Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE TUMI SESA NNIPA

“Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene”

“Ná Nsɛm Pii Kyere M’adwene”
  • Afe a Wɔwoo No: 1976

  • Ɔman a Ofi Mu: Honduras

  • Kan No: Ná Ɔyɛ Ɔsɔfo

ƆBRA A NA MEWOM

 Yɛwoo me wɔ Honduras kurow bi a yɛfrɛ no La Ceiba mu. Yɛn abusua mu no, na yɛyɛ mmofra nnum. Me nko ara na na meyɛ ɔbarima, na me nso na na meyɛ kaakyire. Afei nso, me nko ara na meyɛ mum. Ná yɛyɛ ahiafo na baabi a na yɛte nso, na ɛhɔ yɛ hu paa. Bere bi, me papa nyaa akwanhyia wɔ adwumam ma owui. Owui akyi no, nneɛma mu bɛyɛɛ den paa. Saa bere no na madi mfe nnan.

 Me maame yɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛhwɛ me ne me nua mmea no, nanso ɛtɔ da a, nea ɔde bɛtɔ ataade ama mahyɛ koraa na ayɛ den. Esiane sɛ na minni ataade a mede ko awɔw nti, na nsu tɔ a, awɔw taa de me.

 Merenyin no, misuaa Honduras Mum Kasa (LESHO) sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne mumfo akasa. Me maame ne me nua mmea no de, na wɔnte mum kasa no, enti sɛ na wɔpɛ sɛ wɔne me kasa a, wɔde wɔn nsa yɛ biribi sɛnea ɛbɛyɛ a mete nea wɔreka no ase. Ná me maame dɔ me paa, na na ɔpɛ sɛ ɔbɔ me ho ban. Ná ɔtaa tu me fo sɛ, menhwɛ yiye na mamfa sigaretnom ne nsanom ansi m’ani so. Saa afotu no boaa me paa. Wei nti merenyin no, saa nneɛma no anyɛ ɔhaw amma me.

 Misua no, na me maame taa de me kɔ Katolek asɔre. Yɛkɔ a, wubehu sɛ mete hɔ dinn efisɛ na mente nea wɔreka no. Afei nso, na obiara nni hɔ a ɔde mum kasa bɛkyerɛ mu akyerɛ me. Ná ɛhɔ nyɛ me dɛ nti migyaee kɔ. Saa bere no na madi mfe du. Nanso na mepɛ sɛ mihu Onyankopɔn yiye.

 Afe 1999 mu no, mihyiaa maame bi a ofi United States a ɔyɛ Protestantni. Saa bere no na madi mfe 23. Ɔne me suaa Bible kakra, na ɔkyerɛɛ me American Mum Kasa (ASL). Nea na meresua wɔ Bible mu no, na m’ani gye ho araa ma misii gyinae sɛ mɛba abɛyɛ ɔsɔfo. Enti mikogyee asɔfodi ntetee wɔ Puerto Rico. Afe 2002 mu no, mesan baa La Ceiba. Mebae no, me nnamfo bi boaa me ma yɛtee mumfo asɔre. Akyiri yi mewaree me nnamfo yi mu baako; ne din de Patricia.

 Esiane sɛ na meyɛ ɔsɔfo nti, na me na midi anim kyerɛkyerɛ Bible no mu kyerɛ mumfo no. Bible no mu nsɛm no bi wɔ a, na mede mfoni na ɛkyerɛkyerɛ mu. Ebi wɔ hɔ nso a, na meyɛ no sɛ drama sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte ase. Afei nso, mumfo a na wɔwɔ kurow a ɛbɛn baabi yɛwɔ no, na metaa kɔsra wɔn hyɛ wɔn nkuran, na na meboa wɔn ma wodi wɔn haw ho dwuma. Mekɔɔ United States ne Zambia mpo kɔtrɛw m’asɔfodi adwuma no mu. Nanso sɛ mɛka nokware a, nea na meyɛ no nyinaa, na minnim Bible no mu ahe biara. Sɛnea na mete mfoni ahorow a ɛwɔ Bible no mu ase ne nea nkurɔfo aka akyerɛ me na na mede kyerɛkyerɛ wɔn. Enti mɛka a, na nsɛm pii kyere m’adwene.

 Da koro bi, asɔrefo no bi kekaa nsɛm bi a ɛnyɛ nokware faa me ho. Ná wɔde nenam sɛ mepɛ nsã, na mafa me yere akyi. Wei maa me bo fuwii paa, enti ankyɛ biara na me ne Patricia gyaee asɔre no.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA

 Ná Yehowa Adansefo taa ba yɛn fie sɛ wɔne yɛn rebesua Bible, nanso na yɛtaa pam wɔn. Yegyaee asɔre no akyi no, Patricia yɛe sɛ ɔbɛma wɔne no asua ade. Enti ɔne awarefo bi a yɛfrɛ wɔn Thomas ne Liccy fii ase suaa ade. Ná wɔnyɛ mum, nanso na wɔte mum kasa no paa. Wei maa mebɛpɛɛ wɔn asɛm, enti me nso mepenee so sɛ wɔne me nsua ade.

