Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?

Sɛnea Yehowa Adansefo Hyɛ Awurade Anwummere Aduan No Ho Fã No Ne Asɔre a Aka No De Nyɛ Pɛ. Adɛn Ntia?

 Sɛ yɛredi Awurade Anwummere Aduan no ho afahyɛ no a, yedi nea Bible aka no akyi pɛpɛɛpɛ. Saa afahyɛ yi, wɔsan frɛ no “Awurade aduan,” Awurade Adidi, ne Yesu wu Nkaedi. (1 Korintofo 11:20; Akuapem Twi Bible) Nanso, asɔre ahorow no gyidi ne wɔn nneyɛe a ɛfa saa afahyɛ yi ho no pii nni Bible mu.

Nea enti a yɛhyɛ saa fã no

 Nea enti a yedi Awurade Anwummere Aduan no ho afahyɛ ne sɛ yɛde kae Yesu. Yesu de ne ho bɔɔ afɔre maa yɛn na yɛhyɛ ho fã de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea ɔyɛ maa yɛn no. (Mateo 20:28; 1 Korintofo 11:24) Ɛnyɛ afahyɛ a wɔyɛ de hwehwɛ adom anaa bɔnefakyɛ. a Bible ma yehu sɛ, ɛnyɛ afahyɛ bi na wɔnam so de yɛn bɔne kyɛ yɛn, na mmom Yesu mu gyidi nkutoo so na yɛnam nya bɔnefakyɛ.—Romafo 3:25; 1 Yohane 2:1, 2.

Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yedi?

 Yesu na ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ wonni Awurade Anwummere Aduan no, nanso wankyerɛ mpɛn dodow pɔtee a ɛsɛ sɛ wodi afahyɛ no. (Luka 22:19) Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wodi afahyɛ no bosome biara. Afoforo nso de wɔkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yedi afahyɛ no nnawɔtwe biara, da biara, mpɛn dodow bi da biara, anaa mpɛn dodow biara a obi adwene yɛ no sɛ ɛfata sɛ odi afahyɛ no. b Nanso, nsɛm bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.

 Yesu ma wodii Awurade Anwummere Aduan afahyɛ no wɔ da a Yudafo di Twam afahyɛ no, na saa da no ara na Yesu wui. (Mateo 26:1, 2) Wei nyɛ asɛm a ɛne asɛm hyiae ara kɛkɛ. Kyerɛwnsɛm no de Yesu afɔrebɔ no toto Twam guammaa no ho. (1 Korintofo 5:7, 8) Twam afahyɛ no, na wodi no pɛnkoro afe biara. (Exodus 12:1-6; Leviticus 23:5) Saa ara na Yesu wu Nkaedi no nso, na tete Kristofo c no di no pɛnkoro afe biara, na Yehowa Adansefo di saa asɛm a ɛwɔ Bible mu no akyi pɛpɛɛpɛ.

Da ne bere

 Nhyehyɛe a Yesu yɛe no boa yɛn ma yehu mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yedi Nkae no, na ɛsan nso ma yehu da ne bere a ɛsɛ sɛ yedi. Sɛnea Bible kalenda ma yehu no, Yesu fii afahyɛ no ase Nisan 14, 33 Y.B., bere a na owia akɔtɔ no. (Mateo 26:18-20, 26) Yɛkɔ so di Nkae no saa da no afe biara sɛnea tete Kristofo d no yɛe no.

 Ɛwom sɛ na Nisan 14, 33 Y.B. yɛ Fida, nanso afahyɛ da no rensi Fida afe biara. Ebetumi asi da foforo biara wɔ nnawɔtwe no mu. Ɔkwan a na wɔfa so hu da a Nisan 14 besi wɔ afe no mu wɔ Yesu bere so no, saa kwan no ara na yɛn nso yɛfa so. Ɛnyɛ Yudafo kalenda e a ɛwɔ hɔ nnɛ no na yɛde yɛ adwuma.

