Yesaia 55:1-13

  • Wɔfrɛ nkurɔfo sɛ wommedidi na wɔnnom kwa (1-5)

  • Monhwehwɛ Yehowa ne n’asɛm a enni huammɔ no (6-13)

    • Onyankopɔn akwan korɔn sen nnipa de (8, 9)

    • Nea ɛbɛyɛ biara, Onyankopɔn asɛm bewie n’adwuma (10, 11)

55  Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,+ mommra nsu ho!+ Mo a munni sika, mommra, mommɛtɔ, na munni! Mommra, mommɛtɔ nsã* ne nufusu;+ ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na bo biara nna so.+   Adɛn nti na mokɔ so tew sika tɔ nea ɛnyɛ aduan,Na adɛn nti na mosɛe sika a moabrɛ anya* wɔ biribi a ɛmmee ho? Monyɛ aso ntie me, na munni adepa,+Na mubedi* aduan pa* ama mo ani agye paa.+   Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+ Muntie, na mubenya* nkwa,Na sɛnea ɛte biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+Ɛfa ɔdɔ a enni huammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu.*+   Hwɛ! Mede no yɛɛ ɔdansefo+ maa amanaman,Amanaman panyin+ ne ɔsahene.+   Hwɛ! Wobɛfrɛ ɔman a wunnim wɔn,Na ɔman a wonnim wo de mmirika bɛba wo nkyɛn,Yehowa wo Nyankopɔn, Israel Kronkronni no nti,+ Efisɛ ɔbɛhyɛ wo anuonyam.+   Monhwehwɛ Yehowa bere a mubehu no.+ Momfrɛ no bere a ɔbɛn yi.+   Ma ɔbɔnefo nnyaw ne kwan,+Na onipabɔnefo nsakra n’adwene;Ma ɔnsan mmra Yehowa nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,+Ɔmmra yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde bɛkyɛ no aboro so.*+   “Efisɛ ɛnyɛ m’adwene ne mo adwene,+Na ɛnyɛ mo akwan ne m’akwan,” Yehowa asɛm ni.   “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asaase no,Saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan,Na m’adwene korɔn sen mo adwene.+ 10  Sɛnea osu ne sukyerɛmma tɔ fi soro gu famNa ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asaase ma nneɛma fifi na ɛsow,Na ogufo nya aba, na odifo nya aduan no, 11  Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ.+ Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+Mmom, sɛnea ɛte biara, ɛbɛyɛ nea mepɛ,+Na nea ɛbɛyɛ biara, ebewie nea enti a mesomaa no no. 12  Mode anigye bɛkɔ,+Na wɔde mo bɛba asomdwoe mu.+ Mmepɔw ne nkoko de anigye bɛbɔ ose wɔ mo anim,+Na wuram nnua nyinaa abɔ wɔn nsam.+ 13  Na ɔpopaw dua befifi wɔ nsɔe ananmu.+Dua a ɛyɛ huam befifi wɔ nsasono ananmu. Na ebegye din ama Yehowa,+Na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne daa a ɛrensɛe da.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bobesa.”
Anaa “mo akatua.”
Anaa “mo kra bedi.”
Nt., “srade.”
Anaa “mo kra benya.”
Anaa “ɛyɛ nokware.”
Anaa “obeyi ne yam de akyɛ no.”