Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyehyɛe Bɛn na Mowɔ Wɔ Mo Asafo no Mu?

Nhyehyɛe Bɛn na Mowɔ Wɔ Mo Asafo no Mu?

 Yɛwɔ mpanyimfo kuw a wodi asafo biara anim. Asafo bɛyɛ 20 biara yɛ ɔmansin, ɛnna amansin bɛyɛ 10 nso yɛ ɔmantam. Mpanyimfo bi a wɔfrɛ wɔn amansin so ahwɛfo ne amantam so ahwɛfo kɔsrasra asafo ahorow no.

 Yɛwɔ Akwankyerɛ kuw a wɔma yɛn Bible mu afotu ne akwankyerɛ. Saa kuw no mufo yɛ Adansefo a wɔasom akyɛ, na wɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York.​—Asomafo Nnwuma 15:​23-29; 1 Timoteo 3:​1-7.