Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne Yehowa?

Hena Ne Yehowa?

Nea Bible ka

 Yehowa na Bible ka ne ho asɛm sɛ nokware Nyankopɔn no, na ɔno na ɔbɔɔ biribiara. (Adiyisɛm 4:11) Ɔno na odiyifo Abraham ne odiyifo Mose som no, na ɔno ara na Yesu nso som no. (Genesis 24:27; Exodus 15:1, 2; Yohane 20:17) Ɔnyɛ ɔman baako Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ “asase nyinaa” Nyankopɔn.—Dwom 47:2.

 Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din, na ɔno nko ara na saa din no da no so. (Exodus 3:15; Dwom 83:18) Edin no fi Hebri adeyɛ asɛm bi mu, na nea saa asɛm no kyerɛ ne, “ɛyɛ hɔ.” Nhomanimfo binom susuw sɛ edin no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” Edin no nkyerɛase no fata Yehowa paa, efisɛ ɔno na ɔbɔɔ biribiara, na nea ɔbɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ biara nso, ɔma ɛyɛ hɔ. (Yesaia 55:10, 11) Bio nso, nea edin Yehowa no da no so no, Bible ma yehu ne suban, na ɛkyerɛ yɛn sɛ ne suban a edi akoten ne ɔdɔ.—Exodus 34:5-7; Luka 6:35; 1 Yohane 4:8.

 Yehowa yɛ Onyankopɔn din a yɛakyerɛ ase afi Hebri kasa mu aba Twi kasa mu. Hebri nkyerɛwde nnan a wɔde gyina hɔ ma edin no ne יהוה (YHWH), na wɔfrɛ no Tetragrammaton. Yennim ɔkwan pɔtee a na wɔfa so bɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu, nanso ɛnyɛ nnɛ na wofii ase frɛɛ no Yehowa wɔ Twi kasa mu. Onyankopɔn din “Yehowa” no dii kan puee Twi Bible mu wɔ nkyerɛase a Johann Gottlieb Christaller yɛe wɔ afe 1871 no mu.

Adɛn nti na yennim sɛnea na wɔbɔ Onyankopɔn din wɔ tete Hebri kasa mu?

 Tete no, sɛ wɔrekyerɛw Hebri a, na wɔmfa ɛnne nkyerɛwde te sɛ a, e, ɛ, i, o, ɔ, anaa u, nhyehyɛ mu. Sɛ obi rekenkan biribi wɔ Hebri kasa mu a, na ɛnyɛ den sɛ ɔde ɛnne nkyerɛwde bɛhyehyɛ mu. Nanso bere a wɔkyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm (“Apam Dedaw”) no wiei no, na Yudafo bi abenya adwene bi a ɛmfata sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi bɛbɔ Onyankopɔn din. Sɛ wɔrekenkan kyerɛw no den na wɔkɔto Onyankopɔn din no so a, na wɔde abodin te sɛ “Awurade” anaa “Onyankopɔn” ahyɛ ananmu. Eduu baabi no, saa adwene no trɛwee, enti afei na obiara nhu sɛnea na tetefo no bɔ din no. a

 Onyankopɔn din no, ebinom susuw sɛ na wɔbɔ no “Yahwe,” ɛnna ebinom nso te nka sɛ na wɔbɔ no ɔkwan foforo so. Leviticus nhoma no fã bi a ɛwɔ Greek kasa mu ka Po a Awu Ho Nhoma Mmobɔwee no ho, na wohwɛ mu a, wubehu sɛ wɔakyerɛw edin no Iao. Ɛnyɛ ɛno nko; tete Greek akyerɛwfo bi nso kyerɛ sɛ na wɔbɔ din no Iae, I·a·beʹ, anaa I·a·ou·eʹ. Nanso, yɛrentumi nsi no pi nka sɛ sɛɛ anaa sɛɛ na na wɔbɔ din no wɔ tete Hebri kasa mu. b

Onyankopɔn din a ɛwɔ Bible mu no, atosɛm a nkurɔfo ka fa ho

 Atosɛm: Bible a edin “Yehowa” no wom no, wɔn a wɔkyerɛɛ ase no ara na wɔde ahyehyɛ mu.

