Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Na Ɛyɛ Me sɛ Gyama Wiase Nyinaa Yɛ Me Dea

Na Ɛyɛ Me sɛ Gyama Wiase Nyinaa Yɛ Me Dea
  • AFE A WƆWOO NO: 1982

  • ƆMAN A ƆFIRI MU: POLAND

  • TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆDI AKAKABENSƐM, NOM NNUBƆNE, NA NA ƆPƐ ADWUMA A ƐWƆ DIN AYƐ

ME KAN ASETENA:

Wɔwoo me Poland kuro ketewaa bi mu; ɛfiri hɔ rekɔ Poland ne Germany hyeɛ so no nware koraa. Baabi a na yɛte no, na nnua pii ne mfuo atwa yɛn ho ahyia, enti na yɛn asom dwo yɛn paa. Ná m’awofo dɔ me, na na wɔpɛ sɛ mebɔ bra pa, yere me ho kɔ sukuu, na mepɛ adwuma a ɛwɔ din yɛ.

Mekɔɔ sukuupɔn wɔ Wrocław sɛ merekɔsua mmara abɛyɛ lɔya. Saa bere no na me haw nyinaa fii ase. Mefirii m’awofo nkyɛn no, mede me ho kɔbɔɔ nnamfo bɔne. Ná m’ani gye bɔɔlbɔ ho, nanso ayɔnkogorɔ nti ɛduu baabi no, na bɔɔlbɔ adi me ti. Bɔɔlbɔ kuo a na mepɛ wɔn asɛm paa no fi Warsaw, enti ɛdu Memeneda ne Kwasida a, na adagyeɛ nnim koraa; baabi a wɔbɛkɔ biara, na medi wɔn akyi. Sɛ yɛkɔ a, nsa ne nnubɔne deɛ, na yɛfa no kwa. Yɛtumi ne bɔɔlbɔ kuo foforo no akyitaafo de bɔ ani. Ná menim sɛ polisifo kye me a, m’awiei ara no no, merentumi ntoa me sukuu no so bio. Nanso na ɛyɛ me sɛ bra a merebɔ no bɛma me ho atɔ me.

Me ne me nnamfonom sɔre a, disko ara na na yɛkɔ. Yɛkɔ nso a, ɛreyɛ ara ni na yɛne nkurɔfo de ntɔkwa agyina mu. Ná polisifo taa kye me, nanso metumi nya me ho tete. Ɛtɔ da nso a, mede braeb wurawura mu ma wɔgyae me. Ná ɛyɛ me sɛ gyama wiase nyinaa yɛ me dea. Me koma mu nso deɛ, na menim sɛ nea mereyɛ no nyɛ. Enti nea ɛbɛyɛ na me tiboa ammu me fɔ no, Kwasida biara na mekɔ asɔre.

SƐNEA BIBLE SESAA M’ASETENA:

Afe 2004 mu no, Yehowa Adansefo mmienu bi baa me nkyɛn bɛkaa Bible mu asɛm kyerɛɛ me, na mepenee so sɛ mene wɔn bɛsua Bible. Bere a mesuaa Bible huu nea ɛsɛ sɛ nokware Kristoni yɛ no, me tiboa fii ase ne me koe. Ɛduu baabi no, me ara mehui sɛ ɛsɛ sɛ megyae nsawe ne nnubɔnenom. Mehuu nso sɛ wɔn a wɔnsua Bible no, ɛsɛ sɛ me ne wɔn twa nnamfo mu. Ná meyɛ patapaa, na na medi akakabensɛm; wei nso na ɛsɛ sɛ megyae. Mebɛhui sɛ ɛsɛ sɛ megyae weinom nyinaa, nanso na baabi a metim ara na metim.

Anadwo bi a mene mmarima nwɔtwe bi de ntɔkwa gyinaa mu no, saa da no na mehuu sɛ afotuo nsakra nnipa gye sɛ nsɔhwɛ. Mekae paa sɛ, saa da no nkurɔfo no kaa me tim fam bobɔɔ me, na wɔtutuu wɔn nan wowɔɔ me. Afei deɛ na mahu sɛ mene owuo abɔ mpu-ne-mpu, enti mebɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me. Ɛyɛ me yaw sɛ mantie w’Asɛm. Mehyɛ wo bɔ sɛ sɛ mefiri mu fi a, mene Adansefo no bɛsua Bible na masakra me suban.” Ampa-ne-ampa ara, menyaa me ti didii mu, enti mede ɔseɛ yɛɛ ɔyɔ suaa Bible no.

