Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔasiesie Yɛn Yie Ama Adwuma Pa Biara’!

Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ No, Yɛasesa Mu Ayɛ No Foforɔ

‘Wɔasiesie Yɛn Yie Ama Adwuma Pa Biara’!

April 24, 2022 no, Mark Sanderson a ɔka Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo ho no de too dwa sɛ wɔasesa Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Twi (Asante) kasa mu no ayɛ no foforɔ. Wɔyii dwumadi no wɔ JW Stream ne satellite TV so. Dwumadie no, wɔsan de faa tɛlɛfon so maa ebinom nso tiee wɔ so. Ɛno maa Yehowa Adansefoɔ bɛboro 98,000 a wɔka Twi kasa tiee bi, ɛmfa ho baabi a wɔhyɛ biara.

Afe 2008 na Yehowa Adansefoɔ a wɔka Twi kasa no dii kan nyaa Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible mũ no nyinaa wɔ Akuapem Twi kasa mu. * Afe 2012 mu no, wɔde too dwa sɛ wɔayɛ Asante deɛ nso. Ɛfiri saa berɛ no, wɔatintim Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no pii wɔ Twi mu ama Yehowa Adansefoɔ a wɔka Twi kasa wɔ wiase baabiara. Nanso adɛn nti na wɔasesa Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible no mu ayɛ no foforɔ? Hwannom na wɔyɛɛ Bible foforɔ yi? Ɛdeɛn na ɛwɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no ho a enti wobɛtumi anya awerɛhyɛmu sɛ ɛdi mu? Nneɛma foforɔ bɛn na wɔde aka Bible foforɔ yi ho a ɛbɛboa wo ama ‘woafata paa na asiesie wo yie ama adwuma pa biara’?—2 Timoteo 3:16, 17.

Adɛn nti na wɔsesaa mu yɛɛ no foforɔ?

Kasa biara, ade rekye a ade resa nyinaa na ɛresesa. Enti ɛho hia sɛ ɛwom ara a, yɛsesa Bible nkyerɛaseɛ a yɛwɔ no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ kan a, wɔbɛte aseɛ. Sɛ wɔde kasa a atwam kyerɛ Bible ase a, nnipa kakraa bi na wɔkan a wɔtumi te aseɛ.

Berɛ a Yehowa Nyankopɔn rema wɔatwerɛ Bible no, kasa a ɛda nkurɔfoɔ ano a obiara bɛte aseɛ na ɔmaa wɔde twerɛeɛ. Saa ara na Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no yɛeɛ. Wɔsesaa Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no yɛɛ no foforɔ October, afe 2013. Saa Bible no nnianimu asɛm no ka sɛ: “Yɛhwɛɛ sɛ yɛakyerɛ aseɛ ama ɛne tete deɛ a wɔdii kan twerɛeɛ no ahyia pɛpɛɛpɛ. Afei yɛabɔ mmɔden ama emu ada hɔ, na ne kan nso ayɛ mmerɛ.”

Twi Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a yɛdii kan yɛeɛ no, New World Translation of the Holy Scriptures—With References a wɔyɛɛ no Borɔfo kasa mu afe 1984 mu no, ɛno na yɛhwɛɛ so kyerɛɛ aseɛ. Nsakraeɛ pii a wɔayɛ wɔ Borɔfo Bible foforɔ no mu no, yɛde aba Asante Twi Bible a yɛasesa mu no mu, na yɛasesa kasa no mu nso ama ne kan ayɛ mmerɛ.

Afei nso ɛfiri berɛ a yɛyɛɛ Borɔfo Bible a ɛdi kan no, yɛanya Hebri, Aram, ne Greek kasa a wɔde twerɛɛ Bible no mu nteaseɛ pii aka ho. Bible nsaano ntwerɛeɛ no nso, wɔahu foforɔ bi a na ɛnni hɔ berɛ a wɔreyɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛdi kan no, na ɛboaa wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no maa wɔhuu sɛdeɛ na nsɛm a Onyankopɔn maa wɔtwerɛɛ wɔ Bible mu no teɛ ankasa.

