Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Me ne Yehowa Adansefo Sua Bible a, Ɛsɛ sɛ Me Nso Mebɛyɛ Ɔdansefo Anaa?

Sɛ Me ne Yehowa Adansefo Sua Bible a, Ɛsɛ sɛ Me Nso Mebɛyɛ Ɔdansefo Anaa?

 Dabi, yɛnhyɛ obiara. Yɛne nnipa bebree asua Bible, nanso wɔmmɛyɛɛ Yehowa Adansefo. a Nea enti a yɛne wo sua Bible ne sɛ, yɛpɛ sɛ wuhu nea Bible kyerɛkyerɛ. Nea wode saa nimdeɛ no bɛyɛ de, egyina wo so. Ɛba gyidi ho asɛm a, obi nnom aduru mma ɔyarefo.​—Yosua 24:15.

Sɛ mo ne me resua Bible no, metumi de m’ankasa Bible aba?

 Aane. Yɛn ani gye Kyerɛw Kronkron​—Wiase Foforo Nkyerɛase no ho paa. Enti sɛ yɛne wo resua ade na wopɛ a, yɛbɛma wo bi a wuntua hwee. Nanso sɛ wode w’ankasa Bible ba a, yenni ho asɛm. Ɛkame ayɛ sɛ Bible nkyerɛase biara a wobɛkenkan no, nkwagye ne anidaso ho nsɛm no wom.

Adɛn nti na mo ne wɔn a wɔmma mo som mu no sua ade?

  •   Ade titiriw nti a yɛyɛ saa ne sɛ yɛdɔ Yehowa Nyankopɔn. Nea Kristofo asua no, Onyankopɔn pɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ afoforo. (Mateo 22:37, 38; 28:19, 20) Yegye di sɛ akwannya biara nni hɔ a ɛsen sɛ yɛbɛyɛ Onyankopɔn “mfɛfo adwumayɛfo” na yɛaboa nkurɔfo ma wɔasua nea ɛwɔ n’Asɛm mu no.​—1 Korintofo 3:6-9.

  •   Ɔdɔ a yɛdɔ yɛn mfɛfo nnipa nso ka ho bi. (Mateo 22:39) Sɛ yɛka anigyesɛm a yɛasua no bi kyerɛ nkurɔfo a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam.​—Asomafo Nnwuma 20:35.

a Nea ɛbɛma woahu nnipa dodow a yɛne wɔn sua ade no, afe 2023 no, bosome biara yɛne nnipa 7,281,212 na esuaa Bible. Nanso, wɔn mu 269,517 pɛ na wɔbɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.