Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkrataa Bi a Ɛhyɛ Afiri a Wɔde Si Nneɛma Ase

Nkrataa Bi a Ɛhyɛ Afiri a Wɔde Si Nneɛma Ase

 Zarina bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo akyi no, ofii Russia kɔɔ ne kurom wɔ Central Asia. Ná wasi ne bo sɛ ɔbɛtete ne mma mmea mmienu no wɔ nokware no mu. Esiane sikasɛm mu ahokyere nti, ná ɔne n’awofo, ne nuabarima ne n’akumaa nyinaa te dan baako mu. N’awofo hyɛɛ no sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔde Bible no kyerɛkyerɛ mmofra no. Wɔka kyerɛɛ mmofra no nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔne wɔn maame bɔ Bible no mu nkɔmmɔ.

 Ná ato Zarina adwinnwen. Ná onhu sɛnea ɔbɛboa ne mma no ama wɔasua Yehowa ho ade. (Mmebusɛm 1:8) Ɛno nti, ɔbɔɔ mpae denneennen srɛɛ Yehowa hɔ nyansa ne akwankyerɛ. Zarina yɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma. Ɛwom ara a, na ɔne ne mma mmea no tu mpase. Sɛ wɔnam a, na ɔtaa ka abɔde ho asɛm kyerɛ wɔn. Ɛwom, na wɔntaa ntu mpase no de, nanso bere kakra a wonya de yɛɛ saa no boaa mmofra no ma wonyaa akɔnnɔ sɛ wobesua Ɔbɔadeɛ no ho ade.

 Zarina san hwehwɛɛ ɔkwan foforo a obetumi afa so akyerɛkyerɛ ne mma no. Ɔyɛe sɛ, ɔbɛfa kwan bi so ne ne mma no asua Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no. a Nea ɔyɛe ne sɛ, ɔfa asɛmti bi wɔ nhoma no mu a, ɔkyerɛw nkyekyɛm no ne nsɛmmisa no pɛpɛɛpɛ gu krataa so. Afei, na ɔkyerɛw nsɛm kakra de ka ho de kyerɛkyerɛ asɛm a wɔakyerɛw no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ne mma no bɛte asɛm no ase yiye. Owie a, afiri a wɔde si nneɛma a na esi aguare hɔ no, ɔbobɔ krataa no hyɛ ase, na ɛyɛ a ɔde pɛnsere ka ho. Sɛ ne mma no kɔ aguare hɔ a, wɔfa krataa no kenkan mu, na wɔkyerɛw nsɛmmisa no ho mmuae gu krataa no so.

 Zarina faa saa kwan yi so ne ne mma no suaa ti ahorow mmienu wɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu ansa na wɔretu afi n’awofo nkyɛn. Afei de, na otumi ne ne mma no sua ade a obiara nhaw wɔn adwene. October afe 2016 mu no, ne mma mmienu no bɔɔ asu. Wɔn ani gyei sɛ wɔn maame pɛɛ akwan bi a obetumi afa so ne wɔn asua Onyankopɔn ho ade.

a Ɛnnɛ nnipa pii de Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no na esua Bible no.