Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE MU NSƐM A WƆAKYERƐKYERƐ MU

Genesis 1:1—“Mfiase No Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase”

Genesis 1:1—“Mfiase No Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase”

 “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Genesis 1:1, Wiase Foforo Nkyerɛase.

 “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asaase.”—Genesis 1:1, Akuapem Twi Bible a Ghana Bible Society Yɛe.

Nea Genesis 1:1 Kyerɛ

 Bible mu asɛm a edi kan yi ka nokwasɛm mmienu bi a ehia paa. Nea edi kan, “ɔsoro ne asaase,” anaa amansan a yɛn ani tua yi, ɛwɔ mfiase. Nea ɛto so mmienu, Onyankopɔn na ɔbɔɔ “ɔsoro ne asaase” nyinaa.—Adiyisɛm 4:11.

 Bible nka bere pɔtee a Onyankopɔn bɔɔ amansan no anaa mfe dodow a adi, na ɛnkyerɛ ɔkwan a ɔfaa so bɔe nso. Nanso ɛka sɛ, Onyankopɔn de “n’ahoɔden pii ne ne tumi a ɛyɛ hu” no na ɛbɔɔ amansan yi.—Yesaia 40:26.

 Asɛmfua “bɔɔ” no, wɔkyerɛɛ ase fii Hebri adeyɛ asɛm bi mu, na wɔde kyerɛ biribi a Onyankopɔn nko ara na ɔyɛ. a Yehowa b Nyankopɔn nko ara na wɔfrɛ no Ɔbɔadeɛ wɔ Bible mu.—Yesaia 42:5; 45:18.

Genesis 1:1 Ho Nsɛm

 Nneɛma a Onyankopɔn bɔe a Genesis ti 1 ne ti 2 ka ho asɛm no, saa nkyekyɛm yi na ebue ano. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ asaase ne ɛso nneɛma a nkwa wom te sɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no, Bible ka ho asɛm tiawa wɔ Genesis 1:1 kosi Genesis 2:4. Ɛno akyi no, Bible ka sɛnea Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no ho asɛm pii.—Genesis 2:7-25.

 Genesis nhoma no ma yehu sɛ, nneɛma a Onyankopɔn bɔe no, ɔde “nna” nsia na ɛbɔe. “Nna” a wɔreka ho asɛm no, ɛnyɛ nnɔnhwerew 24 deɛ no bi. Mmom ɛyɛ bere tenten bi a yennim. Nea ɛwom ne sɛ, “ɛbere” a ne tenten nyɛ nnɔnhwerew 24 mpo, wotumi ka ho asɛm sɛ “ɛda.” Yehu eyi wɔ Genesis 2:4. Sɛnea wɔka “bere” ne “ɛda” ho asɛm wɔ hɔ no ma yehu sɛ, “bere” no ara na wɔreka ho asɛm sɛ “ɛda” no. Genesis 2:4 san ka nnansia a Onyankopɔn de bɔɔ ade no nyinaa ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɛda” baako.

Genesis 1:1 Ho Atosɛm

 Atosɛm: Ɔsoro ne asaase a yɛn ani tua yi, Onyankopɔn bɔe no, adi mfe mpempem kakraa bi.

 Nokwasɛm: Bible nka bere a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase. Ɛnnɛ, abɔde mu nyansapɛfo ka sɛ ɔsoro ne asaase adi mfe ɔpepepem pii. c Asɛm a ɛwɔ Genesis 1:1 no ne nea wɔka no mmɔ abira.

 Atosɛm: Genesis 1:1 si so dua sɛ Onyankopɔn yɛ Baasakoro anaa Nyame Baasakoro, efisɛ Hebri asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn no wɔ dodow kabea mu.

 Nokwasɛm: Abodin “Onyankopɔn” no, wɔkyerɛɛ ase fii Hebri asɛmfua ’Elo·himʹ mu. ’Elo·himʹ wɔ dodow kabea mu, na ɛkyerɛ anuonyam anaa tumi. Ɛnkyerɛ nnipa dodow bi. New Catholic Encyclopedia ka sɛ, ’Elo·himʹ a wɔde dii dwuma wɔ dodow kabea mu wɔ Genesis 1:1 no, “daa ɛne adeyɛ asɛm a ɛwɔ baako kabea mu na ɛnam. Sɛnea tete no, sɛ ɔhene bi reka biribi afa ɔno ara ho a, ɔnka mise na mmom ɔka yese no, saa ara na ɛha nso te; anuonyam no kɛse ho asɛm na ɛreka, na ɛnyɛ nnipa dodow bi.”—Second Edition, Volume 6, kratafa 272.

Kenkan Genesis ti 1, na hwɛ ase hɔ nsɛm a ɛkyerɛkyerɛ mu ne kyerɛwnsɛm foforo a ɛfa ho.

a HCSB Study Bible no ka asɛmfua “bɔɔ” no ho asɛm sɛ: “Hebri adeyɛ asɛm bara’ a nea ɛkyerɛ ne ‘bɔ ade no,’ wɔmfa nkyerɛ biribi a nnipa yɛ da. Ɛno nti, bara’ kyerɛ adwuma a Onyankopɔn nko ara na otumi yɛ.”—Kratafa 7.

b Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

c Nhoma bi a wɔde yɛ nhwehwɛmu ka Hebri asɛm a wɔkyerɛ ase “mfiase no” ho asɛm sɛ: “Saa asɛm no nkyerɛ bere tenten pɔtee bi.”—The Expositor’s Bible Commentary, Revised Edition, Volume I, kratafa 51.