Wei nti, nsɛm bi wɔ hɔ a yɛasesa mu, ɛfiri sɛ Bible ho abenfoɔ dodoɔ no ara abɛgye atom sɛ ɛno paa na ɛbɛn tete deɛ a wɔdii kan twerɛeɛ no. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, wohwɛ nsaano ntwerɛeɛ ahoroɔ bi mu a, Mateo 7:13 kenkan sɛ: “Momfa ɛpono teatea no mu, ɛfiri sɛ ɛpono a ɛso ne ɛkwan a ɛtrɛ no kɔ ɔsɛeɛ mu.” Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ dada a yɛyɛeɛ no mu no, na asɛm “ɛpono a ɛso” no nni saa twerɛsɛm no mu. Nanso yɛahwehwɛ nsaano ntwerɛeɛ afoforɔ mu, na yɛahunu sɛ na asɛm “ɛpono a ɛso” no wɔ tete deɛ a wɔdii kan twerɛeɛ no mu. Enti yɛde ahyɛ Bible foforɔ yi mu. Yɛayɛ nsakraeɛ afoforɔ bi a ɛte saa nso. Nanso saa nsakraeɛ no yɛ nketenkete; emu biara nni hɔ a ɛsesa nteaseɛ a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no.

Nhwehwɛmu ahoroɔ a yɛayɛ nso ama yɛahunu mmeaeɛ ahoroɔ bɛyɛ nsia a ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn din no hyɛ wɔ Bible mu. Saa mmeaeɛ no ne Atemmufoɔ 19:18 ne 1 Samuel 2:25; 6:3; 10:26; 23:14, 16. Enti seesei, sɛ wode Onyankopɔn din Yehowa a ɛpue mprɛ 237 wɔ Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm mu no ka ho a, Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no de Onyankopɔn din Yehowa yɛ adwuma mprɛ 7,216.

Hwannom na wɔyɛɛ saa Bible no?

Watch Tower Bible and Tract Society ne adwumakuo a Yehowa Adansefoɔ de yɛ adwuma wɔ mmara mu. Wɔn na wɔyɛɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no. Mfeɛ ɔha ne akyire nie na Yehowa Adansefoɔ akyekyɛ Bible wɔ wiase nyinaa. Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no, Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no na wɔyɛɛ ho adwuma firi 1950 kɔsii 1960. Kuo no mufoɔ anhwehwɛ wɔn ankasa animuonyam, enti wɔsrɛɛ sɛ berɛ a wɔte ase ne berɛ a wɔawuo mpo no, mma obiara mmfa wɔn din nnto dwa da.—1 Korintofoɔ 10:31.

Afe 2008 no, Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo no yii anuanom foforɔ maa wɔbɛyɛɛ Wiase Foforɔ Bible Nkyerɛaseɛ Kuo no mufoɔ. Ntɛmpa ara na saa anuanom yi hyɛɛ aseɛ sɛ wɔreyɛ Borɔfo Bible no mu nsakraeɛ. Ɛfiri berɛ a wɔyɛɛ Borɔfo Bible a ɛdi kan no, nsakraeɛ pii aba Borɔfo kasa mu. Enti wɔreyɛ foforɔ no, wɔmaa ɛno tenaa wɔn adwenem. Afei nso, wɔn a wɔakyerɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no ase akɔ kasa bɛboro 120 mu no, na wɔabisa nsɛm bɛboro 70,000 ama wɔanya ho mmuaeɛ, na ɛno nso boaa anuanom a wɔreyɛ Borɔfo deɛ foforɔ no.

Twi Bible a wɔayɛ no foforɔ no, sɛn na wɔyɛɛ no?

Deɛ ɛdi kan, wɔyii Kristofoɔ bi a wɔatu wɔn ho asi hɔ ama Onyankopɔn adwuma sɛ wɔmmom nyɛ ho adwuma. Deɛ enti a wɔyɛɛ no saa ne sɛ, mpɛn pii no, sɛ nnipa dodoɔ bi bom kyerɛ nwoma ase a, ɛkɔ yie sene sɛ wɔbɛma obiara atena ne baabi akyerɛ ne deɛ ase. (Mmebusɛm 11:14) Ekuo no, ansa na wɔde obi bɛka ho no, na ɔyɛ obi a ɔkyerɛ Yehowa Adansefoɔ nwoma ase dada. Wɔmaa wɔn nyinaa nteteɛ a ɛkɔ akyiri maa wɔhuu ɛkwan a wɔfa so kyerɛ Bible ase, ne ɛkwan a wɔbɛfa so de kɔmputa program a wɔahyɛ da ayɛ sɛ wɔmfa nkyerɛ Bible ase no ayɛ adwuma yie.

