Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?

Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?

Nea Bible ka

 Yiw. Nkɔmhyɛ a ɛfa “Mesia, Ɔkannifo no” ho no, Yesu maa dodow no ara baam bere a ɔbaa asase so no. Ɔno ara nso na na ɔbɛyɛ “wiase Agyenkwa” no. (Daniel 9:25; 1 Yohane 4:14) Bere a Yesu wui akyi mpo no, na Mesia no ho nkɔmhyɛ da so ara nya mmamu wɔ ne so.​—Dwom 110:1; Asomafo Nnwuma 2:34-36.

 Asɛmfua “Mesia” no kyerɛ sɛn?

 Hebri asɛmfua Ma·shiʹach (Mesia) ne Hela asɛmfua Khri·stos (Kristo) nyinaa yɛ asɛm koro, na ɛkyerɛ “Nea Wɔasra No.” Enti, yɛka “Yesu Kristo” a, nea ɛkyerɛ ne, “Yesu a Wɔasra No” anaa “Yesu a ɔyɛ Mesia no.”

 Bible mu no, sɛ wɔpaw obi ma no dibea titiriw anaa tumi a, na wɔtaa hwie ngo gu onii no apampam de sra no. (Leviticus 8:12; 1 Samuel 16:13) Onyankopɔn na ɔpaw Yesu sɛ Mesia no; ɛyɛ dibea a tumi wom pa ara. (Asomafo Nnwuma 2:36) Nanso ɛnyɛ ngo na Onyankopɔn de sraa Yesu, mmom ɔde honhom kronkron na ɛsraa no.​—Mateo 3:16.

 Ná ebetumi aba sɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ no bɛbam wɔ nnipa mmienu anaa nea ɛboro saa so anaa?

 Dabi. Sɛnea obi de ne kokuromoti tim biribi so a, ɛne obiara de nsɛ no, saa ara nso na sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow abam no kyerɛ sɛ onipa baako pɛ na ɔbɛyɛ Mesia anaa Kristo no. Nanso Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “atoro Kristo ne atoro adiyifo bɛsɔre, na wɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse ne anwonwade sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔbɛdaadaa wɔn a wɔapaw wɔn no mpo.”​—Mateo 24:24.

 Ebetumi aba sɛ daakye na Mesia no bɛba anaa?

 Dabi. Bible ka too hɔ sɛ Mesia no befi Israel hene Dawid abusua mu. (Dwom 89:3, 4) Nanso Yudafo awo ntoatoaso ho kyerɛwtohɔ a ɛbɛma yɛahu Dawid asefo ankasa no ayera. Ɛbɛyɛ sɛ bere a Romafo sɛee Yerusalem kurow no wɔ afe 70 Y.B. no na saa kyerɛwtohɔ no sɛee. a Efi saa bere no, obiara ntumi mfaa ne nsa nsii ne bo nkaa sɛ ofi Dawid adehye abusua no mu. Yesu bere so de, na awo ntoatoaso ho kyerɛwtohɔ no wɔ hɔ. Nanso bere a Yesu kaa sɛ ofi Dawid abusua mu no, wɔn a na wɔtan no no mpo annya adanse papa biara a wobegyina so aka sɛ ɛnyɛ nokware.​—Mateo 22:41-46.

 Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow sɛn na ɛwɔ Bible mu?

 Obiara ntumi nkyerɛ Mesia no ho nkɔmhyɛ dodow a ɛwɔ Bible mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɛda adi sɛ Bible mu asɛm bi fa Mesia no ho mpo a, sɛnea wɔakyerɛw asɛm no na ɛbɛkyerɛ nkɔmhyɛ dodow a ɛwom. Sɛ yɛhwɛ Yesaia 53:2-7 sei a, ɛka nkɔmhyɛsɛm pii a ɛfa Mesia no ho. Ebinom betumi afa saa kyerɛwsɛm no nyinaa sɛ nkɔmhyɛ baako, na afoforo nso betumi afa no sɛ asɛm pɔtee biara a ɛwɔ kyerɛwsɛm no mu no yɛ nkɔmhyɛ soronko.

