Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASƐM A ƐDA SO

Hwannom Ne Yehowa Adansefo?

Hwannom Ne Yehowa Adansefo?

“Menim Mike firi teteete. Ɔyɛ Yehowa Danseni. Nanso ɔsom a ɔwom no deɛ mente aseɛ. Hwan ne Yehowa? Dɛn nti na Adansefo no nni nnapɔnna? Esum ase kuo bi na Mike akɔdɔm anaa?”—Becky, California, U.S.A.

“Bere a m’afipamfo bi firii aseɛ ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ɛyɛɛ me nwonwa ma mebisaa sɛ: ‘Edin Yehowa Adansefo no deɛ ɛkyerɛ sɛn? Asɔre bɛn nso ni?’”—Zenon, Ontario, Canada.

“Ná me ne me yere agyae asɔrekɔ, enti yɛn adwene yɛɛ yɛn sɛ Yehowa Adansefo no rebɛka asɛm bi a ɛbɛma yɛn ahonim abu yɛn fɔ. Nea yɛkae ara ne sɛ, sɛ ɔsom atitiriw no mpo antumi amma yɛn nsa anka nea yɛrehwehwɛ a, ɛnneɛ Yehowa Adansefo deɛ, biribi pa bɛn na wɔbɛtumi ama yɛanya.”—Kent, Washington, U.S.A.

“Nokwasɛm ni, na mennim nnipa ko a wɔyɛ ne nea wɔgye di.”—Cecilie, Esbjerg, Denmark.

Ebia wotaa hu sɛ wɔka asɛm no wɔ afie afie anaa badwam, wɔkyekyɛ Bible ho nwoma ahorow, na wɔne nkurɔfo sua Bible a wɔnnye sika biara. Ebia wogyee saa nwoma yi firii wɔn mu bi hɔ. Wei nyinaa akyi no, ebia wobɛbisa sɛ, ‘Yehowa Adansefo yɛ nnipa bɛn ankasa?’ Ɛbɛtumi aba sɛ wo ne nnipa a yɛafa wɔn asɛm aka dada no bi yɛ adwene.

Sɛ wowɔ nsɛmmisa a ɛte saa a, ɛhefa na wobɛnya mmuaeɛ no? Wobɛyɛ dɛn ahu nea Yehowa Adansefo gye di ankasa? Wɔyɛ dɛn nya sika de boa wɔn som adwuma no, ne aka a wɔbɔ wɔ baabi a wɔhyiam som no ho? Dɛn nti na wɔba wo fie na wɔhu wo abɔnten nso a, wɔba wo nkyɛn?

Cecilie a yɛaka ne ho asɛm dada no kaa sɛ: “Mekenkanee Yehowa Adansefo ho nsɛm pii wɔ Intanɛt so. Ná metete wɔn ho nsɛm, na na metie nsɛm a ɛnyɛ a nkurɔfo ka fa wɔn ho no. Ɛno nti, menyaa Yehowa Adansefo ho adwene a ɛmfata.” Akyiri yi, ɔne Yehowa Adansefo ankasa bɔɔ nkɔmmɔ na ɔnyaa ne nsɛmmisa ho mmuaeɛ maa ne koma tɔɔ ne yam.

Wopɛ sɛ wonya Yehowa Adansefo ho nsɛmmisa ho mmuaeɛ a ɛyɛ nokware? Ɛnneɛ yɛhyɛ wo nkuran sɛ, bisa wɔn a wɔnim wɔn ho nsɛm yie no—Yehowa Adansefo no ankasa. Wɔn na wɔtintimii saa nwoma yi. (Mmebusɛm 14:15) Nsɛm a ɛdidi so no bɛboa wo ma woahu nnipa ko a yɛyɛ ne nea yɛgye di, na wobɛnya adwuma a yɛyɛ no ho ntease.