Afe 2006 mu no, mebuu me kɛtɛ mu kɔɔ England. Nea enti a mekɔɔ hɔ ne sɛ, na merekɔpɛ sika na masan akɔ Poland akɔtoa me sukuu so anya abɔdin kɛse wɔ mmara mu. Nanso bere a megu so resua Bible no, kyerɛwnsɛm bi pem me paa. Ɔsomafo Paulo na ɔkaa saa asɛm no. Ɔkaa sɛ: “Nokorɛm no, mebu nneɛma nyinaa sɛ adehwereɛ m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn soɔ no nti. Ɔno nti na mebu nneɛma nyinaa adehwereɛ na mebu no sɛ nwura dodoɔ, na matumi anya Kristo.” (Filipifoɔ 3:8) Ná me ne ɔsomafo Paulo di nsɛ wɔ nneɛma bi mu; ɔno nso kɔɔ mmaranimfo sukuu, na na ɔdi akakabensɛm paa. (Asomafoɔ Nnwuma 8:3) Paulo bɛhui sɛ sɛ ɔyere ne ho som Onyankopɔn na ɔsuasua Yesu a, ɛno na ɛbɛma wanya asetena pa. Bere a medwendwenee nea Paulo yɛe ho no, mebɛhui sɛ adwuma a ɛwɔ din ne patapaasɛm ntumi mma obi nnya anigye. Afei mehui sɛ sɛ Paulo mpo tumi sesae a, ɛnneɛ me nso mɛtumi asesa. Enti mekɔɔ so tenaa England, na mmaranim sukuu ne ɛmu abɔdin krataa kɛseɛ no, meyii m’adwene fii so.

Bere a mesuaa Yehowa ho ade pii no, mebɛyɛɛ n’adamfo. W’ahyɛ bɔ sɛ ɔde wɔn a wɔayɛ bɔne na wɔanu wɔn ho bɔne bɛkyɛ wɔn. Saa bɔhyɛ yi kaa me paa. (Asomafoɔ Nnwuma 2:38) Bere a mekenkanee 1 Yohane 4:16 na medwendwenee ho no, mebɛhuu nea enti a Onyankopɔn ani nnye akakabensɛm ho. Saa kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.”

Ná Adansefo no wɔ anigye paa, enti na mepɛ sɛ mede me ntoma kɔbɔ wɔn deɛ ano

Afei nso, na Adansefo no abrabɔ yɛ me fɛ paa. Biribiara kyerɛ sɛ wɔde Bible mu asɛm bɔ wɔn bra. Ná wɔwɔ anigye paa, enti na mepɛ sɛ mede me ntoma kɔbɔ wɔn deɛ ano. Ná mepɛ sɛ mesesa m’abrabɔ, na na ɛnna fam. Nanso, metotoo me nneɛma yie, enti afe 2008 mu no, wɔbɔɔ me asu maa mebɛyɛɛ Yehowa Danseni.

Sɛ me ne Esther kyerɛkyerɛ Bible mu kyerɛ wɔn a wɔka Poland kasa no a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam

SƐNEA ABOA ME:

Obi a na medi akakabensɛm, nom nnubɔne, we nsa, pɛ adwuma a ɛwɔ din ayɛ, na bɔɔlbɔ agye me ti no, afei deɛ Bible no asesa me koraa. Seesei mesom Onyankopɔn, na mekyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no. M’ani da so ara gye bɔɔlbɔ ho, nanso mebɔ mmɔden sɛ meremfa me koma nyinaa nni akyi.

Ɛnnɛ a merekasa yi, maware ɔbaa hoɔfɛfo bi a ɔsuro Yehowa; ne din de Esther, na yɛn ani gye paa. Polandfo a wɔwɔ baabi a yɛte wɔ England no, yɛanya hokwan rekyerɛkyerɛ wɔn Bible no, na wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam. Afei deɛ, mewɔ anigye mu anigye; me tiboa ne me nko bio na mewɔ asetena pa.