Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔn a Wɔyɛ Mum Wɔ “Emerald of the Equator” No Renya Mmoa

Wɔn a Wɔyɛ Mum Wɔ “Emerald of the Equator” No Renya Mmoa

Edin foforo a wɔde frɛ Indonesia man no ne Emerald of the Equator. Nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ a wɔyɛ mum anaa asotifo. Nea ɛbɛyɛ a saafo yi benya mmoa no, Yehowa Adansefo ayɛ Bible ho nhoma pii ne nhyehyɛe a wɔde kyerɛkyerɛ wɔ Indonesia Mum Kasa mu. Afoforo ahu mmɔden a Adansefo no rebɔ no.

Wɔyɛɛ Ɔmantam Nhyiam Bi Wɔ Mum Kasa Mu

Afe 2016 mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Indonesia kurow Medan a ɛwɔ North Sumatra. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Indonesia Mum Kasa Mu. Awɛmfo panyin bi a ɔwɔ saa kurow no mu baa nhyiam no ase, na ɔkamfoo Adansefo no wɔ nhyehyɛe a wɔayɛ de rekyerɛkyerɛ a wonnye sika biara no ho. Nea ohui no kaa ne koma pa ara, na ɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛka Adansefo no ho ama wɔde wɔn nsa ato dwom wɔ mum kasa mu.

Ɔpanyin a ɔhwɛ baabi a wɔyɛɛ nhyiam no so no kaa sɛ nhyiam no “kɔɔ so kama a basabasayɛ biara ansi.” “Ɛkaa me nko ara a anka Adansefo no bɛkɔ so ayɛ nhyehyɛe pa a ɛhyɛ nkuran sɛɛ de aboa wɔn a wɔyɛ mum wɔ yɛn mpɔtam ha no.” Ɔde kaa ho sɛ, bere a owura a nhyiambea hɔ yɛ ne dea no tee sɛ wɔyɛɛ nhyiam no maa wɔn a wɔyɛ mum no, “ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi de aboa Adansefo no. Enti ɔkaa sɛ memma nnipa [300 a wɔwɔ hɔ no nyinaa] awia aduan.”

Nkurɔfo Ani Sɔ Video Ahorow a Ɛwɔ Mum Kasa Mu No

Yehowa Adansefo san srasra ankorankoro a wɔyɛ mum no ne wɔn sua Bible. Video ahorow a ɛwɔ Indonesia Mum Kasa mu a yɛde boa afoforo ma wɔn abrabɔ tu mpɔn na wonya anigye wɔ asetena mu no, ɛno na Adansefo no taa de yɛ adwuma.

Ɔpanyin a ɔda adwumakuw a ɛhwɛ wɔn a wɔyɛ mum yiyedi so wɔ Indonesia kurow Semarang a ɛwɔ Central Java mu no abadiakyiri a wɔfrɛ no Mahendra Teguh Priswanto kaa sɛ, “Yɛkamfo mo pa ara sɛ moyɛ adwuma de boa wɔn a wɔyɛ mum no ma wɔn nsa ka nea wohia. “Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, video a wɔato din W’abusua Betumi Anya Anigye no reboa pa ara. Yɛn ani begye sɛ mobɛkɔ so ayɛ adwuma pa yi.”

“Wɔwɔ Ɔdɔ”

Yanti yɛ ɔbea bi a ɔyɛ mum, na mmɔden a Yehowa Adansefo rebɔ no aka no pa ara. Ɔkaa sɛ: “Nkurɔfo taa di wɔn a wɔyɛ mum ho fɛw, nanso Yehowa Adansefo de, wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ ɔdɔ ankasa. Adansefo a wɔte kasa no mu pii asua mum kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm akyerɛ yɛn na wɔaboa yɛn ama yɛn abrabɔ atu mpɔn. Sɛnea wofii wɔn koma mu boaa yɛn no kaa me pa ara.”

Akyiri yi, Yanti bɛyɛɛ Yehowa Danseni, na seesei ɔka Yehowa Adansefo a wɔkyerɛ nhoma ase kɔ Indonesia Mum Kasa mu no ho. Ɔkaa sɛ: “Adwuma a yɛyɛ no boa ebinom a wɔyɛ mum a wɔnte mum kasa papa no ma wɔte kasa no yiye. Afei nso, wɔkyerɛkyerɛ afoforo sɛnea wobenya anigye ne asetena a akomatɔyam wom ankasa.”