Yesaia 45:1-25

  • Wɔsraa Kores sɛ onkodi Babilon so nkonim (1-8)

  • Ɛnsɛ sɛ dɔte ne Ɔnwemfo di asi (9-13)

  • Aman a aka no begye Israel atom (14-17)

  • Onyankopɔn adebɔ di mu; ne yikyerɛ nni huammɔ (18-25)

    • Ɔbɔɔ asaase sɛ yɛntena so (18)

45  Sɛɛ na Yehowa aka akyerɛ Kores, nea wasra no no,+Nea maso ne nsa nifa mu+Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+Na magye ahemfo akode,*Na mabue apon a ɛbɔ ho abien wɔ n’anim,Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento kurow apon no mu no:   “Medi w’anim akɔ,+Na medwiriw nkoko agu. Mebubu kɔbere apon mu,Na metwitwa apon akyi nnade mu.+   Mede agyapade a ɛwɔ sum muNe agyapade a ahintaw bɛma wo,+Na ama woahu sɛ mene Yehowa,Israel Nyankopɔn no, nea wabɔ wo din afrɛ wo no.+   M’akoa Yakob ne Israel a mapaw no nti,Mebɔɔ wo din frɛɛ wo. Memaa wo edin kɛse, ɛwom sɛ na wunnim me.   Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio. Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho.+ Mɛhyɛ wo den,* ɛwom sɛ wunnim me,   Na ama nnipa ahu sɛEfi apuei kosi atɔe*Obiara nni hɔ ka me ho.+ Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio.+   Me na mebɔ hann+ na mebɔ sum,+Mebɔ asomdwoe+ na mede mmusu ba;+Me, Yehowa, na meyɛ eyinom nyinaa.   Ɔsoro, tɔ osu fi soro gu fam;+Momma omununkum ntɔ trenee ngu fam. Momma asaase mu mmue na ɛnsow nkwagye,Na ɛmma trenee mfifi wɔ bere koro no ara mu.+ Me, Yehowa, na mebɔe.”   Nea ɔne ne Yɛfo* di asi* no nnue,Efisɛ ɔyɛ kuku sin kɛkɛA ɛka kuku asinasin foforo a egu fam ho! Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ dɔte ka kyerɛ ne Nwemfo* sɛ: “Dɛn na woreyɛ yi?”+ Anaa ɛsɛ sɛ w’adwuma ka sɛ: “Wunni nsa”?* 10  Onnue, nea obisa agya sɛ: “Dɛn na wowoe?” Na obisa ɔbea sɛ: “Ɛdɛn na woawo yi?”* 11  Nea Yehowa, Israel Kronkronni no,+ ne Nwemfo no, se ni: “Mo na mubebisa me nea ɛbɛba?Anaa mo na mobɛkyerɛ me nea menyɛ wɔ me mma+ ne me nsa ano adwuma ho? 12  Me na meyɛɛ asaase+ na mebɔɔ onipa too so.+ M’ankasa me nsa na mede twee ɔsoro mu,+Na me na mema wɔn asafo nyinaa ahyɛde.”+ 13  “Mama ɔbarima bi so wɔ trenee mu,+Na mɛteɛ n’akwan nyinaa. Ɔno na ɔbɛkyekye me kurow,+Na obegyaa me nkurɔfo a wotuu wɔn fii wɔn man mu no.+ Ɔrennye akatua anaa adanmude* biara,”+ asafo Yehowa asɛm ni. 14  Nea Yehowa aka ni: “Egypt mfaso* ne nneɛma a Etiopia di ho gua,* ne Sabafo atentenBɛba wo nkyɛn, na abɛyɛ wo dea. Wobedi w’akyi bere a nkɔnsɔnkɔnsɔn gu wɔn. Wɔbɛba wo nkyɛn na wɔabɛkotow wo.+ Wɔbɛbɔ wo mpae aka sɛ, ‘Ampa, Onyankopɔn ne wo na ɛwɔ hɔ,+Na obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn foforo biara nni hɔ.’” 15  Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a wode wo ho ahintaw,O Israel Nyankopɔn, Ogyefo no.+ 16  Wɔn nyinaa ani bewu na wɔn anim agu ase;Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛnantew animguase mu.+ 17  Nanso Israel de, Yehowa de daa nkwagye begye no.+ Mo ani renwu, na mo anim rengu ase da biara da.+ 18  Efisɛ Yehowa,Nea ɔbɔɔ ɔsoro,+ nokware Nyankopɔn no,Nea ɔnwenee asaase, na ɔyɛe, na ɔde tim hɔ,+Nea wammɔ no kwa* na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so+ no, n’anom asɛm ni: “Mene Yehowa, na obiara nni hɔ bio. 19  Mankasa wɔ ahintawee mu,+ asaase a esum wɔ so so;Manka ankyerɛ Yakob asefo* sɛ,‘Monhwehwɛ me kwa.’* Mene Yehowa, nea ɔka asɛntrenee, na ɔka nea ɛteɛ.+ 20  Mommoa mo ano na mommra. Muntwiw mmɛn, mo a moaguan afi amanaman mu.+ Wɔn a wɔsoso ahoni a wɔde dua ayɛNa wɔbɔ onyame a ontumi nnye wɔn nkwa mpae no, wonnim hwee.+ 21  Monkasa, momfa mo asɛm nto gua. Momma wɔmmom ntu agyina. Hena na ɔkaa eyinom too hɔ fi teteete,Na ɔkaa ho asɛm fi tete? Ɛnyɛ me Yehowa? M’akyi no, Onyankopɔn foforo biara nni hɔ;Onyankopɔn a ɔteɛ na ɔyɛ Agyenkwa,+ obiara nni hɔ sɛ me.+ 22  Mo a mowɔ asaase afanan nyinaa, mommra me nkyɛn na munnya nkwa,+Efisɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.+ 23  Maka me ho ntam;Asɛm no apue afi m’anom wɔ trenee mu,Na ɛrensan:+ Me na nkotodwe nyinaa bɛkotow me,Tɛkrɛma nyinaa bɛka ntam sɛ wobedi nokware ama me+ 24  Na wɔbɛka sɛ, ‘Ampa, Yehowa mu na trenee ne ahoɔden wɔ. Wɔn a wɔn bo afuw no nyinaa de aniwu bɛba n’anim. 25  Yehowa mu na Israel asefo* nyinaa bedi bem,+Na ne mu na wɔbɛhoahoa wɔn ho.’”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Na masan ahemfo abɔso.”
Nt., “Mɛbɔ wo abɔso.”
Anaa “Efi owiapuei kosi owiatɔe.”
Anaa “Nea ɔbɔɔ no.”
Anaa “ham.”
Anaa “Nea ɔyɛɛ no.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Anaa ɛsɛ sɛ dɔte ka sɛ: ‘W’adwuma no nni nsa’?”
Anaa “Dɛn na worebrɛ akyem awo yi?”
Anaa “braeb.”
Ebetumi nso akyerɛ, “apaafo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Etiopia aguadifo.”
Ebetumi nso akyerɛ, “wammɔ no sɛ ɛnna hɔ kwa.”
Nt., “aba.”
Anaa “kɛkɛ.”
Nt., “aba.”