Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Wuu Wɔ Krɔɔs So?

Yesu Wuu Wɔ Krɔɔs So?

Nea Bible ka

 Nnipa pii ani so no, Kristosom ahyɛnsode kɛse paa ne krɔɔs. Nanso ade a Yesu wuu wɔ so no, Bible anhyɛ da ankyerɛ sɛnea na ɛte, enti obiara ntumi nsi no pi. Mmom yɛkɔ Bible mu a, yebehu sɛ Yesu wuu wɔ dua so, na ɛnyɛ krɔɔs so.

 Sɛ Bible reka ade a Yesu wuu wɔ so a, ɛtaa de Greek kasa mu asɛmfua stau·rosʹ na ɛyɛ adwuma. (Mateo 27:40; Yohane 19:17) Wɔn a wɔkyerɛ kasa ase no, wɔtaa kyerɛ asɛmfua no ase “krɔɔs.” Nanso animdefo bebree gye tom sɛ asɛmfua no abɔse paa ne “dua baako a yɛde asi hɔ tenten.” a Nhoma bi kyerɛ sɛ yɛka stau·rosʹ a, “obiara mfa nsusuw dua bi a foforo bea mu da.”​—A Critical Lexicon and Concordance to the English and Greek New Testament.

 Ɛtɔ da nso a Bible de Greek asɛm bi a ɛte sɛ stau·rosʹ yɛ adwuma; saa asɛmfua no ne xyʹlon. (Asomafo Nnwuma 5:​30; 1 Petro 2:​24) Saa asɛm no betumi akyerɛ “dua,” “taabo,” anaa “dua baako a yɛde asi hɔ tenten.” b Enti The Companion Bible ka sɛ wokan Apam Foforo a wɔde Greek kasa na ɛkyerɛwee no a, worenhu “biribiara a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ dua bi a foforo bea mu.”

Onyankopɔn ani gye ho sɛ obi de krɔɔs bɛsom no?

A Crux simplex​—Ɛyɛ Latin asɛmfua a yɛde frɛ dua baako a yɛde si ntenten de nsɛmmɔnedifo fam ho kum wɔn

 Dua a Yesu wuu wɔ so no, sɛ ɛte sɛn oo, ɛte sɛn oo, yɛhwɛ nsɛm a edi so yi ne Bible mu nsɛm a ɛka ho no a, yebehu sɛ enni sɛ yɛde krɔɔs som Onyankopɔn.

  1.   Onyankopɔn ani nnye ho sɛ yɛde krɔɔs anaa ohoni biara bɛsom no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wɔnnyɛ “ohoni anaa ade biara sɛso” wɔ wɔn som mu. Kristofo nso, Onyankopɔn ahyɛ mmara sɛ ‘wonguan abosonsom.’​—Deuteronomium 4:15-19; 1 Korintofo 10:14.

  2.   Asomafo no bere so no, Kristofo amfa krɔɔs ansom Onyankopɔn. c Asomafo no de wɔn nkyerɛkyerɛ ne kwan a wɔfaa so somee no akyerɛ Kristofo nyinaa som pa.​—2 Tesalonikafo 2:15.

  3.   Krɔɔs fi abosonsom mu. d Bere a Yesu wui a mfe bebree twaa mu no, asɔre-asɔre no amfa ne nkyerɛkyerɛ anyɛ adwuma bio. Enti wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛɛ Kristofo no, “wɔmaa wɔn kwan sɛ wobetumi de ahoni ne nneɛma foforo a wɔde som abosom no aba.” Na krɔɔs ka saa nneɛma no ho. (The Expanded Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words) Nanso Bible mpene so sɛ yɛmfa ahoni mmra yɛn som mu mfa ntwe akra.​—2 Korintofo 6:17.

a Hwɛ New Bible Dictionary, nea ɛto so mmiɛnsa a Owura D. R. W. Wood yɛɛ ho adwuma no, kratafa 245; Theological Dictionary of the New Testament, Volume VII, kratafa 572; The International Standard Bible Encyclopedia, foforo no Volume 1, kratafa 825; ne The Imperial Bible-Dictionary, Volume II, kratafa 84.

b Hwɛ The Expanded Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words, kratafa 1165; A Greek-English Lexicon, nea ɛto so nkron no, kratafa 1191-​1192, Liddell ne Scott na wɔyɛe; ne Theological Dictionary of the New Testament, Volume V, kratafa 37.

c Hwɛ Encyclopædia Britannica, 2003 deɛ no mu na hwehwɛ “Cross”; The Cross​—Its History and Symbolism, kratafa 40; ne The Companion Bible, Oxford University Press, nkekaho 162, kratafa 186.

d Hwɛ The Encyclopedia of Religion, Volume 4, kratafa 165; The Encyclopedia Americana, Volume 8, kratafa 246; ne Symbols Around Us, kratafa 205-​207.