nea wubetumi biara sɛ wubegyae sigaret anaa tawa nom nanso ɛnyɛ yiye a, mma w’abam mmu. Sɛ wusua Yehowa ho ade, na wubenya ɔdɔ ma no a, wubehu sɛ okyi sigaret. Ɛno bɛboa wo ma woatumi agyae. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo. Wɔne wo besua Bible no ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi de Bible mu afotu abɔ wo bra. Sɛ wopɛ sɛ Yehowa boa wo ma wugyae sigaretnom a, nya awerɛhyem sɛ, ɔbɛma wo ahoɔden a wuhia no.—Filipifo 4:13.

^ nky. 3 Sigaret ho asɛm a yɛreka yi, ɛfa biribiara a obi sɔ na ɔtwe mu wusiw kɔ ne mu ho. Ebi ne sigaret ankasa, abua, ne ɛlɛtrɔnik sigaret a nicotine wom. Nneɛma bi te sɛ bonto a wotwi ne asra a wohua nyinaa ka ho.