Ɛkwan a kuo no faa so yɛɛ Twi Bible no ne sɛ, wɔde kɔmputa program hwehwɛɛ deɛ Bible mu nsɛmfua no biara kyerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛhunu kwampa a wɔbɛfa so akyerɛ aseɛ. Yehowa Adansefoɔ Dwumadibea bi a ɛwɔ New York, U.S.A. a wɔfrɛ no Kasa Nkyerɛaseɛ Dwumadibea no boaa wɔn. Sɛ wɔrekyerɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible no ase akɔ kasa foforɔ biara mu a, Yehowa Adansefoɔ Akwankyerɛ Kuo no de wɔn ani di adwuma no akyi paa. Wɔnam wɔn boayikuo a wɔfrɛ no Atwerɛ Boayikuo no so na ɛyɛ saa. Sɛ kuo a wɔkyerɛ Bible ase no reyɛ wɔn adwuma no a, sɛn na wɔyɛ no?

Ekuo a wɔkyerɛ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible no ase no, wɔma wɔn akwankyerɛ sɛ wɔnhwɛ sɛ (1) wɔakyerɛ aseɛ pɛpɛɛpɛ na ne kan nso yɛ mmerɛ, (2) nsɛmfua atitire no, sɛ ɛbɛyɛ yie a, wɔbɛkyerɛ aseɛ kwan korɔ no ara so wɔ baabi a ɛbɛpue biara, na (3) sɛ kasa no ma kwan a, wɔde nkyerɛaseɛ tee no bɛhyɛ hɔ. Ekuo a wɔkyerɛ Bible no ase no, wɔyɛ dɛn yɛ saa nneɛma mmiɛnsa yi nyinaa? Ma yɛnhwɛ sɛdeɛ wɔde yɛɛ adwuma wɔ Bible a wɔasesa mu ayɛ no foforɔ yi mu. Berɛ a kuo a wɔkyerɛ Bible no ase no rehyɛ wɔn adwuma ase no, wɔdii kan hwɛɛ Twi nsɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a na ɛwɔ hɔ dada no. Wɔde kɔmputa program a wɔfrɛ no Watchtower Translation System yɛɛ adwuma maa wɔhuu Bible nsɛmfua a ɛdi nsɛ ne deɛ ɛkura nteaseɛ baako. Ɛsan maa wɔhuu Greek ne Hebri nsɛmfua a wɔretwerɛ Bible no wɔde yɛɛ adwuma. Ɛno boaa wɔn maa wɔhuu sɛdeɛ wɔakyerɛ saa asɛmfua no ase wɔ mmeaeɛ foforɔ. Wei nyinaa boaa wɔn maa nsɛmfua a wɔde adi dwuma wɔ Twi Bible a ɛwɔ hɔ no mu no, wɔsan susuu ho bio. Berɛ a wɔreyɛ saa no, wɔsan hwɛɛ nkyekyɛmu biara sɛ wɔbɛtumi asesa mu ama asɛm a ɛwɔ hɔ no ayɛ Twi kasa a ɛda nkurɔfoɔ ano a obiara bɛte aseɛ.

Wei ma yɛhunu sɛ, sɛ yɛrekyerɛ nwoma bi ase a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wofa asɛmfua biara a, na wode ne nkyerɛaseɛ ato hɔ traa. Wɔn a wɔrekyerɛ aseɛ no yɛ adwumaden hwɛ hu sɛ, asɛm a Twerɛnsɛm no reka no, saa pɛpɛɛpɛ na Twi kasa a wɔde ahyɛ hɔ no kyerɛ. Sɛ wohwɛ Bible a wɔayɛ no foforɔ yi a, wotumi hunu sɛ wɔn a wɔyɛɛ ho adwuma no yɛɛ adwumaden paa. Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ a ɛwɔ Asante Twi kasa mu no, wɔakyerɛ aseɛ ama Onyankopɔn Asɛm no mu nteaseɛ aba pɛpɛɛpɛ, na emu da hɔ; ne kan nso nyɛ den.

Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, seesei yɛakyerɛ “abodwokyɛreɛ” ase “aboterɛ,” ɛfiri sɛ ɛno na nkurɔfoɔ te aseɛ ntɛm. (Galatifoɔ 5:22) Afei nso, Bible dada no mu no, na yɛtumi ka sɛ obi yɛ “adwaman,” nanso seesei yɛayɛ no “tuutuuni.” (Genesis 38:15) Bible foforɔ yi mu no, yɛasesa “boasetɔ” ayɛ no “animia.” (Yakobo 1:4) Yɛakyerɛ “afideɛ” ase sɛ “ɔbra fĩ,” na “anigyeɛ ntrasoɔ” nso, yɛayɛ no “apontoɔ a aseɛ yɛ gyegyeegye.” (Galatifoɔ 5:19-21) Asɛmfua “nsɔano” nso, seesei yɛakyerɛ aseɛ “ahyɛnsodeɛ.”—Adiyisɛm 5:1.

Nsɛm a na ɛwɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ dada no mu no, na ebi mu yɛ den kakra, enti nnipa pii wɔ hɔ a, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte aseɛ yie. Ɛho nhwɛsoɔ ne “atweaatam.” Seesei yɛayɛ no “awerɛhoɔ ntoma” sɛdeɛ obiara bɛte aseɛ. (Hiob 16:15) Baako nso ne “ayitoto”; baabi wɔ hɔ a yɛayɛ no “ɔbarima a wɔasa no,” baabi nso, yɛayɛ no ‘obi a ɔrentumi nware.’—Yesaia 56:3; Mateo 19:12.

Yɛsrɛ wo, bɔ mmɔden ara kenkan Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ no. Wobɛtumi akenkan wɔ intanɛt so, anaa wobɛtumi akenkan wɔ JW Library app no so. Wopɛ nso a, wobɛtumi agye deɛ yɛaprente no bi afiri Yehowa Adansefoɔ asafo a ɛwɔ wo mpɔtamu no hɔ. Sɛ worekan a, nya awerɛhyɛmu sɛ Onyankopɔn anom asɛm a worekan wɔ wo kasa mu no, wɔakyerɛ aseɛ pɛpɛɛpɛ.

 

Nneɛma foforɔ a ɛwɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible a wɔasesa mu ayɛ no foforɔ no mu

 

Deɛ Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu: Bible mu nsɛm bi a ɛyi nsɛmmisa 20 ano. Saa nsɛmmisa no fa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛdi akotene paa no bi ho

Emu Nsɛntitire: Bible nwoma biara ahyɛaseɛ no, ɛbɔ emu nsɛm no nyinaa mua wɔ ha, na ɛma worepɛ baabi a asɛm bi wɔ a, woremmrɛ. Bible dada no, na nsɛmti nketewa wɔ kratafa biara atifi. Seesei yɛde saa ɔfã yi abɛsi ɛno anan

Twerɛnsɛm a Ɛtwe Adwene Kɔ Bible Mu Nsɛm Foforɔ So: Seesei wɔayiyi mu ama no aka deɛ ɛbɛboa asɛnka adwuma no paa

Aseɛ Hɔ Nsɛm: Ɛma yɛhunu akwan foforɔ a yɛbɛtumi afa so aka asɛm korɔ no ara, ne nkyerɛaseɛ tee, ne nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu

Bible Mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ: Seesei wɔayiyi mu ama no aka deɛ ɛbɛboa asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no paa

Bible Mu Nsɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu: Nsɛmfua a wɔde ayɛ adwuma wɔ Bible mu no, wɔakyerɛkyerɛ emu pii mu kakra wɔ ha

Nkekaho A: Nneɛma a ɛwɔ Bible foforɔ yi mu no, saa ɛfã yi ma yɛhunu n’ani so. Ebi ne ɛkwan a yɛafa so aka nsɛm bi ne nsɛmfua bi a yɛasesa mu. Ɛsan ka Onyankopɔn din Yehowa a yɛde ayɛ adwuma wɔ Bible mu no nso ho asɛm

Nkekaho B: Ɛwɔ afã bɛyɛ 15. Ebi yɛ map ne mfoni ahoroɔ a wɔayɛ no kɔla fɛfɛɛfɛ

^ Bible no fã a wɔato din Kristofoɔ Greek Twerɛnsɛm no, afe 2004 mu na Akuapem Twi deɛ no baeɛ.