 Mesia no ho nkɔmhyɛ ahorow bi a Yesu ma ɛbaam

Nkɔmhyɛ

Baabi a Ɛwɔ

Ne Mmamu

Ɔbɛyɛ Abraham aseni

Genesis 22:17, 18

Mateo 1:1

Ɔbɛyɛ Abraham ba Isak aseni

Genesis 17:19

Mateo 1:2

Wɔbɛwo no sɛ Israelni a ofi Yuda abusua mu

Genesis 49:10

Mateo 1:1, 3

Obefi Ɔhene Dawid adehye abusua mu

Yesaia 9:7

Mateo 1:1

Ɔbaabun na ɛbɛwo no

Yesaia 7:14

Mateo 1:18, 22, 23

Wɔbɛwo no wɔ Betlehem

Mika 5:2

Mateo 2:1, 5, 6

Wɔbɛfrɛ no Imanuel b

Yesaia 7:14

Mateo 1:21-23

Wɔbɛwo no ato ohia mu

Yesaia 53:2

Luka 2:7

Wobekunkum mmofra nkumaa wɔ n’awo akyi

Yeremia 31:15

Mateo 2:16-18

Wɔbɛfrɛ no afi Egypt

Hosea 11:1

Mateo 2:13-15

Wɔbɛfrɛ no Nasareni c

Yesaia 11:1

Mateo 2:23

Wɔbɛsoma ɔbɔfo bi adi n’anim

Malaki 3:1

Mateo 11:7-10

Wɔbɛsra no sɛ Mesia wɔ afe 29 Y.B. d

Daniel 9:25

Mateo 3:13-17

Onyankopɔn begye no atom sɛ Ne Ba

Dwom 2:7

Asomafo Nnwuma 13:33, 34

Onyankopɔn fie ho nnamyɛ bɛmee no

Dwom 69:9

Yohane 2:13-17

Ɔbɛka asɛmpa no

Yesaia 61:1

Luka 4:16-21

Asɛmpa a ɔbɛka wɔ Galilea no bɛma hann kɛse bi apue

Yesaia 9:1, 2

Mateo 4:13-16

Ɔbɛyɛ anwonwade te sɛ Mose

Deuteronomium 18:15

Asomafo Nnwuma 2:22

Ɔbɛyɛ Onyankopɔn kasamafo te sɛ Mose

Deuteronomium 18:18, 19

Yohane 12:49

Ɔbɛsa nnipa pii yare

Yesaia 53:4

Mateo 8:16, 17

Ɔrentwe nkurɔfo adwene mma ɔno ara ne ho so

Yesaia 42:2

Mateo 12:17, 19

Obehu wɔn a wɔwɔ ahokyere mu no mmɔbɔ

Yesaia 42:3

Mateo 12:9-20; Marko 6:34

Ɔbɛda Onyankopɔn atɛntrenee adi

Yesaia 42:1, 4

Mateo 12:17-20

Ɔbɛyɛ Ɔfotufo Nwonwafo

Yesaia 9:6, 7

Yohane 6:68

Ɔbɛma nkurɔfo ahu Onyankopɔn din

Dwom 22:22

Yohane 17:6

Ɔde mfatoho bɛkyerɛkyerɛ

Dwom 78:2

Mateo 13:34, 35

Ɔbɛyɛ Ɔkannifo

Daniel 9:25

Mateo 23:10

Nnipa pii rennye no nni

Yesaia 53:1

Yohane 12:37, 38

Ɔbɛyɛ hintibo

Yesaia 8:14, 15

Mateo 21:42-44

Nnipa bɛpo no

Dwom 118:22, 23

Asomafo Nnwuma 4:10, 11

Wɔbɛtan no kwa

Dwom 69:4

Yohane 15:24, 25

Ɔbɛtena afurum so akɔ Yerusalem ama nkurɔfo abɔ agye no so

Sakaria 9:9

Mateo 21:4-9

Mmofra beyi no ayɛ

Dwom 8:2

Mateo 21:15, 16

Ɔbɛba wɔ Yehowa din mu

Dwom 118:26

Yohane 12:12, 13

Obi a ogye no di pa ara beyi no ama

Dwom 41:9

Yohane 13:18

Wobeyi no ama agye dwetɛbona 30 e

Sakaria 11:12, 13

Mateo 26:14-16; 27:3-10

Ne nnamfo beguan agyaw no

Sakaria 13:7

Mateo 26:31, 56

Wobedi adansekurum atia no

Dwom 35:11

Mateo 26:59-61

Nkurɔfo bɛbɔ no sobo, nanso ɔremmue n’ano

Yesaia 53:7

Mateo 27:12-14

Wɔbɛto ntasu agu ne so

