Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?

Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?

Nea Bible ka

 Dabi. Bible nka no baabiara sɛ sika yɛ bɔne, anaa sika nti na nneɛma bɔne rekɔ so. Ɛyɛ a nkurɔfo taa ka sɛ “sika yɛ bɔne nyinaa ntini,” nanso saa asɛm no nyɛ nokware. Ɛnyɛ saa na wɔakyerɛw wɔ Bible no mu. Nea Bible ka ankasa ne sɛ, “bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.” a1 Timoteo 6:10, Akuapem Twi Bible.

 Dɛn na Bible ka fa sika ho?

 Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛde sika di dwuma yiye a, yebenya so mfaso, na ebetumi ‘abɔ yɛn ho ban.’ (Ɔsɛnkafo 7:12) Bio nso, wɔn a wobue wɔn nsam kyɛ afoforo ade ne wɔn a wɔkyɛ afoforo sika no, Bible kamfo wɔn.—Mmebusɛm 11:25.

 Nanso Bible no ara san bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, yɛnhwɛ yiye na sika ammɛyɛ biribi a ɛho hia paa wɔ yɛn asetenam. Bible ka sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo asetena mu, na momma nea mowɔ no ara nnɔɔso mma mo.” (Hebrifo 13:5) Nea yesua fi saa asɛm no mu ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya sika ho adwempa, na ɛnsɛ sɛ yedi ahonyade akyi. Mmom, sɛ yɛwɔ nea yebedi, baabi a yɛbɛda ne ataade a yɛbɛhyɛ a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ.—1 Timoteo 6:8.

 Adɛn nti na Bible bɔ yɛn kɔkɔ wɔ sikanibere ho?

 Sɛ obi ani bere ade a, ɔrennya daa nkwa. (Efesofo 5:5) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, anibere yɛ abosonsom anaa atoro som. (Kolosefo 3:5) Afei nso, sɛ obi ani bere ade a, ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ne nsa bɛka dekode a ɔrepɛ no. Abrabɔ pa ho nhia obi ɔte saa koraa. Mmebusɛm 28:20 ka sɛ: “Nea ɔpɛ ntɛm anya ne ho no remfa ne ho nni”. Sɛ obi ani bere sika a, otumi hunahuna afoforo, ɔbɔ wɔn apoo, obu nkurɔfo fa so, okum obi anaa ɔkyere obi sie sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika.

 Sɛ sikapɛ amma yɛankɔyɛ biribi a enye mpo a, ebetumi de nsunsuanso bɔne aba. Bible ka sɛ “wɔn a wɔn ani abere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu.”—1 Timoteo 6:9.

 Bible afotu a ɛfa sika ho no, yɛbɛyɛ dɛn anya so mfaso?

 Sɛ yɛamma sikapɛ annye yɛn adwene, na yɛde Bible afotu a ɛfa sika ho no yɛ adwuma a, yɛn ani begye, Onyankopɔn bɛboa yɛn, na yɛbɛte nka sɛ ogye yɛn tom. Onyankopɔn ahyɛ wɔn a woyi wɔn yam som no no bɔ sɛ: “Merennyaw wo na merempa wo nso da.” (Hebrifo 13:5, 6) Wasan ama yɛn awerɛhyem sɛ “onipa nokwafo benya nhyira pii.”—Mmebusɛm 28:20.

a Bible nkyerɛase foforo nso ka sɛ: “Sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini.”