Paanoo ne bobesa

 Paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa a wɔde dii Twam afahyɛ no, nea ɛkae na Yesu de yɛɛ Awurade Anwummere Aduan no. (Mateo 26:26-28) Yedi nea Yesu yɛe no akyi. Yɛde paanoo a mmɔkaw nnim anaa paanoo a yɛmfaa biribi foforo biara mfraa mu ne bobesa kɔkɔɔ a hwee mfra mu na edi afahyɛ no. Ɛnyɛ bobe nsu anaa bobesa a wɔde nneɛma a ɛyɛ fremfrem anaa biribi foforo biara afra mu.

 Asɔre ahorow bi de paanoo a mmɔkaw wom na edi afahyɛ no, nanso Bible mu de mpɛn pii no wɔde mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne anaa biribi a asɛe. (Luka 12:1; 1 Korintofo 5:6-8; Galatifo 5:7-9) Ɛno nti paanoo a wɔmfaa mmɔkaw ne biribi foforo biara mfraa mu nkutoo na yebetumi de agyina hɔ ama Kristo nipadua a bɔne biara nni ho no. (1 Petro 2:22) Ade foforo a asɔre ahorow no yɛ a ɛne Bible nhyia nso ne bobe nsu a emu nkawee a wɔde gyina hɔ ma bobesa no. Nea ɛma asɔre ahorow bi yɛ saa ne sɛ, wɔbara sɛ ɛnsɛ sɛ wɔn asɔremma nom bobesa. Nanso saa asɛm no, enni Bible mu.—1 Timoteo 5:23.

Paanoo ne bobesa no, ɛnyɛ honam ne mogya ankasa

 Paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ a yɛde yɛ Nkaedi no yɛ Kristo nipadua ne ne mogya ho sɛnkyerɛnne. Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ anwonwakwan so no, paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa kɔkɔɔ no dan honam ne mogya ankasa, nanso saa asɛm yi nyɛ nokware. Yɛnhwɛ Bible mu nsɛm a yegyina so reka saa.

  •   Sɛ Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnom ne mogya a, ɛnde na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ wommu Onyankopɔn mmara a etia mogya a obi bedi no so. (Genesis 9:4; Asomafo Nnwuma 15:28, 29) Ɛrentumi mma sɛ Yesu kaa saa, efisɛ ɔrenka da sɛ nkurɔfo mmu Onyankopɔn mmara a ɛkyerɛ sɛ mogya yɛ kronkron no so.​—Yohane 8:28, 29.

  •   Sɛ na asomafo no nom Yesu mogya ankasa a, anka Yesu renka sɛ ‘wobehwie ne mogya agu.’ Ka a ɔkaa sɛ wobehwie agu no kyerɛ sɛ, bere a ɔreka saa asɛm no, na onnya mmɔɔ n’afɔre no.—Mateo 26:28.

  •   Yesu de ne ho bɔɔ afɔre “prɛko” pɛ. (Hebrifo 9:25, 26) Nanso, sɛ Yesu honam ne ne mogya no danee paanoo ne bobesa wɔ Awurade Anwummere Aduan no ase a, ɛnde na wɔn a wodi na wɔnom no san bɔ saa afɔre no foforo.

  •   Yesu kaa sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me,” mmom wanka sɛ “mfa me mmɔ afɔre.”1 Korintofo 11:24.

 Nkurɔfo bi gye di sɛ paanoo ne bobesa no dan Yesu honam ne ne mogya ankasa. Saa nkurɔfo yi gyina Bible mu nsɛm bi so na ɛka saa. Ɛho nhwɛso bi ni. Bible nkyerɛase pii ka sɛ Yesu kaa bobesa no ho asɛm sɛ: “Eyi ne me mogya.” (Mateo 26:28) Nanso, yebetumi akyerɛ asɛm a Yesu kae no ase nso sɛ: “Eyi gyina hɔ ma me mogya,” anaa “Eyi kyerɛ me mogya.” f Sɛnea na Yesu ayɛ mpɛn pii no, ɛha de, na ɔde kasakoa na ɛrekyerɛkyerɛ.—Mateo 13:34, 35.