 Nokwasɛm: Hebri Tetragrammaton nkyerɛwde a wɔde gyina hɔ ma Onyankopɔn din no pue wɔ Bible mu bɛyɛ 7,000. c Bible nkyerɛase dodow no ara mu no, wɔahyɛ da ayiyi Onyankopɔn din no afi mu de abodin bi te sɛ “Awurade” asi ananmu.

 Atosɛm: Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no, enhia sɛ yɛde din pɔtee bi frɛ no.

 Nokwasɛm: Onyankopɔn ankasa de ne honhom kaa wɔn a wɔkyerɛw Bible no ma wɔde ne din baa mu mpɛn pii, na waka akyerɛ wɔn a wɔsom no nso sɛ wɔmmɔ ne din. (Yesaia 42:8; Yoel 2:32; Malaki 3:16; Romafo 10:13) Bere bi mpo a atoro adiyifo bi yɛɛ sɛ wɔbɛma nkurɔfo werɛ afi ne din no, ɔkaa wɔn anim.—Yeremia 23:27.

 Atosɛm: Adwene a Yudafo no nyae sɛ ɛmfata sɛ wɔbɔ Onyankopɔn din no, ɛsɛ sɛ yedi akyi na yeyi din no fi Bible mu.

 Nokwasɛm: Ɛyɛ ampa sɛ Yudafo akyerɛwfo bi nyaa adwene sɛ ɛnsɛ sɛ obi bɔ Onyankopɔn din. Nanso bere a wɔrehwɛ Bible no so akyerɛw bi no, wɔanyiyi din no amfi mu. Sɛ yɛde ɛno to nkyɛn a, nnipa adwene biara a ɛne Onyankopɔn mmara nhyia no, ɔmpɛ sɛ yebedi akyi.—Mateo 15:1-3.

 Atosɛm: Onyankopɔn din no, ɛnsɛ sɛ ɛba Bible mu efisɛ obiara nnim sɛnea na wɔbɔ no paa wɔ Hebri kasa mu.

 Nokwasɛm: Sɛ obi ka saa a, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ nnipa nyinaa bɔ ne din no pɛpɛɛpɛ wɔ kasa biara mu. Nanso Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔtenaa ase tete mmere mu no, ɛsono sɛnea na wɔn mu biara bɔ nkurɔfo din wɔ wɔn kasa mu.

 Israel temmufo Yosua sei, na tete Kristofo a wɔka Hebri kasa no bɔ ne din no Yehoh·shuʹa, ɛnna wɔn a wɔka Greek kasa nso bɔ no I·e·sousʹ. Bible no fã bi no, wɔkyerɛɛ Yosua din no ase fii Hebri kasa mu kɔɔ Greek mu. Ɛno ma yehu sɛ, sɛ Kristofo no rebɔ din bi a, sɛnea nnipa dodow no ara bɔ no wɔ wɔn kasa mu no, saa na na wɔn nso wɔbɔ no, na ntease wom.—Asomafo Nnwuma 7:45; Hebrifo 4:8.

 Sɛ obi rekyerɛ Bible ase na ɔkɔto Onyankopɔn din no a, ɛno nso obetumi ayɛ no saa ara. Nea ehia paa ne sɛ yɛde edin no bɛhyɛ baabi a ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔ Bible mu, na ɛnyɛ sɛnea yɛbɔ din no pɔtee.

a New Catholic Encyclopedia, Nea Ɛto So Mmienu, Po 14, kratafa 883-884 ka sɛ: “Bere a Yudafo no san baa wɔn man mu no, ɛno akyi na nkurɔfo fii ase buu edin Yahwe no sɛ ɛyɛ kronkron dodo sɛ obi bɛbɔ, na saa bere no na nkurɔfo fii ase de nsɛmfua ADONAI anaa ELOHIM hyɛɛ din no anan.”

b Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ nhomawa a wɔato din, Fa Sua Onyankopɔn Asɛm no, Ɔfã 1. N’asɛmti ne sɛ, “Onyankopɔn Din a Epue Wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no Mu.

c Hwɛ Theological Lexicon of the Old Testament, Po 2, kratafa 523-524.