Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Din Na Ɛwɔ “Nkwa Nhoma” No Mu?

Henanom Din Na Ɛwɔ “Nkwa Nhoma” No Mu?

Nea Bible ka

 “Nkwa nhoma” anaa “nkae nhoma” no, emu na nnipa a wobenya daa nkwa akyɛde no nyinaa din wɔ. (Adiyisɛm 3:5; 20:12; Malaki 3:16) Onyankopɔn na ɔkyerɛ wɔn a wɔn din bɛba nkwa nhoma no mu. Ɔhwɛ sɛ onii no tie no na odi no nokware.​—Yohane 3:16; 1 Yohane 5:3.

 Fi “bere a wɔhyɛɛ wiase ase” de besi nnɛ, Onyankopɔn kae obiara a wadi no nokware. Ɛte sɛ nea wakyerɛw wɔn din wɔ nhoma bi mu ara pɛ. (Adiyisɛm 17:8) Ɛbɛyɛ sɛ ɔbarima nokwafo Habel ne obi a odi kan a wɔkyerɛw ne din wɔ nkwa nhoma no mu. (Hebrifo 11:4) Nanso anokwafo din no, ɛnyɛ sɛ wɔakyerɛw agu baabi kɛkɛ. Efisɛ nkwa nhoma no ma yehu sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn na ‘onim wɔn a wɔyɛ ne de.’​—2 Timoteo 2:19; 1 Yohane 4:8.

Edin a ɛwɔ “nkwa nhoma” no mu no, wotumi popa anaa?

 Aane. Onyankopɔn kaa tete Israelfo a wɔyɛɛ asoɔden no ho asɛm sɛ: “Nea wayɛ me bɔne no na mɛpopa ne din afi me nhoma mu.” (Exodus 32:33) Sɛ yedi nokware a, yɛn din bɛkɔ so atena “nkwa nhoma” no mu.​—Adiyisɛm 20:12.