Henanom na wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi?

 Sɛ Yehowa Adansefo rehyɛ Awurade Anwummere Aduan no ho fa a, yɛn mu kakraa bi na wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi. Adɛn nti na ɛte saa?

 Yesu mogya a wohwie gui no so na wɔnam de “apam foforo” no besii apam a Yehowa Nyankopɔn ne tete Israel man no yɛe no ananmu. (Hebrifo 8:10-13) Wɔn a wɔwɔ saa apam foforo no mu na wodi Nkae paanoo no na wɔnom bobesa no bi. Ɛnyɛ Kristofo nyinaa na wɔka apam foforo no ho, na mmom “wɔn a wɔafrɛ wɔn,” kyerɛ sɛ, wɔn a Onyankopɔn ahyɛ da afrɛ wɔn no. (Hebrifo 9:15; Luka 22:20) Saa nkurɔfo no ne Kristo bedi ade wɔ soro, na Bible ka sɛ nnipa 144,000 pɛ na wobenya kwan ne Kristo adi ade.—Luka 22:28-30; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3.

 Saa “nguankuw ketewa” a wɔne Kristo bedi ade no akyi no, yɛn mu dodow no ara wɔ anidaso sɛ yɛbɛka “nnipakuw kɛse bi” a wobenya daa nkwa wɔ asaase so no ho. (Luka 12:32; Adiyisɛm 7:9, 10) Yɛn a yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena asaase so no nni Nkaedi paanoo no bi na yɛnnom bobesa no nso bi. Nanso, yɛkɔ ase de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ afɔre a Yesu bɔ maa yɛn no.—1 Yohane 2:2.

a McClintock and Strong’s Cyclopedia, Ɔfã IX, kratafa 212 no ka sɛ: “Asɛmfua sacrament anaa adommenade nni Apam Foforo no mu; saa ara na Greek asɛmfua μυστήριον [my·steʹri·on] no nso nkyerɛ asubɔ anaa Awurade aduan anaa afahyɛ foforo biara.”

b Bible nkyerɛase bi de asɛm “mpɛn dodow biara” ka Awurade Anwummere Aduan no ho asɛm, na wɔkyerɛ sɛ saa asɛm no kyerɛ mpɛn dodow a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ saa aduan no ho fã. Nanso, nea asɛm a wɔde dii dwuma no kyerɛ paa ne “bere biara” anaa “da biara.”—1 Korintofo 11:25, 26; Akuapem Twi Bible.

c Hwɛ The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge, Ɔfã IV, kratafa 43-44, ne McClintock and Strong’s Cyclopedia, Ɔfã VIII, kratafa 836.

d Hwɛ The New Cambridge History of the Bible, Ɔfã 1, kratafa 841.

e Yudafo kalenda a wɔde yɛ adwuma nnɛ no, wofi ase bu Nisan bosome no ho akontaa bere a bosome no abɛtɔ owia ne asaase ntam. Nanso sɛ nnipa hwɛ wim a wontumi nhu bosome no. Wei kyerɛ sɛ ɔkwan a Yudafo a wɔwɔ hɔ nnɛ fa so bu akontaa no, ɛnyɛ saa kwan no ara na na wɔfa so bu bosome no mfiase ho akontaa wɔ asomafo no bere so. Mmom wɔ asomafo no bere so no, wohu sɛ bosome no apue wɔ Yerusalem a na na wofi ase bu akontaa. Sɛ bosome no bɛtɔ owia ne asaase ntam a, edi da koro anaa nna dodow bi ansa na apue ama nnipa ahu. Wei ka ho bi nti na da a Yehowa Adansefo de hyɛ nkaedi no ho fã no, ɛtɔ da a ɛne da a Yudafo a wɔwɔ hɔ nnɛ di Twam afahyɛ no nhyia no.

f Hwɛ A New Translation of the Bible, a James Moffatt kyerɛwee; The New Testament—A Translation in the Language of the People, a Charles B. Williams kyerɛwee; ne The Original New Testament, a Hugh J. Schonfield kyerɛwee.