Yesaia 50:6

Mateo 26:67; 27:27, 30

Wɔde ade bɛhwe ne tirim

Mika 5:1

Marko 15:19

Wɔbɛhwe no

Yesaia 50:6

Yohane 19:1

Ɔne wɔn a wɔbɛhwe no no rempere

Yesaia 50:6

Yohane 18:22, 23

Aman mpanyimfo bɛbɔ ne ho pɔw bɔne

Dwom 2:2

Luka 23:10-12

Wɔde nnadewa bɛbɔ ne nsa ne ne nan mu afam dua ho

Dwom 22:16

Mateo 27:35; Yohane 20:25

Nkurɔfo bɛbɔ ne ntade so ntonto (anaa wɔbɛto so kyakya)

Dwom 22:18

Yohane 19:23, 24

Wɔbɛkan no afra abɔnefo

Yesaia 53:12

Mateo 27:38

Wobedi ne ho fɛw, adi no atɛm

Dwom 22:7, 8

Mateo 27:39-43

Obehu amane ama abɔnefo

Yesaia 53:5, 6

1 Petro 2:23-25

Ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn apo no

Dwom 22:1

Marko 15:34

Wɔbɛma no nsã nyinyanyinya ne awɔnwene sɛ ɔnnom

Dwom 69:21

Mateo 27:34

Nsukɔm bɛde no ansa na wawu

Dwom 22:15

Yohane 19:28, 29

Ɔde ne honhom bɛhyɛ Nyankopɔn nsa

Dwom 31:5

Luka 23:46

Obegyaa ne nkwa mu

Yesaia 53:12

Marko 15:37

Ɔde ne nkwa bɛyɛ agyede de apopa bɔne

Yesaia 53:12

Mateo 20:28

Wɔremmu ne nnompe mu

Dwom 34:20

Yohane 19:31-33, 36

Wɔde ade bɛwɔ no

Sakaria 12:10

Yohane 19:33-35, 37

Wobesie no wɔ baabi a wosie adefo

Yesaia 53:9

Mateo 27:57-60

Wobenyan no afi owu mu

Dwom 16:10

Asomafo Nnwuma 2:29-31

Wɔbɛpaw obi asi nea oyii no mae no ananmu

Dwom 109:8

Asomafo Nnwuma 1:15-20

Ɔbɛtena Onyankopɔn nsa nifa so

Dwom 110:1

Asomafo Nnwuma 2:34-36

a McClintock ne Strong’s Cyclopedia ka sɛ: “Wohwɛ mu pa ara a, ɛbɛyɛ sɛ Yudafo mmusua ho kyerɛwtohɔ no ansɛe ansa na wɔresɛe Yerusalem kurow no, mmom bere a wɔsɛee kurow no na ɛsɛee.”

b Hebri din Imanuel no, nea ɛkyerɛ ne “Onyankopɔn ne Yɛn Wɔ Hɔ.” Saa din no ma yehu dwuma a Yesu di sɛ Mesia no. Asase so a Yesu bae ne nnwuma a ɔbɛyɛe no dii adanse sɛ Onyankopɔn ka N’asomfo ho.—Luka 2:27-32; 7:12-16.

c Ɛbɛyɛ sɛ asɛmfua “Nasareni” fi Hebri asɛmfua neʹtser mu, na ɛkyerɛ “mfefɛwee.”

d Bible ma yehu sɛ afe 29 Y.B. na Mesia no bae. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a ɛne “Sɛnea Daniel Nkɔmhyɛ no Kaa Mesia no Mmae Ho Asɛm Siei” no.

e Saa nkɔmhyɛ yi wɔ Sakaria nhoma no mu, nanso Bible kyerɛwfo Mateo ka sɛ, ‘wɔnam odiyifo Yeremia so na ɛkae.’ (Mateo 27:9) Nhoma ahorow a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu a wɔfrɛ no “Adiyifo no,” ɛbɛyɛ sɛ ɛtɔ da a na wɔde Yeremia nhoma no na edi kan. (Luka 24:44) Ɛbɛyɛ sɛ Mateo de “Yeremia” din too nhoma no nyinaa a ɛka bom yɛ “Adiyifo no” so, na na Sakaria nhoma no nso ka ho.