 Ná yɛde video ahorow a ɛwɔ America Mum Kasa (ASL) mu na esua ade. Abosome bi akyi no, yɛn nnamfo no bi ka kyerɛɛ yɛn sɛ, Yehowa Adansefo nsom Onyankopɔn, mmom wodi nnipa akyi. Wei ma yegyaee Bible adesua a na yɛne wɔn yɛ no. Ɛwom Thomas maa me adanse a na ɛkyerɛ sɛ nea wɔreka no nyɛ nokware, nanso mamfa me ti annye.

 Abosome bi akyi no, Patricia bɛyaree denneennen; obenyaa adwenemhaw. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ, ɔmma Yehowa Adansefo no bi nsan mmɛsra no. Ankyɛ na Yehowa Danseni bi a ɔte yɛn mpɔtam hɔ bɛsraa Patricia. Patricia ka kyerɛɛ maame no sɛ ɔpɛ sɛ Liccy bɛsra no. Liccy boaa Patricia paa; nnawɔtwe biara na ɔbɛsra no ne no sua Bible, na na ɔhyɛ no nkuran. Nanso nea na wɔreyɛ nyinaa akyi no, na minnye wɔn nni.

 Afe 2012 mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Honduras yɛɛ asɛnka ɔsatu titiriw bi. Ná wɔreyi video bi a wɔato din So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? wɔ Honduras Mum Kasa (LESHO) mu akyerɛ nkurɔfo. Liccy brɛɛ yɛn video no bi ma yɛhwɛe. Mehwɛ wiei no, mibehui sɛ nneɛma a na mekyerɛkyerɛ wɔ asɔre te sɛ hellgya ne ɔkra a enwu da no, sɛɛ enni Bible mu.

 Nnawɔtwe a edi hɔ no, mekɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so sɛ merekɔhwehwɛ Thomas. Mihuu no no, meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meka nokwasɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ mumfo no, nanso mempɛ sɛ mɛyɛ Yehowa Danseni. Ná m’adwene ne sɛ, mepɛ sɛ mete asɔre na mekyerɛkyerɛ mumfo ma wobehu nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu no. Thomas kamfoo me wɔ nea mepɛ sɛ meyɛ no ho. Nanso ɔkenkan Efesofo 4:5 kyerɛɛ me, na ɔtwee adwene sii so sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo amapa nyinaa nya gyidi baako anaa wɔbom som Yehowa.

 Afei Thomas de video a yɛato din Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 1: Wɔafi Sum Mu a wɔayɛ wɔ ASL mu maa me. Saa video no ma mihuu sɛnea mmarima bi tɔɔ wɔn bo ase hwehwɛɛ Bible mu. Ná wɔpɛ sɛ wohu nokwasɛm ahorow a ɛwɔ Bible mu. Mehwɛ wie no, asɛm a mekae ara ne sɛ, wei ara bi na mepɛ sɛ meyɛ; na mepɛ sɛ mihu nokware no. Saa video no boaa me ma mihuu sɛ Yehowa Adansefo na ɛkyerɛkyerɛ nokware no, efisɛ wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so. Enti mesan fii ase ne wɔn suaa Bible no. Afe 2014 mu no, me ne Patricia bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.

SƐNEA ABOA ME

 M’ani gye Yehowa Adansefo ho paa, efisɛ sɛnea Onyankopɔn yɛ kronkron no, wɔn nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ abrabɔ kronn. Wɔnka kasafĩ na wɔne obiara di no yiye. Afei nso wɔpɛ asomdwoe, na wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran. Wokɔ wiase baabiara a, Bible mu nokwasɛm a wɔkyerɛkyerɛ no, ɛnsono ɔman wei de, ɛnna ɛsono wei de, wɔn nyinaa ka asɛm baako.

 Nea masua afi Bible mu no ama m’ani agye paa. Nneɛma a masua no bi ne sɛ, Yehowa na ɔfata sɛ odi amansan yi so; ɔno ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no. Ɔdɔ mumfo ne wɔn a wɔte kasa nyinaa. Minim sɛ ɔdɔ me paa, na ɛno ma m’ani gye. Mesan suaa sɛ, daakye asase nyinaa bɛdan paradise, nnipa benya apɔwmuden na yɛbɛtena ase daa. Ɛkaa me nko ara a na saa bere no adu!

 Seesei me ne Patricia ani gye ho paa sɛ yɛbɛka Bible mu asɛm akyerɛ mumfo afoforo. Wɔn a kan no na yɛne wɔn kɔ asɔre no, yɛne wɔn mu bi sua ade. Bere a na meyɛ ɔsɔfo no, na nsɛm pii kyere m’adwene. Nanso seesei, manya me nsɛmmisa nyinaa ho mmuae na biribiara nkyere m’adwene bio. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ Yehowa Adansefo aboa me ama manya me nsɛmmisa nyinaa ho mmuae.